1Deɛ wate ne ho no hwehwɛ anoyie daa,
na adepa biara yɛ no ahi.
2Ɔkwasea nni nhunumu ho anika,
na mmom sɛ ɔbɛyi n’akoma adie.
3Ɔbɔnefoɔ ba a, animtiabuo nso ba,
na adapaa ne ahohora na ɛnam.
4Nsuo a emu dɔ ne ɔbarima anomu nsɛm,
asutene a ɛba yie ne nyansa abura.
5 Deut 1.17 Ɛnyɛ sɛ wɔhwɛ ɔbɔnefoɔ anim,
na wɔdane ɔteneneeni asɛm ani atemmuo mu.
6Ɔkwasea ano ma ntɔkwa ba,
na n’afono frɛfrɛ asotorɔ.
7 Mmb 13.3; 16.26 Ɔkwasea ano ne ne sɛeɛ,
na n’anofafa ne ne kra fidie.
8 Mmb 26.22 Asomkasani nsɛm te sɛ mfremfremadeɛ,
na ɛsiane kɔ ɔyafunu mpia mu.
9 Mmb 10.4 Deɛ ɔtoto n’adwuma aseɛ nso,
ɔdesɛefoɔ nua ne no.
10 Mmb 14.26; Dwom 20.1 Aban denden ne AWURADE din,
ɛno mu na ɔteneneeni dwane korɔ, na wɔkora no.
11 Mmb 10.15 Ɔdefoɔ ahonyadeɛ ne ne kuro a ɛyɛ den,
na ɛte sɛ ɔfasuo a ɛkorɔn n’adwene mu.
12 Mmb 16.18; 15.33 Deɛ ɛdi ɔsɛeɛ anim ne sɛ ɔbarima akoma a ɛma ne ho soɔ,
na deɛ ɛdi animuonyam anim ne ahobrɛaseɛ.
13Deɛ ɔbua asɛm ansa na ɔteɛ no,
ɛyɛ agyimisɛm ne aniwuo ma no.
14 Mmb 15.13, 15 Onipa honhom tumi soa yadeɛ,
na honhom a ɛdi yea deɛ, hwan na ɔbɛtumi asoa?
15Nhunumufoɔ akoma nya nimdeɛ,
na anyansafoɔ aso hwehwɛ nimdeɛ akyiri kwan.
16 Gye 43.11 Onipa ayɛyɛdeɛ bɔ kwan ma no,
na ɛde no ba nnipa akɛseɛ anim.
17Deɛ ɔbɔ ne nkuro kane yɛ sɛ ɔteneneeni
kɔsi sɛ ne yɔnko ba bɛpeepee mu.
18 Mmb 16.33 Ntonto pata ntɔkwa,
na ɛpae atumfoɔ ntam.
19Onua a wɔafom no sene kuro denden,
na ntɔkwa te sɛ abankɛseɛ akyiri adaban.
20 Mmb 12.14; 13.2 Ɔbarima anomu aba ma ne yafunu mee,
n’anomu nnɔbaeɛ mee no.
21 Mmb 13.3 Owuo ne nkwa wɔ tɛkyerɛma tumi so,
na deɛ ɔdɔ no no bɛdi n’aba.
22 Mmb 19.14; 31.10 Deɛ wanya yerɛ no, wanya adepa,
na wanya AWURADE hɔ anisɔ.
23Kyɛwpa na ohiani de kasa,
na ɔdefoɔ bua asɛmdenden.
24Deɛ ɔfa nnamfo pii no de sɛe ɔno ara ne ho,
nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ho sene onua.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
