Nnwom 60 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nkoguo akyiri mpaebɔWɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Susan Edut” sankuo nne so. Dawid abebuo dwom. Wɔmfa nkyerɛkyerɛ adeɛ. Ɔtoo no berɛ a ɔne Mesopotamia ne Soba Siriafoɔ koeɛ, na Yoab sane kɔkumm Edomfoɔ mpem dummienu nkyene bɔn mu no.

1 2 Sa 8.3, 13; 10.13, 18 Onyankopɔn, woasum yɛn agu, woabɔ yɛn apansam,

wo bo afu; ma yɛn ho mmra yɛn ho bio.

2Woama asase awoso, woapae mu,

fa n’asinasini sisi anim, na ɛhinhim.

3 Yes 51.17; 22 Woama wo man ahunu deɛ ɛyɛ den,

woama yɛanom ntintan nsa.

4 Dwom 20.5 Wode frankaa ama w’afɛrefoɔ

sɛ wɔmfa mma wɔn ho so, nokorɛ nti.

5Deɛ ɛbɛyɛ na wɔagye w’adɔfo nti

fa wo nifa gye yɛn nkwa, na gye yɛn so.

6Onyankopɔn akasa n’ahoteɛ mu:

Mɛdi ahurisie, mɛkyɛ Sekem mu,

na masusu Sukot bonhwa.

7 Gye 49.10 Gilead wɔ me, na Manase wɔ me,

na Efraim yɛ me tiri so dadekyɛ;

Yuda yɛ m’ahempoma.

8Moab yɛ me dwaresɛn,

Edom so na mɛto me mpaboa maguo,

me nti, Filistifoɔ asase, teateam.

9Hwan na ɔde me bɛkɔ kuro denden no mu,

hwan na ɔbɛgya me akɔ Edom?

10Ɛnyɛ wo, Onyankopɔn, na woasum yɛn aguo yi,

na wo, Onyankopɔn, ne yɛn dɔm ankɔ?

11Bɛboa yɛn ahohia mu,

na onipa mmoa yɛ ɔkwa.

12Yɛde Onyankopɔn na ɛbɛyɛ mmaninneɛ,

na ɔno na ɔbɛtiatia yɛn ahohiahiafoɔ soɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help