Kolosefoɔ 2 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Kolosefoɔ yiedie ho mmɔdemmɔ

1Na mepɛ sɛ mohunu aperepereɛ denden a medi no mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wɔnhunu m’anim ɔhonam mu nyinaa ho,

2sɛ wɔnnya deɛ ɛka wɔn akoma to wɔn yam, ɛne sɛ wɔnyɛ baako ɔdɔ mu, nnya nteaseɛ a wɔasi so dua ahonya nyinaa, na wɔahunu Nyankopɔn ahuntasɛm a ɛne Kristo no mu.

31 Ko 1.24; 1.30 Ɔno mu na wɔde nyansa ne nimdeɛ agyapadeɛ nyinaa akora.

Paulo dɔ

4 Rom 16.18 Na meka yei na obi amfa nnaadaasɛm anto mo bradɛ.

51 Ko 5.3; 14.40 Na sɛ menni hɔ wɔ honam mu mpo a, me ne mo wɔ hɔ honhom mu, na m’ani gye sɛ mehunu mo kwan a mogyina soɔ ne mo gyidie a ɛkɔ Kristo mu tim a atim no.

Wɔn honhom nkɔsoɔ ho nsiyɛ

6Enti sɛdeɛ mogyee Awurade Kristo Yesu no, monnante ne mu saa ara,

7Efe 3.17; 2.22 sɛ wɔn a wɔagye nhini, na wɔde wɔn asi ne soɔ, na wɔayɛ den gyidie mu, sɛdeɛ wɔkyerɛkyerɛɛ mo no, na wɔboro so, aseda mu.

Kristo nyameyɛ

8 Kol 2.20 Monhwɛ yie na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ soɔ, na ɛnnam Kristo so, ammɛfa mo nnommum;

9Yoh 1.14; 1.16 ɛfiri sɛ Kristo mu na Onyame ankasa mayɛ nyinaa teɛ nipadua mu,

10Efe 1.21 na moayɛ ma wɔ ne mu: Ɔno na ɔyɛ mpaninnie ne tumidie nyinaa ti,

111 Pe 3.21; Rom 2.29 ɔno mu na wɔatwa mo twetia a wɔamfa nsa antwa, na deɛ ɛwɔ honam nipadua mu a wɔyi gu hɔ no, wɔayi no wɔ Kristo twetiatwa mu.

12Rom 6.4; Kol 3.1 Na wɔasie mo ne no wɔ asubɔ mu, na ne mu na mo ne no nso anyane. Ɛnam gyidie a ɛwɔ Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no tumi adwuma so.

Kristo mpatadwuma

13 Efe 2.1; 2.5 Na mo a anka moyɛ awufoɔ, ɛsiane mo mfomsoɔ ne mo honam a twetiatwa nni mu no nti, wama mo ne no anya nkwa bi, sɛ ɔnam adom so de mfomsoɔ nyinaa akyɛ yɛn,

14Efe 2.15 na wapepa ahyɛdeɛ no mu atwerɛ a ɛtia yɛn no, na ɔde akɔbɔ asɛnnua ho de ayi afiri kwan mu,

15Kol 1.13 na watu mpaninnie ne tumidie agu ayi wɔn adi akyerɛ pefee wɔ badwam de adi wɔn so nkonim wɔ mu.

Ntamgyinafoɔ foforɔ biara nni hɔ

16 Rom 14.1-12 Enti mommma obi mmmu mo atɛn aduane anaa anonneɛ anaa afahyɛ anaa ɔsrane foforɔ anaa home nna fam,

17Heb 8.5; 10.1 na yeinom yɛ nnoɔma a ɛbɛba no ho mfonini bi ara, na deɛ ɛdi mu ara ankasa no ne Kristo.

18Kol 2.23 Mommma obi mfa anisoɔ ahobrɛaseɛ ne abɔfosom mmma nkonimboɔ no mmɔ mo, sɛ ɔkura nnoɔma a wahunu pɛn mu, na ɔhoran kwa wɔ ne honam adwene mu,

19Efe 4.15-16 nanso ɔnsɔ tire no a nipadua no nyinaa firi mu nam akwaa ne ntini biara so nya aduane na wɔtoatoa mu nyini wɔ nyini a ɛfiri Nyankopɔn mu no.

Mmara sodie nko ara nnɔɔso

20 Gal 4.3; 4.9 Enti sɛ mo ne Kristo anya awu afiri wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ ho a, adɛn nti na mode ahyɛdeɛ to mo ho soɔ sɛdeɛ moda so te wiase

21sɛ: Nsɔ mu, nka nhwɛ, mfa wo nsa nka!

22Yes 29.13; Mat 15.9 Saa nnoɔma yi nyinaa yɛ deɛ ɛkyerɛ nnoɔma hunu wɔ nnipa ahyɛdeɛ ne nkyerɛkyerɛ famu nko.

23Rom 13.14; 1 Ti 4.3 Deɛ nnoɔma yi yɛ ara ne sɛ, ɛkyerɛ nyansa wɔ anisoɔ som ne ahobrɛaseɛ ne atirimuɔden a wɔyɛ no honam so deɛ, na yeinom nyinaa mfa mfasoɔ mma na mmom ne nyinaa yɛ deɛ ɛhyɛ honam akɔnnɔ ma.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help