1AWURADE, mesu mefrɛ wo, yɛ ntɛm ma me;
sɛ mesu mefrɛ wo a, yɛ aso ma me.
2 Eks 30.7; 29.39 Ma me mpaebɔ mmɛsi w’anim sɛ ohwam,
me nsa soma sɛ anwummerɛ ayɛyɛdeɛ.
3 Dwom 39.1 AWURADE, fa ɔwɛn bɛwɛn m’ano,
na hwɛ m’anofafa pono ano.
4 Dwom 119.36 Nkom m’akoma nkɔ nsɛmmɔne ho,
sɛ me ne nnipa amumuyɛfoɔ bɛdi nsɛmmɔne,
na mma mennka wɔn nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ bi mennhwɛ.
5 Lew 19.17; Mmb 27.5-6 Ma ɔteneneeni mmɔ me na ɔnka m’anim adɔeɛ so,
ɛyɛ tire so ngo a me tiri rempoɔ,
nanso amumuyɛfoɔ ngo deɛ, mma no ngu me tiri so,
na me mpaebɔ ara na ɛda so tia wɔn nsɛmmɔne.
6Wɔsum wɔn atemmufoɔ hwe ɔbotan so,
na wɔte me nsɛm sɛ ɛyɛ dɛ.
7Sɛdeɛ obi dwiri asase funtum soɔ no,
saa ara na wɔama yɛn nnompe apete Damena ano.
8Na wo, AWURADE, so na m’ani da,
wo na medwane bɛtoa wo, nto me kra ntwene.
9Kora me firi apa a wɔasum me
ne amumuyɛfoɔ mfidie ho.
10 Dwom 7.15 Ma abɔnefoɔ nhwe wɔn ankasa nsɛmma mu,
na me deɛ, ma mensiane ho menkɔ prɛko.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
