Marko NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)

NHYƐNMUMarko Asɛmpa no hyɛ aseɛ ka asɛm bi sɛ, “Yesu Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn ba asɛmpa no.” Mfonini a ɔma yɛhunu ne sɛ, Yesu yɛ onipa a ɔwɔ ahokeka ne tumi. Ne tumi da adi wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu, ahonhommɔne so, ne kyɛ a ɔtumi de nnipa bɔne kyɛ wɔn no mu. Yesu frɛ ne ho sɛ Onipa Ba no, deɛ ɔde ne nkwa mae de gyee nnipa firii wɔn bɔne mu.Marko ma yɛhunu Yesu ho asɛm tiawa mu ne ahoɔden so. Ɔsi deɛ Yesu yɛeɛ so dua sene nsɛm a ɔkaeɛ na ɔkyerɛkyerɛeɛ no. Ɔhyɛɛ aseɛ kaa Osuboni Yohane ho asɛm ne Yesu asubɔ ne ne sɔhwɛ berɛ tiawa bi mu, na afei ɔtwerɛfoɔ no yɛɛ ntɛm kasa faa Yesu som adwuma a ɛne ayaresa ne nkyerɛkyerɛ ho. Mmerɛ kakra akyi no, Yesu akyidifoɔ no tee n’asɛm ase yie wɔ berɛ a n’atamfo nso tanee no ara. Ti a ɛtwa toɔ no ka nsɛm a ɛsisiiɛ wɔ nnawɔtwe a Yesu de wiee asase so asetena ne titire ne ne wuo ne ne wusɔreɛ no.Awieeɛ mmienu na ɛwɔ Asɛmpa no mu. Deɛ ɛwɔ nkahyɛmudeɛ adeɛ mmienu mu no (Ti 16.9-20), nnipa bebree adwene ne sɛ, ɛnka deɛ ahyɛaseɛ na wɔatwerɛ no Marko mu no ho.EMU NSƐMAsɛmpa no mfitiaseɛ 1.1-13Yesu som adwuma wɔ Galilea abɔntene so 1.14—9.50Ɔfiri Galilea rekɔ Yerusalem 10.1-52Ɔbɛn Yerusalem, ne nnawɔtwe a ɛdi akyire a ɔdii no wɔ hɔ 11.1—15.47Yesu wusɔreɛ no 16.1-8Awurade wusɔreɛ no, n’ahoyie ne ne sorokɔ 16.9-20
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help