Sirak 24 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nyansa ho ayeyie

1Nyansa no ara yi ne ho ayɛ,

na waka n’animuonyam akyerɛ wɔ ne nkurɔfoɔ mu.

2Ɔsorosoroni no badwa mu na ɔbue n’ano kasa,

na n’asafo anim na ɔka n’animuonyam kyerɛ sɛ:

3Mefiri Ɔsorosoroni no anom na ɛbaeɛ,

na mekataa asase so sɛ kusukuukuu.

4Metenaa ɔsoro a ɛkorɔn,

na m’ahennwa yɛ mununkum fadum.

5Me nko ara na mekyinii ɔsoro adan mu

na menantee ebunu ase tɔnn.

6Ɛpo asorɔkye mu, asase so nyinaa,

ne nnipa nyinaa so ne ɔman a masɔ mu ahim.

7Yeinom nyinaa mu mehwehwɛɛ ahomegyebea;

hwan asase so na mentena?

8Afei nnoɔma nyinaa Bɔfoɔ no hyɛɛ me,

na me Bɔfoɔ no maa me baabi maa mesii me ntomadan.

Ɔkaa sɛ: Yɛ wo tenabea wɔ Yakob mu,

na nya w’agyapadeɛ wɔ Israel mu.

9Ɔbɔɔ me ansa na mmerɛ santen mfitiaseɛ reba,

na mmerɛ santen nyinaa mu mɛkɔ so ara atena ase.

10Ntomadan kronkron no mu hɔ na mesomm wɔ n’anim,

na ɛno nti wɔde me sii Sion.

11Na kuro a wɔdɔ no mu na ɔmaa me ahomegyebea,

na Yerusalem yɛɛ m’ahemman.

12Megyee nhini wɔ nnipa animuonyamfoɔ bi mu,

Awurade kyɛfa mu na n’apɛgyadeɛ wɔ.

13Menyini yɛɛ tentene te sɛ tweneduro wɔ Lebanon,

te sɛ pepeaa a ɛwɔ Hermon apampam.

14Menyini yɛɛ tentene te sɛ abɛ dua wɔ En-gedi,

me nhwiren rose wɔ Yeriko;

te sɛ ngo dua fɛfɛ wɔ afuom,

menyini yɛɛ tentene te sɛ dua a ɛsi nsuo ho.

15Meyii hwam te sɛ bɛwewonua ne yoma nkasɛɛ,

na memaa me hwam gyee hɔ sɛ kurobo mapa,

te sɛ prɛkɛsɛ hwanhwam, nworahwam ne aneneduro,

te sɛ aduhwam hwa wɔ ntomadan mu.

16Sɛdeɛ odupɔn teɛ no, saa ara na metrɛɛ me mman mu,

na me mman yɛ animuonyam na ɛyɛ fɛ.

17Na mesoo fɛfɛɛfɛ sɛ bobe,

na me nhyerɛneguo yɛ animuonyam ne abasoɔ pii.

18[Meyɛ ɛna ma ahoɔfɛ dɔ, suro, nimdeɛ, ne anidasoɔ kronkron;

sɛ mete aseɛ daa yi, wɔde me ma me mma nyinaa, wɔn a wabɔ wɔn din no.]

19Bra me nkyɛn, wo a wopɛ me,

na di me nnuaba mee.

20Na me ho nkaeɛ yɛ dɛ sene ɛwoɔ,

na me nya yɛ dɛ sene ɛwoɔkyɛm.

21Wɔn a wɔnya me die no bɛdi me ho kɔm bebree,

na wɔn a wɔnom me no bɛdi me ho sukɔm bebree.

22Obiara a ɔyɛ setie ma me no ani renwu,

na wɔn a wɔne me yɛ adwuma no renyɛ bɔne.

Nyansa ne mmara no

23Yei nyinaa yɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn apam nwoma no,

mmara a Mose hyɛɛ yɛn no

sɛ agyapadeɛ ma Yakob asafo no.

24[Nnyae sɛ wobɛma wo ho ayɛ den wɔ Awurade mu,

bata ne ho na ama wahyɛ wo den;

Awurade Tumfoɔ no nkutoo ne Onyankopɔn,

na agyenkwa biara nka ne ho.]

25Ɔma nyansa ma no bu su sɛ Pison,

te sɛ Tigris wɔ berɛ a anya n’aba a ɛdi kan.

26Ɛnya nteaseɛ, na ayiri afa so te sɛ Eufrate, te sɛ Yordan wɔ ɔtwa berɛ mu.

27Ɛhwie nkyerɛkyerɛ gu sɛ Nil,

te sɛ Gihon wɔ berɛ a wɔretete bobe aba.

28Onipa a ɔdi kan no nnim nyansa nkɔsi ase,

anaasɛ deɛ ɔtwa toɔ no ante no ase anwie.

29Ɛfiri sɛ n’adwene dɔɔso sene ɛpo,

na n’agyinatuo mu dɔ sene ebunu donkodonko.

30Me deɛ, na mete sɛ suka a ɛfiri asubɔnten mu,

te sɛ nsu kwan a ɛde kɔ turo mu.

31Mekaa sɛ: Mɛgugu me turo so nsuo

na mafɔ nhwiren nsase.

Na hwɛ, me suka bɛyɛɛ asubɔnten,

na m’asubɔnten bɛyɛɛ ɛpo.

32Bio, mɛma nkyerɛkyerɛ ahyerɛn te sɛ adekyeeɛ,

na mama ɛho ada adi pefee afiri akyiri.

33Bio, mɛhwie nkyerɛkyerɛ agu te sɛ nkɔmhyɛ,

na magya hɔ ama daakye awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa.

34Hyɛ no nso sɛ ɛnyɛ me nko na medii dwuma no,

na mmom wɔn a wɔhwehwɛ nyansa nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help