Atemmufoɔ 20 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Benyamin so asatuo

1 Ate 11.11; 1 Sa 7.5 Ɛnna Israelfoɔ nyinaa tuiɛ, na asafo no ano bɛhyiaa sɛ onipa baako, ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba ne Gilead asase, na wɔbaa Mispa AWURADE nkyɛn.

2Na ɔman no nyinaa, Israel mmusuakuo nyinaa mu mpanimfoɔ no, bɛgyinaa Nyankopɔn man dwabɔ no mu, wɔyɛ mmarima mpemahanan a wɔnam anammɔn mu a wɔtwe nkrantɛ.

3(Na Benyaminfoɔ tee sɛ Israelfoɔ asim kɔ Mispa.) Na Israelfoɔ no kaa sɛ: Monka nkyerɛ yɛn, ɛyɛɛ dɛn na wɔyɛɛ bɔne a ɛte seyie?

4Ate 19.15 Ɛnna ɔbarima Lewini a ɔyɛ ɔbaa a wɔdii no awuo no kunu no buaa sɛ: Meduruu Gibea a ɛyɛ Benyamin deɛ no mu, me ne me mpena no, na yɛbɛdaa hɔ.

5Na Gibeafoɔ no sɔre tiaa me, na me nti wɔtwaa efie no ho hyiaa anadwo, anka me na wɔrepɛ me aku me, na me mpena no, wɔbrɛɛ no ase ara ma no wui.

6Na mesɔɔ me mpena no mu twitwaa no asinasini, na memaa wɔde kɔɔ Israel agyapadeɛ asase nyinaa so, ɛfiri sɛ wɔayɛ abusudeɛ ne nkwaseadeɛ Israel mu.

7Na afei mo Israelfoɔ nyinaa nie, momma yɛn mo adwene ne afotuo wɔ ha yi ara.

8Na ɔman no nyinaa sɔre gyinaa sɛ ɔbarima baako kaa sɛ: Yɛn mu biara renkɔ ntomadan mu, na yɛn mu biara remmane ne fie.

9Na afei yei ne asɛm a yɛne Gibea bɛdie, yɛbɛkɔ wɔn so, ntonto so,

10na yɛayi nnipa ɔha mu du Israel mmusuakuo nyinaa mu ne apem mu ɔha ne mpemdu mu apem, na wɔakɔfa aduane abrɛ ɔman no, na sɛ wɔba a, wɔabɛyɛ Gibea a ɛwɔ Benyamin sɛ nkwaseasɛm a wɔdii no Israel mu no nyinaa teɛ.

11Na Israel mmarima no nyinaa kɔhyia tiaa kuro no; na wɔapam ayɛ sɛ ɔbarima baako.

12Na Israel mmusuakuo somaa nnipa maa wɔkɔɔ Benyamin abusuakuo nyinaa mu kaa sɛ: Ɛdeɛn adebɔne ara ne deɛ wɔayɛ no mo mu yi?

13Na afei monyi mma busufoɔ a wɔwɔ Gibea no mmra na yɛnku wɔn, na yɛnyi bɔne no mfiri Israel. Na Benyaminfoɔ no ampɛ sɛ wɔtie wɔn nuanom Israelfoɔ nne.

14Na Benyaminfoɔ no fifiri nkuro mu bɛboaa wɔn ano Gibea, sɛ wɔbɛfiri ne Israelfoɔ no akɔko.

15Na wɔkan Benyaminfoɔ no da no ara, wɔn a wɔfifiri nkuro mu, nnipa mpemaduonu nsia a wɔtwe nkrantɛ; ɛsono Gibeafoɔ a wɔkan wɔn a wɔyɛ mmarima a wɔayi wɔn ahanson no.

16Dɔm yi nyinaa mu mmarima a wɔayi wɔn ahanson yɛ abenkum, wɔn nyinaa tumi to enwi mu ntɔmmoɔ a ɛmfom.

17Na Israel mmarima a wɔkan wɔn no, wɔyi Benyamin firi mu a, wɔyɛ mmarima mpemahanan a wɔtwe nkrantɛ. Yeinom nyinaa yɛ mmarima akofoɔ.

18 Ate 20.26-27; 21.2; 1.1-2 Na Israelfoɔ sɔree, na wɔsii mu kɔɔ Betel kɔbisaa Onyankopɔn; na wɔse: Yɛn mu hwan na ɔnkɔ kane ne Benyaminfoɔ no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Yuda nkɔ kane.

19Na Israelfoɔ no sɔree anɔpa kɔkyeree Gibea so nsraban.

20Na Israel mmarima no tu kɔɔ sɛ wɔne Benyamin rekɔko, na Israel mmarima no twitwaa wɔn so mpasua wɔ Gibea.

21Na Benyaminfoɔ no firii adi firii Gibea, na wɔbɛkaa Israel mmarima mpemaduonu mmienu guu fam da no ara.

22Na Israel mmarima dɔm no miaa wɔn ani, na wɔtwitwaa wɔn mpasua bio deɛ wɔtwitwaa no da a ɛdi kan hɔ no ara.

23Na Israelfoɔ no kɔ kɔsuu AWURADE anim kɔsii anwummerɛ, na wɔbisaa AWURADE kaa sɛ: Mentwe mpini bio na me ne me nua Benyamin mma nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ ne so.

24Na Israelfoɔ no pinkyɛɛ Benyaminfoɔ baa wɔn so da a ɛtɔ so mmienu no.

25Gye 49.27 Na Benyamin firii adi firii Gibea da a ɛtɔ so mmienu no, na wɔkaa Israelfoɔ no mu mmarima mpem dunwɔtwe guu fam bio, yeinom nyinaa yɛ mmarima a wɔtwe nkrantɛ.

26 Ate 20.18 Ɛnna Israelfoɔ no nyinaa ne ɔman no nyinaa sii mu kɔɔ Betel, na wɔsui, na wɔtenaa AWURADE anim hɔ dii abuada da no de kɔsii anwummerɛ, na wɔbobɔɔ hyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ AWURADE anim.

27Na Israelfoɔ no bisaa AWURADE, (ɛfiri sɛ ɛhɔ na na Nyankopɔn apam adaka no wɔ nna no mu,

28Yos 22.13 na Aaron ba Eleasa ba Pinehas na ɔgyina n’anim nna no mu.) Na wɔkaa sɛ: Memfiri adi bio ne me nua Benyamin mma nkɔko anaasɛ mennyae? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ, na ɔkyena mede no bɛhyɛ mo nsa.

29Ɛnna Israel de atɛfoɔ twaa Gibea ho hyiaeɛ.

30Na Israelfoɔ no sii mu kɔɔ Benyaminfoɔ no so da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na wɔtwitwaa Gibea so mpasua sɛ kane no.

31Na Benyaminfoɔ no firii adi bɛhyiaa dɔm no, na wɔtwee wɔn firii kuro no mu, na wɔfirii aseɛ bobɔɔ nnipa no bi kunkum wɔn sɛ kane no, atempɔn a baako kɔ Betel na baako nso kɔ Gibea petee mu no so, Israel mu mmarima bɛyɛ aduasa.

32Na Benyaminfoɔ no kaa sɛ: Wɔadi yɛn anim nkoguo sɛ kane no. Na Israelfoɔ kaa sɛ: Momma yɛnnwane, na yɛntwe wɔn mfiri kuro no mu mmra atempɔn so.

33Na Israel mmarima no nyinaa sɔresɔre firii wɔn afa, na wɔkɔtwaa mpasua wɔ Baal-tamar. Na Israel atɛfoɔ no firii adi firii wɔn afa, Geba bodan no ho.

34Na mmarima mpemdu a wɔayi wɔn Israel nyinaa mu no bɛfirii Gibea nkyɛn mu, na ɔko no mu yɛɛ den. Nso na Benyaminfoɔ no nnim sɛ amaneɛ rebɛto wɔn.

35Na AWURADE kumm Benyamin Israel anim, na Israelfoɔ no dwerɛɛ Benyamin mmarima mpemaduonu nnum ne ɔha da no. Yeinom nyinaa yɛ mmarima a wɔtwe nkrantɛ.

36Na Benyaminfoɔ no hunuu sɛ wɔaka wɔn agu, na Israel mmarima bɔɔ twi na wɔmaa Benyamin kwan, ɛfiri sɛ na wɔn ani da atɛfoɔ a wɔama wɔakɔtetɛ Gibea no so.

37Na atɛfoɔ no yɛɛ ntɛm kɔto hyɛɛ Gibea so, na atɛfoɔ no sɔɔ mu de nkrantɛ ano kunkumm kuro mufoɔ no nyinaa.

38Nso kasasie a na ɛda Israel mmarima no ne atɛfoɔ no ntam ne sɛ: Sɛ wɔma wisie kumoo a ɛso firi kuro no mu sɔre kɔ soro a,

39Israel mmarima no nnane wɔn ho dɔm no ano. Nso na Benyamin afiri aseɛ abobɔ Israel mmarima no akunkum wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa, na wɔse: Ka ara na yɛaka wɔn aguo wɔ yɛn anim sɛ kane ko no mu.

40Na egyahyeɛ no firi aseɛ maa wisie kumoo no sɔre firii kuro no mu kɔɔ soro no, Benyamin hwɛɛ wɔn akyi, na hwɛ, na kuro mu no rehye na ne wisie reforo kɔ soro.

41Na Israel mmarima no nso danedanee wɔn ho, na nketenkete kutaa Benyamin mmarima no, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ amaneɛ ato wɔn.

42Na wɔdanee wɔn akyi Israel mmarima no anim faa ɛserɛ so kwan; na ɔko no tu taree wɔn, na wɔn a wɔfifiri nkuro mu baeɛ no dwerɛɛ wɔn wɔn mu.

43Wɔkaa Benyamin hyɛɛ mu hyiae tii wɔn ara kɔduruu wɔn asoɛeɛ pamm wɔn kɔsii Gibea ntentensoɔ, owiapueeɛ.

44Na Benyamin mmarima mpemdunwɔtwe totɔe; yeinom nyinaa yɛ mmarima akofoɔ.

45Ɛnna wɔdanee wɔn ho dwane kɔɔ ɛserɛ so fam Rimon botan no ho; na wɔkunkum wɔn sɛdeɛ wɔtase mpɛpɛ, atempɔn no so, mmarima mpemnum; na wɔtu taree wɔn dii wɔn akyi kɔduruu Gidom, na wɔkunkum wɔn mu mmarima mpennu.

46Na Benyamin atɔfoɔ a wɔtotɔɔ da no nyinaa yɛ mmarima mpemaduonu nnum a wɔtwe nkrantɛ; yeinom nyinaa yɛ mmarima akofoɔ.

47Ate 21.13 Na mmarima ahansia nko na wɔdanee wɔn ho dwane kɔɔ ɛserɛ soɔ kɔɔ Rimon botan no soɔ, na wɔkɔtenaa Rimon botan no so, abosome nnan.

48Na Israel mmarima no sane wɔn akyi baa Benyaminfoɔ no so, na wɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn, ne mmoa, ne deɛ wɔn nsa kaeɛ nyinaa; nso wɔtotoo nkuro a wɔduruu soɔ no nyinaa mu gya.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help