2 Makabee 2 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Yeremia de ntomadan, apam adaka ne afɔrebukyia no sie

1Wɔhu no wɔ nsɛm a wɔatwerɛ ato hɔ no mu sɛ, Odiyifoɔ Yeremia hyɛɛ wɔn a na wɔretu wɔn akɔ no sɛ wɔmfa ogya no bi, sɛdeɛ wɔaka no,

2na sɛ odiyifoɔ no de mmara no maa wɔn wieeɛ no, ɔhyɛɛ wɔn a wɔretu wɔn akɔ no sɛ wɔmmma wɔn werɛ mfiri Awurade mmara no, anaasɛ berɛ a wɔbɛhu sika ne dwetɛ ahoni ne wɔn ahosiesie no, wɔmmma wɔn adwene mmane mfiri ho.

3Na nsɛm a ɛtete saa na ɔde tuu wɔn fo sɛ wɔmmma mmara no mfiri wɔn akomam.

4Na ɛwɔ saa nwoma korɔ no ara mu sɛ, odiyifoɔ no, ɛberɛ a ɔnyaa adiyisɛm no, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa ntomadan no ne apam adaka no nni n’akyi, ɛfiri sɛ wakɔ bepɔ no a na Mose akɔ hɔ na ɔhunuu Onyankopɔn agyapadeɛ no.

5Na Yeremia bae bɛhunuu bodan-ahomegyebea bi, na ɔde ntomadan, apam adaka ne aduhwam afɔrebukyia no baa hɔ; na afei ɔsii kwan a wɔde kɔ mu no.

6Nnipa a na wɔdi n’akyi no binom dii n’akyi pɛɛ sɛ anka wɔbɛhu ɔkwan no ahyɛnsodeɛ, nanso wɔanhu.

7Ɛberɛ a Yeremia teeɛ no, ɔkaa wɔn anim na ɔhyɛɛ sɛ: Beaeɛ yi bɛkɔ so ara ayɛ beaeɛ a wɔnhunu de kɔsi sɛ Onyankopɔn bɛboaboa ne nkurɔfoɔ ano bio na wayi n’ahummɔborɔ akyerɛ.

8Eks 16.10; 24.16; 1 Ah 8.10-11 Afei na Awurade bɛyi nnoɔma yeinom akyerɛ, na Awurade animuonyam ne mununkum no bɛpue, sɛdeɛ wɔyi kyerɛɛ Mose no, ne sɛdeɛ Salomo bisaa sɛ wɔnte beaeɛ hɔ sononko no.

9Wɔdaa no adi pefee sɛ, ɛsiane sɛ Salomo nim nyansa nti, ɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ asɔredan no wie ne ne dwira ho.

10Na sɛdeɛ Mose bɔɔ Awurade mpaeɛ no, saa ara na Salomo nso bɔɔ mpaeɛ, na ogya no firi ɔsoro bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ no nyinaa.

11Na Mose kaa sɛ: Wɔhyeeɛ ɛfiri sɛ na wɔnnii bɔne afɔdeɛ no.

12Saa ara nso na Salomo dii nna nwɔtwe no.

13Wɔaka saa nnoɔma yi ara wɔ Nehemia nwoma ne nsɛm a wɔtwerɛ too hɔ no mu, na afei nso nwomakorabea a ɔyɛeɛ na ɔgyegyee nwoma a ɛfa ahemfo ne adiyifoɔ ho, ne nwoma a Dawid twerɛeɛ no, ne ahemfo nkrataa a ɛfa aboadeɛ afɔdeɛ ho.

14Saa kwan no ara so na Yuda nso nam so gyegyee nwoma a ɛsiane ɔko a ɛbaa yɛn so ayera nyinaa, na ne nyinaa wɔ yɛn nkyɛn.

15Enti sɛ mohia yeinom a, monsoma nnipa ma wɔmmɛgye mmrɛ mo.

16 1 Mak 4.59 Saa nti, ɛsiane sɛ yɛrebɛhyɛ ahodwira ho fa nti, yɛatwerɛ krataa abrɛ mo. Yɛsrɛ mo, mobɛkura nna no anaa?

17Ɛyɛ Onyankopɔn na wagye ne nkurɔfoɔ nyinaa nkwa, na ɔde wɔn agyapadeɛ; ahennie, asɔfodie ne ahodwira ama wɔn nyinaa,

18sɛdeɛ ɔhyɛɛ bɔ wɔ mmara mu no. Yɛwɔ anidasoɔ wɔ Onyankopɔn mu sɛ ɛrenkyɛ koraa ɔbɛhu yɛn mmɔbɔ, na ɔbɛboaboa yɛn ano afiri wi yi ase baabiara akɔ ne kronkronbea hɔ, ɛfiri sɛ ɔno na wagye yɛn afiri mmusuo kɛseɛ mu na wate beaeɛ hɔ ho.

Ɔtwerɛfoɔ no nnianim

19Yuda Makabeus ne ne nuanom ho asɛm no, asɔredan kɛseɛ no ho dwira, afɔrebukyia no ahosohyira,

20ne sa a wɔtuu wɔ Antiokus Epifanes ne ne ba Eupator so no.

21Deɛ ɛfiri ɔsoro a ɛyiyi kyerɛɛ wɔn a wɔkoo akokoɔduro so maa Yudasom, mpo sɛ na wɔsua koraa, wɔgyee asase no nyinaa na wɔtii apɔtɔfoɔ akofoɔ no.

22Na asɔredan a agye din wɔ wiase nyinaa no san bɛdii wɔn nsam bio, na wɔgyee kuro no sii hɔ, na wɔde mmara nsɛm a na anka wɔretu aguo no baa bio, ɛberɛ Awurade de adɔeɛ kɛseɛ yii adom kyerɛɛ wɔn.

23Yei nyinaa, a Yason a ɔfiri Kirene atwerɛ no nwoma nnum mu no, yɛbɛbɔ mmɔden ara sɛ yɛbɛkeka abom ayɛ no nwoma baako.

24Ɛfiri sɛ yɛhwɛ nkontabuo pii a ɛwɔ mu ne den a ɛyɛ ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkenkan abakɔsɛm a wɔaka wɔ mu ɛsiane nnoɔma duruduro a ɛwɔ mu no,

25yɛde asi yɛn ani so sɛ yɛbɛsɔ wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wɔkenkan no ani, sɛ ɛbɛyɛ mmerɛ ama wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsua gu wɔn tirim mu, na ayɛ mfasoɔ ama akenkanfoɔ nyinaa.

26Na yɛn a yɛagye ato yɛn ho so sɛ yɛbɛhwɛ atwitwa nsɛm no so no, ɛnyɛ adwuma ketewa na mmom ɛyɛ mfifiresam ne apɛsire adwuma,

27sɛdeɛ ɛyɛ den ma deɛ ɔhyehyɛ apontoɔ na ɔhwɛ sɛ nnipa afoforɔ na wɔbɛnya so mfasoɔ no. Nanso sɛdeɛ ɛbɛyɛ na dodoɔ no ara ani bɛsɔ no nti, yɛde anigyeɛ bɛmia yɛn ani ayɛ adwumaden a ɛnyɛ anika,

28na yɛagya asodie a ɛyɛ nsɛm mu no nyinaa ama ɔtwerɛfoɔ no, wɔ ɛberɛ a yɛn nso yɛbɛbɔ mmɔden ayɛ ne muabɔ no emu nsɛm.

29Na sɛdeɛ ɔdansifoɔ wura a ɔresi ɛdan foforɔ no, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ɛdan mu no nyinaa so, wɔ ɛberɛ a deɛ ɔde aduro twitwi ho ne nsiesie no hwehwɛ nnoɔma a ɛbɛyɛ ama ne fɛ no, me nteaseɛ mu no, sɛ ɛte ara ne no wɔ yɛn ho.

30Ɛyɛ abakɔsɛm twerɛfoɔ no ara sɛ ɔbɛhyɛ aseɛ, na wapɛnsɛmpɛnsɛn mu afiri afa nyinaa, na wamia n’ani atwerɛ biribiara,

31na mmom deɛ akyire no ɔretwerɛ nsɛm no foforɔ no, ɛsɛ sɛ wɔma no kwan ma ɔbɔ mmɔden twitwa nsɛm no so, na ɔgyae ɔbrɛ adeyɛ no.

32Saa nti, afei momma yɛmfiri yɛn asɛntwerɛ no ase, wɔ berɛ a yɛmfa bi nka asɛm a wɔaka no dada no ho; ɛfiri sɛ nyansa biara nni mu sɛ yɛbɛtwe nnianim no mu tentene wɔ berɛ a yɛbɛtwa abakɔsɛm no ara ankasa so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help