1Monyi AWURADE ayɛ.
Monyi AWURADE din ayɛ,
AWURADE nkoa, monyi no ayɛ,
2mo a mogyina AWURADE fie,
yɛn Nyankopɔn fie adihɔ.
3Monyi AWURADE ayɛ, na AWURADE yɛ,
monto dwom mma ne din, na ɛyɛ dɛ.
4 Eks 19.5-6; Deut 7.6 Na AWURADE ayi Yakob afa,
ɔde Israel ayɛ ne deɛ.
5 Dwom 86.8 Na me deɛ, menim sɛ AWURADE so,
na yɛn wura sene anyame nyinaa.
6Biribiara a AWURADE pɛ no, ɔyɛ,
ɔsoro ne fam,
ɛpo ne abunu nyinaa mu.
7 Yer 10.13 Ɔma amununkum firi asase ano ba,
ɔyɛ anyinam ma osutorɔ,
ɔyi mframa firi ne korabea.
8 Eks 12.29 Ɔkum Misraim mmakan
firi nnipa so kɔsii mmoa so.
9 Dwom 78.43-52 Ɔsomaa nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ
baa wo, Misraim, mfimfini,
Farao ne ne nkoa nyinaa so.
10Ɔbobɔɔ amanaman pii,
na ɔkumm ahemfo atumfoɔ,
11 Num 21.21-35 Amorifoɔ hene Sihon,
ne Basan hene Og,
ne Kanaan ahennie nyinaa,
12 Yos 12 na ɔde wɔn asase maa sɛ awunnyadeɛ,
ɔde yɛɛ ne man Israel awunnyadeɛ.
13 Dwom 102.12 AWURADE, wo din wɔ hɔ daa,
AWURADE, wo nkaeɛ tena awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.
14 Deut 32.36, 43 Na AWURADE bɛbu ne man bem,
na ɔbɛhu ne nkoa mmɔbɔ.
15Amanaman ahoni yɛ dwetɛ ne sika kɔkɔɔ,
nnipa nsa ano nnwuma.
16Wɔwɔ ano, nanso wɔnkasa,
wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ,
17wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm,
nso home biara nni wɔn anomu.
18Wɔn a wɔyɛ wɔn bɛyɛ sɛ wɔn ara,
obiara a ɔde ne ho to wɔn soɔ no.
19 Dwom 118.2-4 Israel fiefoɔ, monhyira AWURADE,
Aaron fiefoɔ, monhyira AWURADE.
20Lewi fiefoɔ, monhyira AWURADE,
mo a mosuro AWURADE, monhyira AWURADE.
21Wɔmfiri Sion nhyira AWURADE
a ɔte Yerusalem no,
monyi AWURADE ayɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
