1Na ɛberɛ a ɔfiri bepɔ no so sianeeɛ no, nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi.
2Na hwɛ, ɔkwatani bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi.
3Na ɔtenee ne nsa kaa no kaa sɛ: Mepɛ, wo ho mfi! Na ntɛm ara na ne kwata no kɔeɛ.
4Akoa bi ayaresa(Luka 7.1-10)
5Na Yesu kɔhyɛnee Kapernaum no, asraafoɔ ɔha so panin bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no
6sɛ: Owura, m’akoa da fie yare mmubuo, na ɔrehunu ayayadeɛ dodo.
7Na ɔsee no sɛ: Mɛba mabɛsa no yadeɛ.
8Na asraafoɔ ɔha so panin no buaa sɛ: Owura, mensɛ sɛ wobɛhyɛne me suhyɛ aseɛ, na ka asɛm nko, na m’akoa no ho bɛyɛ no den.
9Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi aseɛ, na mewɔ asraafoɔ hyɛ m’ase, na mese oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mese ɔfoforɔ bi sɛ: Bra! a, ɔba, na mese m’akoa sɛ: Yɛ yei! a, ɔyɛ.
10Ahum asebrɛ(Marko 4.36-41; Luka 8.23-25)
23Na ɔtenaa kodoɔ mu no, n’asuafoɔ no dii n’akyi.
24Na hwɛ, ahum kɛseɛ bi tuu ɛpo no so, na ɛmaa asorɔkyeɛ bu bɛkataa kodoɔ no so; na ɔno deɛ, na wada.
25Na wɔbaa ne nkyɛn bɛnyanee no sɛ: Awurade, gye yɛn, na yɛreyera!
26Mat 14.31; 16.8 Na ɔsee wɔn sɛ: Mo a mo gyidie sua, adɛn na ehu aka mo sɛɛ? Ɛnna ɔsɔre teateaa mframa ne ɛpo no, na ɛtaa dinn.
27Na ɛyɛɛ nnipa no nwanwa, na wɔkaa sɛ: Onipa bɛn koraa ni na mframa ne ɛpo mpo tie no yi?
Ahonhommɔne(Marko 5.1-17; Luka 8.26-37)28Na ɔduruu asuogya nohoa, Gadarenefoɔ asase soɔ no, nnipa baanu bi a honhommɔne wɔ wɔn soɔ firi aboda mu bɛhyiaa no; wɔyɛ awerɛmfoɔ sɛ, enti obiara ntumi ntwam ɔkwan no so.
29Luk 4.41; 2 Pe 2.4 Na hwɛ, wɔteateaa mu sɛ: Ɛdeɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Nyankopɔn ba? Wobaa ha sɛ worebɛteetee yɛn ansa na ɛberɛ no aduru anaa?
30Na mprakokuo bebree bi redidi akyirikyiri.
31Na ahonhommɔne no srɛɛ no sɛ: Sɛ wotu yɛn a, ma yɛn kwan na yɛnkɔ mprakokuo yi mu.
32Na ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ! Na wɔfirii adi kɔɔ mprako no mu, na hwɛ, mprakokuo no nyinaa bɔɔ kirididi sianee ɔbotan kuronkuron no kɔguu po no mu wuwuu nsuo no mu.
33Na wɔn a wɔhwɛ wɔn soɔ no dwanedwanee, na wɔkɔɔ kuro no mu kɔkaa ne nyinaa ne wɔn a na ahonhommɔne wɔ wɔn soɔ no ho asɛm no.
34Na hwɛ, kurom hɔfoɔ no nyinaa firii adi sɛ wɔrebɛhyia Yesu; na wɔhunuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfiri wɔn ahyeɛ so hɔ nkɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
