Nehemia 9 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ɔman no ahonu

1Na bosome yi da a ɛtɔ so aduonu nnan no, Israelfoɔ no boaa wɔn ano hyiaa mmuadadie ne ayitoma mu, na wɔatwitwa ntwoma.

2Na Israelfoɔ no tee wɔn ho firii ananafoɔ mma nyinaa ho, na wɔgyinaa hɔ kekaa wɔn bɔne ne wɔn agyanom amumuyɛ no.

3Na wɔsɔre gyinagyinaa wɔn gyinabea, na wɔkenkann AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nwoma no mu adekyeeɛ mu nkyɛmu nnan mu baako, na nkyɛmu nnan mu baako nso wɔde kaa wɔn bɔne, na wɔkotoo AWURADE wɔn Nyankopɔn.

4Na Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani sɔre gyinagyinaa Lewifoɔ simpie no so, na wɔde nne kɛseɛ teaa mu frɛɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn.

5Na Lewifoɔ no, Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabneia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kaa sɛ: Monsɔre nhyira AWURADE mo Nyankopɔn mfiri daa nkɔsi daa; na wɔnhyira w’animuonyam din a woama so atra nhyira ne ayeyie nyinaa soɔ no.

6Na Esra kaa sɛ: Wo ara wo nko ne AWURADE, wo na woyɛɛ ɔsoro, ɔsoro mu soro ne wɔn asafo nyinaa, asase ne deɛ ɛwɔ soɔ nyinaa, ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Na wo na wohwɛ wɔn nyinaa so, na ɔsoro asafo no, wo na wɔsɔre woɔ.

7Gye 11.31; 17.5 Wone AWURADE, Onyankopɔn a wofaa Abram na woyii no firii Ur a ɛwɔ Kaldea, na wotoo no din Abraham no.

8Gye 15.18-21 Na wohunuu n’akoma sɛ ɛyɛ nokorɛ wɔ w’anim, na wo ne no pamm sɛ wɔde Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ ne Girgasifoɔ asase bɛma n’asefoɔ. Na woama wo nsɛm no atim, ɛfiri sɛ woyɛ ɔteneneeni.

9 Eks 3.7 Na wohunuu yɛn agyanom amanehunu wɔ Misraim, na wotiee wɔn sufrɛ Mmɛwa Po ano.

10Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase sofoɔ nyinaa so, na wohunuu sɛ wɔadi yɛn agyanom so ahantansɛm; na wogyee din sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

11Eks 14.21; 15.5, 10 Na ɛpo no nso, wopaee mu wɔn anim, maa wɔfaa ɛpo no mu, asase pɛsɛɛ so, na wɔn a wɔtii wɔn no deɛ, wotoo wɔn guu abunu no mu, sɛdeɛ wɔto ɔboɔ twene nsuo a emu dɔ mu.

12Eks 13.21 Na wode mununkum dum kyerɛɛ wɔn kwan awia, ne ogya dum nso anadwo, sɛ ɛnhyerɛn mma wɔn, ɔkwan a wɔnam soɔ no so.

13Eks 19.18; 20.1 Nso wosiane baa Sinai bepɔ so, na wofiri soro ne wɔn kasae, na womaa wɔn tenenee atemmudeɛ ne nokorɛ mmara, ahyɛdeɛ ne mmara nsɛm a ɛyɛ.

14Na womaa wɔhunuu wo home da kronkron no, na wonam w’akoa Mose so hyɛɛ wɔn mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne mmara.

15Eks 16.4, 14; 17.6 Na wode ɔsoro aduane maa wɔn de kumm wɔn kɔm, na woyii nsuo firii ɔbotan mu maa wɔn de kumm wɔn sukɔm, na woka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmra mmɛdi asase a wokaa wɔn ntam sɛ wode bɛma wɔn no so.

16 Eks 32.9 Na wɔne yɛn agyanom dii ahantansɛm, na wɔsensenee wɔn kɔn, na wɔantie wo mmara nsɛm.

17Num 14.4; Eks 34.6 Na wɔampɛ sɛ wɔtie, na wɔankae w’anwanwadeɛ a woyɛɛ no wɔn mu no, na wɔsensenee wɔn kɔn, na wɔsii wɔn so panin sɛ wɔresane akɔ Misraim wɔn anyadie no mu, wɔn atuateɛ no mu. Na wone fakyɛ Nyankopɔn, ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, woyɛ abufuo mu nyaa, na w’adɔeɛ dɔɔso, na woannya wɔn.

18Eks 32.4 Mpo wɔyɛɛ nantwie ba a wɔaguo kaa sɛ: Yei ne wo nyame a ɔkɔyii wo firii Misraim baeɛ no. Na wɔyɛɛ akyiwadeɛ kɛseɛ no,

19wo deɛ, wo mmɔborɔhunu bebree nti woannya wɔn ɛserɛ no so, mununkum dum no amfiri wɔn so awia, sɛ ɛbɛkyerɛ wɔn kwan, ne ogya dum no nso anadwo, sɛ ɛbɛdɛre ama wɔn akyerɛ wɔn kwan a wɔmfa soɔ.

20Num 11.25 Na wode wo Honhom pa no nso maa sɛ ɔnkyerɛ wɔn nyansa, na wo mana nso woamma no ampa wɔn ano, na nsuo nso womaa wɔn de kumm wɔn sukɔm.

21Deut 8.4 Na wohwɛɛ wɔn mfirinhyia aduanan ɛserɛ no so: Anhia wɔn, wɔn ntadeɛ ansunsuane, na wɔn nan anhonhon.

22Num 21.24, 35 Na wode ahennie ne amanaman maa wɔn, na wokyekyɛɛ wɔn mu ntonto so, na wɔfaa Sihon asase, Hesbonhene asase, ne Basanhene Og asase no.

23Na womaa wɔn mma dɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na wode wɔn baa asase a woka kyerɛɛ wɔn agyanom sɛ wɔbɛba abɛdi soɔ no so.

24Yos 12 Na wɔn mma no baa so bɛdii asase no so, na wobrɛɛ asase no sofoɔ, Kanaanfoɔ no, ase wɔ wɔn anim, na wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa, ne wɔn ahemfo ne asase no so amanaman, sɛ wɔnyɛ wɔn sɛdeɛ wɔpɛ.

25Deut 6.10-11; 32.15 Na wɔgyegyee nkuro a ɛyɛ den ne asase a adɔ sradeɛ, na wɔnyaa afie a nnepa ayeyɛ no amaama, nsubura a wɔbɔreeɛ, bobe nturo ne ngo nturo ne nnua a wɔdie bebree. Na wɔdii, na wɔmee, na wɔyeyɛɛ akɛseɛ, na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, wo papa kɛseɛ no mu.

26Ɛnna wɔyɛɛ asobrakyeɛ na wɔtee w’anim atua, na wɔtoo wo mmara twenee wɔn akyire, na wɔkunkumm w’adiyifoɔ a wɔdii wɔn adanseɛ sɛ wɔde resane wɔn aba wo nkyɛn no, na wɔyɛɛ abusudeɛ akɛseɛ.

27Ate 3.9, 15 Ɛnna wode wɔn hyɛɛ wɔn ahohiahiafoɔ nsa, na wɔhiahiaa wɔn ho. Na wɔn ahohiahia berɛ mu no, wɔsu frɛɛ wo, na wo deɛ, wofiri soro tiee wɔn, na sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu kɛseɛ teɛ no, wode agyefoɔ maa wɔn, na wɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahiafoɔ no nsam.

28Ate 2.18-21 Na wɔnyaa asomdwoeɛ pɛ no, wɔsane kɔyɛɛ w’anim bɔne; na wogyaa wɔn mu de wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ nsa, na wɔdii wɔn so. Ɛnna wɔsane su frɛɛ woɔ; na wo nso wofiri soro tiee wɔn, na woyii wɔn sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu bebree no teɛ, berɛ ahodoɔ no mu.

29Lew 18.5 Na wodii wɔn adanseɛ sɛ wobɛsane wɔn aba wo mmara no mu; nanso, wɔdii ahantansɛm, na wɔantie wo mmara nsɛm, na wo atemmudeɛ nso, wɔyɛɛ ho bɔne, nso ɛno na sɛ obi di so a, ɔnya nkwa. Na wɔhimaa wɔn mmati firii ho, na wɔsensenee wɔn kɔn, na wɔantie.

30Yer 7.25-26; 44.4-6 Nanso wokuraa wɔn mfeɛ pii, na wode wo honhom nam w’adiyifoɔ so dii wɔn adanseɛ; na wɔantie; ɛnna wode wɔn hyɛɛ nsase no so aman nsa.

31Kwa 3.22 Nanso wo mmɔborɔhunu bebree nti, woanwie wɔn ase hye, na woannyae wɔn, ɛfiri sɛ Onyankopɔn domfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ ne wo.

32 Neh 1.5 Na afei, yɛn Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛseɛ, otumfoɔ a wo ho yɛ hu, a wokora apam ne adɔeɛ, mma ɔbrɛ a ato yɛn ne yɛn ahemfo ne yɛn mmapɔmma ne yɛn asɔfoɔ ne yɛn adiyifoɔ ne yɛn agyanom ne wo man nyinaa ara, ɛfiri Asiria ahemfo berɛ so, de bɛsi nnɛ da yi no nyinaa nnyɛ w’anim ketewa.

33Esra 9.15; Dan 9.5, 7 Nanso wotene wɔ deɛ ɛbaa yɛn soɔ no nyinaa mu, na woadi nokorɛ; na yɛn na yɛdi fɔ.

34Yɛn ahemfo, yɛn mmapɔmma, yɛn asɔfoɔ ne yɛn agyanom anni wo mmara so, nanso wɔantie wo mmara nsɛm ne wo adanseɛ a wodii wɔn no.

35Nanso wɔn ahennie mu ne wo papa bebree a woyɛɛ wɔn ne asase tɛtrɛɛ a adɔ sradeɛ a wode maa wɔn no, wɔansom wo, na wɔansane amfiri wɔn nneyɛɛ bɔne no mu.

36Hwɛ, nnɛ yɛyɛ nkoa, na asase a wode maa yɛn agyanom sɛ wɔnni so aba ne ɛso nnepa no, hwɛ, yɛyɛ ɛso nkoa.

37Na ɛma nnɔbaeɛ pii ma ahemfo a wode wɔn asisi yɛn soɔ, yɛn bɔne mu no, na wɔdi yɛn nipadua so ne yɛn mmoa so sɛdeɛ wɔpɛ, na yɛwɔ ahohiahia kɛseɛ mu.

38Na yei nyinaa nti, yɛrepam nokorɛ apam, na yɛretwerɛ, na yɛn mmapɔmma, yɛn Lewifoɔ ne yɛn asɔfoɔ asɔ ano.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help