1 Mmb 18.10 AWURADE ntie wo hiada,
Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban,
2ɔmfiri kronkron mu hɔ mmɛboa wo,
na ɔmfiri Bepɔ Sion mmɛhyɛ wo den.
3Ɔnkae w’aduane afɔdeɛ nyinaa,
na wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ n’ani.
4 Dwom 21.2 Ɔmma wo deɛ w’akoma pɛ,
na ɔmma wo tirim asɛm nyinaa mmra mu.
5Ma yɛn mmɔ ose wɔ wo nkonimdie ho,
na yɛn Nyankopɔn din mu na yɛhim yɛn frankaa:
AWURADE mma deɛ wosrɛ nyinaa mmra mu.
6 Eks 15.6 Afei mahunu sɛ AWURADE boa deɛ wasra no no,
ɔgye no so, ne soro kronkronbea hɔ,
ɔde ne nifa ahoɔdenneɛ gye no.
7 Deut 20.1; Yes 31.1 Ebinom kamfo nteaseɛnam,
na ebinom kamfo apɔnkɔ,
na yɛn deɛ, yɛkamfo AWURADE yɛn Nyankopɔn din.
8Wɔn deɛ, wɔbubu duedue so hwehwe ase,
na yɛn deɛ, yɛasɔre gyina hɔ kyirebenn.
9AWURADE, gye ɔhene nkwa.
Ɔbɛtie yɛn, da a yɛfrɛ no yi ara mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
