Sirak 22 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ɔkwadwofoɔ

1Ɔkwadwofoɔ te sɛ ɛboɔ a ɛho wɔ fi,

na obiara tweetwee no wɔ n’animguaseɛ ho.

2Ɔkwadwofoɔ te sɛ sumina ahodoɔ;

obiara a ɔde ne nsa bɛsɔ mu no bɛporoporo afiri ne nsa ho.

Nkwadaa akyirisanfoɔ

3Ɛyɛ animguaseɛ sɛ wobɛyɛ akwadaa a ɔnni nteteeɛ agya,

na ɔbabaa awoɔ yɛ adehwereɛ.

4Ɔbabaa nyansafoɔ nya okunu ma ne ho,

nanso deɛ ɔyɛ animguaseɛ nneyɛɛ hyɛ n’agya awerɛhoɔ.

5Ɔbabaa a ɔmfɛre adeɛ no gu n’agya ne ne kunu anim ase,

na wɔn baanu nyinaa bu no animtia.

6Ayiyɛ dwom te sɛ nkɔmmɔ a wɔnni no berɛ a ɛsɛ mu,

nanso nyansa wɔ animka ne atenetene ɛberɛ biara.

7[Nkwadaa a wɔtete wɔn wɔ abrabɔ pa kwan soɔ no,

wɔkata wɔn awofoɔ animguaseɛ awoɔ so.]

8[Nkwadaa a wɔbu animtia na wɔyɛ agyimifoɔ ahantanfoɔ no

de nkekaeɛ ka wɔn abusuafoɔ animuonyam.]

9Obiara a ɔkyerɛkyerɛ ɔkwasea no te sɛ obi a ɔsosɔ nkyɛmferɛ femfam ho,

anaasɛ ɔnyane onipa a wada nnahɔɔ.

10Obiara a ɔka asɛm kyerɛ ɔkwasea no ka de kyerɛ onipa a ɔretɔ nko;

na awieeɛ no ɔbɛka sɛ: Asɛm bɛn a?

11Su ma owufoɔ, ɛfiri sɛ wagya hann wɔ n’akyi;

na su ma ɔkwasea, ɛfiri sɛ wagya nyansa wɔ n’akyi.

Nsu yayaaya mma owufoɔ, ɛfiri sɛ wawu;

nanso ɔkwasea a ɔte nkwa mu deɛ fanyinam owuo.

12Esu a wɔsu ma owufoɔ no to twa nna nson,

nanso ɔkwasea anaasɛ onipa nyamesuro nni no mu no deɛ ɛbɛkɔ so ara ne nkwa nna nyinaa.

13Wo ne onipa gyegyentwie nnkasa nkyɛ

anaasɛ nkɔsra onipa a ɔnnim nyansa.

Twe wo ho firi ne ho anyɛ saa a wobɛnya amane,

na wanwoso ne ho na wampete wo antwene.

Yi no akwa na wobɛnya ahotɔ,

na nyansa a ɔnni no mma wommrɛ.

14Ɛdeɛn na emu duro sene sumpiiboɔ?

Sɛ ɛnyɛ Ɔkwasea ne ne din a, na ɛyɛ ɛdeɛn bio?

15Anwea, nkyene ne dadeɛ sini bi

yɛ deɛ ɛnyɛ den sɛ wɔsoa sene ogyimfoɔ.

16Mpuna a wɔakyekyere no dendeenden ahyɛ ɛdan mu no,

asasewosoɔ ntumi nsane no;

ɛno nti adwene no si pi wɔ berɛ a wadwendwene ho awie no,

ɔrensuro wɔ amanehunu berɛ mu.

17Adwene a wɔafa no nyansa kwan soɔ no

te sɛ ɛdan a wɔde krataa afemfam ho de asiesie no na ama ɛho ayɛ toromtorom.

18Ban a wɔagye no wɔ sorɔnsorɔnbea no

rentumi nnyina pintinn wɔ mframa ano;

saa nti, adwenem hare a ɛwɔ ɔkwasea tirimbɔ mu no

renntumi nnyina suro biara ano.

Ayɔnkofa kora

19Onipa a ɔposa aniwa no ma nisuo ba,

na onipa a ɔwɔ akoma mu no ma atenka a ɔwɔ no da adi pefee.

20Onipa a ɔto boɔ bɔ nnomaa no ma wɔde hu dwane,

na onipa a ɔsopa adamfoɔ no sɛe ayɔnkofa.

21Mpo sɛ wotwe wo nkrantɛ wɔ w’adamfo so a,

nya abasamtuo, ɛfiri sɛ ɔkwan bɛda ho.

22Sɛ wobue w’ano kasa tia wo yɔnko a,

mma no nha wo, ɛfiri sɛ mpata bɛtumi aba.

Nanso adapaabɔ, ahantan, ahuntasɛm a wɔyi no adie, anaasɛ nkontompotwafoɔ twɛdeɛ

yeinom ho deɛ ɛbɛma adamfoɔ biara adwane.

23Ma wo yɔnko nya wo mu gyidie wɔ ne hia da mu,

na ama wo ne no abom anya anigyeɛ wɔ n’ahonya mu.

Gyina n’akyi wɔ n’ahoyera berɛ mu,

sɛdeɛ ɛbɛyɛ na woanya kyɛfa wɔ n’apɛgyadeɛ mu.

24Ntutuo ne wisie a ɛfiri fononoo mu no di egya kan;

na saa na atɛnnie di mogya hwieguo anim.

25M’ani nnwu sɛ mɛbɔ me yɔnko ho ban,

na memfa me ho nsie no.

26Na sɛ ne nti menya pira bi a,

obiara a ɔbɛteɛ no bɛhwɛ ne ho yie wɔ ne ho.

Mpaebɔ a wɔbɔ de pɛ mmoa wɔ bɔneyɛ ho

27Hwan na ɔde ɔwɛmfoɔ bɛsi m’ano ho,

ne nsɔano a ɛyɛ bɛsɔ m’ano,

sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔn nti menhwe ase,

na me tɛkyerɛma ntumi nsɛe me!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help