Daniel He 3 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nebukadnessar sika honi

1Ɔhene Nebukadnessar yɛɛ sika honi a ne tentene yɛ basafa dunum, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako ne fa. Ɔde sii Dura asaseta so wɔ Babel asase so.

2Na Ɔhene Nebukadnessar somaa sɛ wɔnkɔhyiahyia amantam ahemfo, mmakoma ne amradofoɔ, atemmufoɔ mpanin, nsannaafoɔ, mmaratwerɛfoɔ, atemmufoɔ ne nsase no so atumfoɔ nyinaa sɛ wɔmmra na wɔnna ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de sii hɔ no adi.

3Ɛnna amantam ahemfo, mmakoma ne amradofoɔ, atemmufoɔ mpanin, nsannaafoɔ, mmaratwerɛfoɔ, asennifoɔ ne nsase no so atumfoɔ nyinaa bɛhyiaa sɛ wɔrebɛda ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de sii hɔ no adi, na wɔbɛgyinaa ohoni a Nebukadnessar de sii hɔ no anim.

4Na ɛsɛn bi teaa mu denden sɛ: Mo, nkurɔfoɔ, aman ne kasa ahodoɔ, wɔka kyerɛ mo sɛ:

5Ɛberɛ a mobɛte abɛn, odurugya sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsanku ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, monhwe fam nsɔre sika honi a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no.

6Na deɛ ɔrenhwe ase nsɔre no, dɔn no ara mu wɔde no bɛto ogya a ɛrefranam fononoo mu.

7Saa nti berɛ a wɔtee abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa no gyegyeɛ ara pɛ no, aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ no nyinaa hwehwee ase sɔree sika honi a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no.

Mmarima baasa wɔ ogya fononoo mu

8Saa berɛ no ara mu Kaldeafoɔ bi kɔtoatoaa Yudafoɔ no;

9kyerɛɛ Ɔhene Nebukadnessar sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa!

10 fefaa gyaframa no mu a wɔreto dwom ma Onyankopɔn na wɔrehyira Awurade.

25Afei Asaria gyinaa ogya no mu dinn na ɔde ɛnne a ɛgyegyeɛ bɔɔ mpaeɛ sɛ:

26 Nhyira ne wo, O Awurade, yɛn agyanom Nyankopɔn, na wofata ayeyie;

na animuonyam nka wo din daa!

27 Ɛfiri sɛ wotene wɔ deɛ woayɛ nyinaa mu;

wo nnwuma nyinaa yɛ nokorɛ na w’akwan tene,

na w’atemmuo nyinaa yɛ torodoo.

28 Woabu atɛn pa wɔ deɛ wode aba yɛn

ne yɛn agyanom kuro kronkron Yerusalem soɔ no ho;

wonam nokorɛ atemmuo so de yeinom nyinaa aba yɛn so ɛsiane yɛn bɔne nti.

29 Ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne na yɛabu wo mmara so sɛ yɛadane afiri wo nkyɛn;

yɛayɛ bɔne kɛseɛ wɔ biribiara mu.

30 Yɛanni wo mmara so,

yɛankura mu ɛnna nso yɛanyɛ deɛ woahyɛ yɛn wɔ yɛn ara ankasa yie ho.

31 Saa nti, deɛ wode baa yɛn soɔ nyinaa,

ne deɛ woayɛ yɛn nyinaa no,

ɛyɛ nokorɛ atemmuo na woabuo.

32 Woadane yɛn ama yɛn atamfoɔ, mmaratofoɔ atuatefoɔ a wɔtane wɔn,

ne ɔhene sisifoɔ, deɛ ne tirim yɛ den pa ara wɔ wiase mu nyinaa.

33 Seesei deɛ yɛntumi mmue yɛn ano;

yɛn, wo nkoa a yɛsom wo no adane aniwuo ne ahohora.

34 Wo din no nti, nnyae yɛn mma daa,

na ntwa w’apam mu.

35 Nyi wo mmɔborɔhunu mfiri yɛn so,

ɛsiane wo dɔfo Abraham nti,

ne w’akoa Isak

ne wo kronkronni Israel nti,

36 wɔn a wohyɛɛ wɔn bɔ

sɛ wobɛma wɔn asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma

ne mpoano anwea no.

37 O Awurade, afei, yɛabɛyɛ ketewa asene aman afoforɔ,

na ɛnnɛ da yi wɔabrɛ yɛn ase wɔ wiase mu ɛsiane yɛn bɔne nti.

38 Yɛnni sodifoɔ, anaasɛ odiyifoɔ, anaasɛ ɔkannifoɔ biara wɔ yɛn berɛ mu,

yɛnni ɔhyeɛ afɔrebɔ biara, anaasɛ afɔrebɔ, anaasɛ akyɛdeɛ, anaasɛ aduhwam,

yɛnni beaeɛ biara a yɛbɛbɔ afɔdeɛ de anya w’anim adom.

39 Nanso ahonu akoma ne ahobrɛaseɛ honhom na wɔde bɛgye yɛn,

40 te sɛ deɛ ɛka nnwennini ne anantwinini afɔdeɛ ho,

anaasɛ ɛka nnwammaa sradeɛ mpem du du ho;

saa ara na yɛn afɔdeɛ bɛyɛ wɔ w’ani so nnɛ,

na yɛmmfa yɛn akoma nyinaa nni w’akyi,

ɛfiri sɛ animguaseɛ rento wɔn a wɔde wɔn werɛ hyɛ wo mu no.

41 Na seesei yɛde yɛn akoma nyinaa bɛdi w’akyi;

yɛbɛsuro wo na yɛbɛhwehwɛ w’anim.

42 Mma yɛn ani nwu,

na mmom ɛnne yɛn nni no wo boasetɔ

ne wo mmɔborɔhunu so.

43 Gye yɛn sɛdeɛ w’anwanwa nnwuma teɛ,

na fa animuonyam ma wo din, O Awurade.

44 Ma wɔn a wɔyɛ wo nkoa bɔne no nyinaa ani nwu;

ma wɔn anim ngu ase na gye tumi nyinaa firi wɔn nsam,

na bubu wɔn ahoɔden mu.

45 Ma wɔn nhunu sɛ wo nko ara ne Awurade Nyankopɔn,

a w’animuonyam wɔ wiase nyinaa.

46 Afei ɔhene nkoa a wɔtoo wɔn guu mu no kɔɔ so ara de nafta ngo, ɛhyɛ, mmabaa, ne mmabowa guu fononoo no mu.

47Na ogyaframa no dɛre traa fononoo no so basafa aduonu nnan ne fa,

48ɛtrɛe na ɛhyee Kaldeafoɔ a na wɔbɛn fononoo no.

49Nanso Awurade bɔfoɔ siane baa fononoo no mu bɛkaa Asaria ne n’ayɔnkofoɔ no ho, na ɔpamoo ogya a ɛredɛre no firii fononoo no mu,

50na ɔmaa fononoo no mu yɛɛ sɛdeɛ mframa nwununwunu rebɔ fa hɔ. Ogya no anka wɔn koraa na amma wɔn baabiara anyɛ wɔn ya anaasɛ anha wɔn.

Mmeranteɛ baasa no dwom

51 Ɛnna afei nnipa mmiɛnsa no boom yii Onyankopɔn ayɛ, hyɛɛ no animuonyam hyiraa no sɛ:

52 O Awurade, yɛn agyanom Nyankopɔn, nhyira nka wo,

yɛbɛyi wo ayɛ kɛseɛ na yɛama wo so daa;

yɛbɛhyira w’animuonyam din no,

yɛbɛyi wo ayɛ kɛse na yɛama wo so daa.

53 Nhyira nka wo wɔ w’asɔrefie a w’animuonyam kronkron no wɔ,

yɛbɛkamfo wo na yɛahyɛ wo animuonyam kɛse daa.

54 Nhyira nka wo wɔ w’ahennie adwa so,

yɛbɛkamfo wo na yɛama wo so daa.

55 Nhyira ne wo a wohwɛ ebunu mu firi w’ahennwa a ɛsi kerubim soɔ no,

yɛbɛyi wo ayɛ na yɛama wo so kɛse daa.

56 Nhyira nka wo wɔ ɔsoro ntrɛmu hɔ,

yɛbɛto dwom na yɛahyɛ wo animuonyam daa.

57 Monhyira Awurade, mo Awurade nnwuma nyinaa;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so kɛse daa.

58 Mo ɔsorofoɔ, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

59 Mo Awurade abɔfoɔ, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

60 Mo asuo a mowɔ ɔsoro;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

61 Mo Awurade atumfoɔ nyinaa, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

62 Owia ne ɔsrane, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

63 Ɔsoro nsoromma, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no, na momma no so daa.

64 Nsuo a ɛtɔ ne bosuo nyinaa, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

65 Mframa nyinaa, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

66 Ogya ne ɔhyeɛ, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

67 Awɔ berɛ mu awɔ ne ahuhuro berɛ mu ahuhuro, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

68 Bosuo ne sukyerɛmma a ɛretɔ, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

69 Nsukyeneeɛ ne awɔ, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

70 Nsukyeneeɛ ne nsukyerɛmma, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

71 Adesaeɛ ne adekyeeɛ, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

72 Hann ne esum, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

73 Anyinam ne mununkum, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

74 Ma asase nhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

75 Mmepɔ ne nkokoɔ, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

76 Deɛ ɛnyini wɔ fam nyinaa, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

77 Mo nsuwa, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

78 Ɛpo ahodoɔ ne nsubɔntene, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

79 Mo bonsu ne deɛ ɛnante nsuo mu nyinaa, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

80 Nnomaa a ɛwɔ wiem nyinaa, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

81 Wiram mmoadoma ne anantwie nyinaa;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

82 Nnipa a mowɔ asase so nyinaa, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

83 O Israel, hyira Awurade;

to ayeyie dwom ma no na ma no so daa.

84 Mo Awurade asɔfoɔ, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

85 Mo Awurade asomfoɔ, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

86 Ateneneefoɔ ahonhom ne akra, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

87 Mo a moyɛ kronkron na mobrɛ mo ho aseɛ akoma mu, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

88 Hanania, Asaria ne Misael, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

Ɛfiri sɛ wagye yɛn afiri Asamando na wagye yɛn afiri owuo tumi mu,

na wagye yɛn afiri ogya fononoo hyehyeɛ no mu;

ogya mfinimfini na wagye yɛn afiri.

89 Monna Awurade ase, na ɔyɛ

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

90 Mo a mosɔre Awurade nyinaa, monhyira anyame mu Nyame no,

monto ayeyie dwom ma no na monna no ase,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

Ɔhene gye nsɛnkyerɛnneɛ no to mu

91Ɛnna Ɔhene Nebukadnessar ho dwirii no, na ɔsɔre ntɛmntɛm, na ɔbisaa n’agyinatufoɔ no sɛ: Ɛnyɛ mmarima baasa na yɛkyekyeree wɔn guu ogya no mu? Wɔbuaa ɔhene no sɛ: Ampa, ɔhene.

92Yes 43.2; Dan 3.28 Ɔkaa sɛ: Hwɛ, mehunu mmarima baanan a wɔasane wɔn sɛ wɔnenam ogya no mu, na wɔn ho ntɔɔ kyema, na deɛ ɔtɔ so nnan no tebea te sɛ anyame ba bi.

93Ɛnna Nebukadnessar bɛn ogya a ɛrefranam fononoo no mu no ano na ɔkaa sɛ: Sadrak, Mesak ne Abed-Nego, ɔsorosoro Nyankopɔn nkoa, momfiri adi mmra! Ɛnna Sadrak, Mesak ne Abed-Nego firii adi firii ogya no mu.

94Heb 11.34 Na amantam ahemfo, mmakoma ne amradofoɔ ne ɔhene agyinatufoɔ hyia bɛhwɛɛ mmarima yi, sɛ ogya annya wɔn honam so tumi, na wɔn tiri so nwi anhyeɛ, na wɔn ntwontwo ansakyera, na ogya no ho hwa amfa wɔn ho.

95 Dan 6.22 Nebukadnessar kaa sɛ: Nhyira ne Sadrak, Mesak ne Abed-Nego Nyankopɔn a wasoma ne bɔfoɔ, na wabɛyi ne nkoa a wɔde wɔn ho too ne soɔ na wɔsakyeraa ɔhene asɛm na wɔde wɔn honam maeɛ, deɛ ɛbɛyɛ na wɔrensom na wɔrensɔre anyame biara sɛ wɔn Nyankopɔn.

96Dan 2.47 Ne saa nti, mehyɛ mmara sɛ ɔman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa mu biara a ɔka Sadrak, Mesak ne Abed-Nego Nyankopɔn ho abususɛm no, wɔbɛtwitwa no asinasini, na wɔama ne fie adane amamfo, ɛfiri sɛ onyame biara nni hɔ a ɔbɛtumi agye onipa seyie.

97Ɛnna ɔhene maa Sadrak, Mesak ne Abed-Nego dii yie Babel asase soɔ.

Nebukadnessar paemuka

98Ɔhene Nebukadnessar de yei kɔmaa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa a wɔte asase nyinaa soɔ: Ɛnsi mo yie mmoroso!

99Nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ a ɔsorosoro Nyankopɔn ayɛ me no, ayɛ me fɛ sɛ mɛka makyerɛ.

100 Dan 6.26 Sɛdeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ si soso fa!

na n’anwanwadeɛ sɛdeɛ ɛsi yɛ den fa!

N’ahennie yɛ daa ahennie,

na ne tumi wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help