1 Dwom 69.2 Mefiri abunu kuronkuron mu mefrɛ wo, AWURADE.
2AWURADE, tie me nne,
wɛn w’aso
tie me nkotosrɛ.
3 Dwom 19.12 AWURADE, sɛ wodi amumuyɛdeɛ akyiri a,
hwan na anka ɔbɛgyina?
4 Yes 55.7; Rom 6.1-2 Na wo na fakyɛ wɔ wo fam,
na wɔasuro wo.
5Mehwɛ AWURADE kwan,
me kra rehwɛ kwan,
na n’asɛm so na m’ani da.
6Me kra twɛn AWURADE
sene awɛmfoɔ a wɔtwɛn adekyeeɛ,
sene awɛmfoɔ a wɔtwɛn adekyeeɛ.
7Israel, ma w’ani nna AWURADE so,
n’afam na adɔeɛ wɔ,
na ɔgyeɛ a ɛdɔɔso wɔ ne nsam.
8 Mat 1.21 Ɔno na ɔbɛgye Israel
afiri n’amumuyɛ nyinaa mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
