Sakaria NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)
NHYƐNMUOdiyifoɔ Sakaria nwoma no wɔ afa atitire mmienu.1. Ti 1-8 yɛ nkɔmhyɛ a ɛfiri Odiyifoɔ Sakaria nkyɛn a wɔahyɛ no agyinae wɔ mmerɛ ahodoɔ firi mfeɛ ahanum aduonu kɔsi mfeɛ ahanum ne dunwɔtwe ansa na wɔrewo Kristo (520-518 B.C.). Emu dodoɔ no ara yɛ anisoadehunu, na ɛkyerɛ sɛdeɛ wɔbɛyɛ Yerusalem foforɔ, sɛdeɛ wɔbɛsi AWURADE fie no foforɔ, AWURADE nkurɔfoɔ ahoteɛ ne Deɛ wɔasra no berɛ a ɔde bɛba.2. Ti 9-14: Ɛha yi yɛ nkra nsɛm a wɔaboaboa ano a ɛfa Deɛ Wɔasra no a ɔreba no ho ne atemmuo a ɛdi akyire no.EMU NSƐMKɔkɔbɔ ne anidasoɔ ho nsɛm 1.1—8.23Aman a atwa Israelfoɔ ho ahyia no atemmuo 9.1-8Daakye yiedie ne asomdwoeɛ 9.9—14.21