1 Ahemfo 20 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ahab di Siriafoɔ so nkonim mprenu

1Na Siriahene Ben-hadad boaboaa ne dɔm nyinaa ano, na ahemfo aduasa mmienu kaa ne ho, ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam, na ɔforo ba bɛtuaa Samaria ne no koeɛ.

2Na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔbaa Israelhene Ahab nkyɛn kuro no mu bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Ben-hadad seɛ nie:

3Wo dwetɛ ne wo sika yɛ me dea, na wo yerenom ne wo mma a wɔn ho yɛ fɛ no nso, wɔyɛ me dea.

4Na Israel hene buaa sɛ: W’asɛm no wom, me wura ɔhene, wo na me ne deɛ mewɔ nyinaa wɔ woɔ.

5Na ɔbɔfoɔ no sane baa bio bɛkaa sɛ: Sɛ Ben-hadad seɛ nie: Sɛ mesoma maa wɔbaa wo nkyɛn sɛ: Wo dwetɛ ne wo sika ne wo yerenom ne wo mma, fa ma me no,

6sɛ ɔkyena sɛsɛberɛ nso mesoma me nkoa ma wɔaba wo nkyɛn abɛkyini wo fie ne wo nkoa afie mu, na adeɛ biara a ɛyɛ wɔn ani so fɛ no, wɔbɛfa akura wɔn nsam de akɔ.

7 2 Ah 5.7 Ɛnna Israel hene frɛɛ asase no so mpanimfoɔ nyinaa sɛ: Monhwɛ nhunu sɛ bɔne na oyi rehwehwɛ; na wasoma ama wɔaba me nkyɛn, me yerenom ne me mma ne me dwetɛ ne me sika ho, na mankame no.

8Na mpanimfoɔ no nyinaa ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Ntie, na mpene nso.

9Na ɔka kyerɛɛ Ben-hadad abɔfoɔ no sɛ: Monkɔka nkyerɛ me wura ɔhene sɛ: Deɛ wobisaa w’akoa kane no nyinaa deɛ, mɛyɛ, na asɛm yi deɛ, merentumi menyɛ. Na abɔfoɔ no kɔ kɔka kyerɛɛ no.

10Na Ben-hadad soma kɔsee no sɛ: Mede mmarima bebree bɛba abɛsɛe wo kuro no, na wɔasoa hɔ mfuturo wɔn nsamu akɔ. Anyame no nkum me sɛ manyɛ a.

11Na Israel hene buaa sɛ: Monkɔka sɛ: Mma deɛ ɔhyɛ akodeɛ nnhoahoa ne ho sɛ deɛ ɔyie.

12Na ɛbaa sɛ ɔtee asɛm yi no, na ɔne ahemfo no renom nsa asese mu, ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Montoa kuro no! Na wɔto hyɛɛ kuro no so.

13Na hwɛ, odiyifoɔ bi twe pinii Israelhene Ahab sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Wohunu asafokuo kɛseɛ yi nyinaa? Hwɛ, mede wɔn merehyɛ wo nsa nnɛ, na woahunu sɛ mene AWURADE.

14Na Ahab kaa sɛ: Ɛnam hwan so? Na ɔse: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛnam amansini no mmapɔmma mmeranteɛ no so. Ɛnna ɔkaa sɛ: Hwan na ɔmfa nkɔbɔ ani? Na ɔse: Wo!

15Ɛnna ɔkan amansini mmapɔmma no mmeranteɛ no, na wɔyɛ ahanu aduasa mmienu, na wɔn akyiri no, ɔkan ɔman no nyinaa, Israel mma nyinaa, mpemnson.

16Na wɔfirii adi awigyina. Na Ben-hadad anom nsa abo wɔ asese no mu, ɔno ne ahemfo aduasa mmienu a wɔboa no no.

17Na amansini mmapɔmma no mmeranteɛ no firii adi kane. Na Ben-hadad somaa adɔntenfoɔ, na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Mmarima afiri adi afiri Samaria reba.

18Na ɔse: Sɛ ɔmannwoeɛ so na wɔfirii adie a, monkye wɔn animono, na sɛ ɔko so nso na wɔfirii adie a, monkye wɔn animono.

19Na wɔn deɛ, wɔfiri kuro no mu firii adi, amansini mmapɔmma no mmeranteɛ no ne dɔm a wɔdii wɔn akyire no.

20Na wɔkumm wɔn mmaako mmaako, na Siriafoɔ dwanedwanee, na Israel tii wɔn, na Siriahene Ben-hadad tenaa ɔpɔnkɔ so ne apɔnkɔsotefoɔ firi dwanee.

21Na Israel hene firii adi kɔ kyekyeree apɔnkɔ ne nteaseɛnam, na ɔde okunkɛseɛ kumm Siriafoɔ.

22 1 Ah 20.13 Na odiyifoɔ no twe pinii Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na kɔhyɛ wo ho den, na hwɛ na hunu deɛ wobɛyɛ; na afeda sɛsɛɛ no Siriafoɔ bɛforo aba wo so.

23 1 Ah 20.25 Na Siriahene nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Wɔn nyame yɛ mmepɔ nyame, enti na wɔn ho yɛɛ den sene yɛn no; na sɛ yɛne wɔn koo asaseta so deɛ a, anka yɛn ho renyɛ den nsene wɔn anaa?

24Na yei na yɛ: Tutu ahemfo no firi wɔn dibea, na fa amradofoɔ sisi wɔn ananmu.

25Na wo deɛ, boaboa ɛdɔm bi ano sɛ ɛdɔm a woahwereɛ no, apɔnkɔ sɛ apɔnkɔ no, ne nteaseɛnam sɛ nteaseɛnam no, na yɛne wɔn nkɔko asaseta so, sɛ yɛn ho renyɛ den nsene wɔn anaa? Na ɔtiee wɔn, na ɔyɛɛ saa.

26Na afeda ɔpɛ berɛ mfitiaseɛ no mu, Ben-hadad boaboaa Siriafoɔ dɔm ano na ɔforo baa Afek sɛ ɔne Israel rebɛko.

27Na wɔboaboaa Israelfoɔ nso ano, na wɔsiesiee wɔn ho, na wɔkɔ kɔhyiaa wɔn. Na Israelfoɔ kyeree nsraban wɔn ntentensoɔ sɛ mmirekyie akuo nketewa mmienu. Na Siriafoɔ deɛ, wɔyɛɛ asase no ma.

281 Ah 20.22 Na Nyankopɔn nipa no twe pinii bɛka kyerɛɛ Israel hene sɛ: Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ Siriafoɔ aka sɛ: Mmepɔ nyame ne AWURADE, na ɔnyɛ mmonhwa mu nyame nti, mede wɔn asafokuo kɛseɛ yi nyinaa bɛhyɛ wo nsa, na moahunu sɛ mene AWURADE.

29Na wɔkyeree nsraban, yeinom wɔ yeinom ntentensoɔ, nnanson. Na da a ɛtɔ so nson no, wɔde dɔm koo no kɔbɔɔ anim na Israelfoɔ no kumm Siriafoɔ anammɔnmufoɔ mpemha da koro.

30Na nkaeɛ no dwanedwane kɔɔ Afek kuro no mu, na ɔfasuo no bu guu nnipa a wɔkaeɛ no mu mpem aduonu nson so.

Na Ben-hadad deɛ, ɔdwane kɔɔ kuro no mu firi pia mu kɔɔ pia mu.

31Na ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, yɛate sɛ Israel fie ahemfo yɛ ahemfo a wɔyɛ adɔeɛ. Ma yɛmfa ayitoma nkyekyere yɛn asene, na yɛmfa ntampehoma mmobɔ yɛn ti, na yɛmfiri nkɔ Israel hene nkyɛn; ebia ɔbɛgye wo kra nkwa.

32Na wɔde ayitoma kyekyeree wɔn asene, na wɔde ntampehoma bobɔɔ wɔn ti, na wɔbaa Israel hene nkyɛn sɛ: W’akoa Ben-hadad se: Ma me kra nnya nkwa ɛ! Na ɔbisaa sɛ: Ɔda so te ase? Ɔyɛ me nua.

33Afei na mmarima no rehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ anim kwan, na wɔyɛɛ ntɛm gyee asɛm no, na wɔkaa sɛ: Wo nua ne Ben-hadad. Na ɔse: Monkɔfa no mmra! Na Ben-hadad firi baa ne nkyɛn; na ɔmaa no foro baa teaseɛnam no mu.

34Na Ben-hadad ka kyerɛɛ no sɛ: Nkuro a m’agya gyee no w’agya nsam no, mɛdane mama, na te mmorɔno nso Damasko fa, sɛdeɛ m’agya tee no Samaria no. Na Ahab kaa sɛ: Me nso, mede apam bɛgya wo kwan. Ɛnna ɔne no pameeɛ, na ɔgyaa no kwan.

35Ɛnna ɔbarima bi a ɔfiri adiyifoɔ mma mu de AWURADE asɛm ka kyerɛɛ ne yɔnko sɛ: Bɔ me ɛ! Na ɔbarima no ampene sɛ ɔbɔ no.

361 Ah 13.24 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛsiane sɛ woantie AWURADE nti, hwɛ, wofiri me nkyɛn ha rekɔ ara pɛ a, gyata bɛku wo. Na ɔfiri ne kyɛn kɔeɛ no, gyata hunuu no, na ɔkum no.

37Na ɔhunuu ɔbarima foforɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ me ɛ! Na ɔbarima no bɔɔ no, ɔbɔɔ no piraa no.

38Ɛnna odiyifoɔ no kɔ kɔgyinaa ɔkwan no ho twɛn ɔhene, na ɔde abotire akyekyere n’ani akyiri asakyera ne ho.

392 Ah 10.24 Na ɔhene retwam no, ɔbɔnee ɔhene no sɛ: W’akoa firi kɔɔ ɛko no mu, na hwɛ, ɔbarima bi manee de ɔbarima bi brɛɛ me sɛ: Hwɛ ɔbarima yi so, na sɛ ɔyera a, ɛnneɛ wode wo kra bɛsi ne kra ananmu, anaasɛ wobɛtua dwetɛ talente baako.

40Na w’akoa reyɛ adeɛ foforɔ no, hwɛ, ɔdwanneeɛ hɔ. Ɛnna Israel hene kaa sɛ: Sɛ w’atemmuo teɛ ne no, wo ara woabu.

41Ɛnna ɔyɛɛ ntɛm yii abotire no firii n’ani akyire, na Israel hene no hunuu no sɛ ɔfiri adiyifoɔ no mu.

42Na ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ woama onipa a mahyira no soɔ afiri wo nsa korɔ nti, wo kra bɛsi ne kra ananmu, na wo man asi ne man ananmu.

43Ɛnna Israel hene no sii mu kɔɔ ne fie, a wakum n’anim na ne bo afuo, na ɔbaa Samaria.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help