Daniel He 2 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nebukadnessar daeɛso: Ohoni Mfrafraeɛ no

1 na emu bi yɛ dadeɛ no, ɛbɛyɛ ahennie a emu apaepaeɛ, nso dadeɛ denyɛ no bɛtena mu, sɛdeɛ wohunuu sɛ dɔteɛ afrafra dadeɛ no mu no.

42Na nansoaa a emu bi yɛ dadeɛ na ebi yɛ ɛfa no, ahennie no fa bi bɛyɛ den, na emu bi bɛyɛ mmerɛ;

43na sɛdeɛ wohunuu dɔteɛ sɛ afrafra dadeɛ no, nnipa no bɛdi afra, wɔn asefoɔ mu, na wɔremfemfam wɔn ho, sɛdeɛ dadeɛ nnya dɔteɛ mu afraeɛ no.

44Dan 7.14, 27; Yes 9.7; 1 Ko 15.24; Adi 11.15 Na ahemfo no nna no mu no ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahennie a wɔrensɛe no da, na wɔrennya n’ahennie mma ɔman foforɔ bi so, na ɛbɛbubu ahennie ahodoɔ no nyinaa ama no asa, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina daa.

45Dan 2.34 Ɛno nti sɛdeɛ wohunuu sɛ ɔboɔ a nsa anka te firii bepɔ no ho, na ɛbɛbubuu dadeɛ, kɔbere mfrafraeɛ, ɛfa, dwetɛ ne sika no muhumuhu no, saa ara na Onyankopɔn kɛseɛ no akyerɛ ɔhene deɛ daakye ɛbɛba; na daeɛ no wom na ne nkyerɛaseɛ yɛ nokorɛ.

Ɔhene bɔ Daniel aba so

46Ɛno na Ɔhene Nebukadnessar de n’anim butuu fam, na ɔkotoo Daniel, na ɔkaa sɛ wɔmmɔ no Daniel aduane afɔdeɛ ne ohwam afɔdeɛ.

47Dan 3.29; Yos 2.11; Dwom 86.8; Yes 42.8-9 Ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Ampa ara, mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyame ne ahemfo wura ne deɛ ɔyi ahuntasɛm adie, sɛ woatumi ayi saa ahuntasɛm yi adie.

48Dan 2.6 Ɛnna ɔhene yɛɛ Daniel kɛseɛ, na ɔmaa no ayɛyɛdeɛ akɛseɛ bebree, na ɔmaa no dii Babel asase nyinaa so tumi ne Babel anyansafoɔ nyinaa so mpanimfoɔ mu titire.

49Dan 3.12 Na Daniel srɛɛ ɔhene, na ɔde Sadrak, Mesak ne Abed-Nego yeyɛɛ Babel asase mu nsɛm so ahwɛfoɔ. Na Daniel deɛ, ɔtenaa ɔhene aban mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help