1Na Ɔsɔfopanin Eliasib ne ne nuanom asɔfoɔ no sɔree na wɔsii Nnwan Pono no. Wɔdwiraa ho na wɔsisii n’apono no. Wɔyɛɛ no kronkron firii Ɔha Abantenten no ho de kɔsii Hananel Abantenten no ho.
2Na Yeriko mmarima sii deɛ ɛtoa soɔ, na Imri ba Sakur nso sii deɛ ɛtoa soɔ.
3Na Mpataa Pono no, Senaa mma na wɔsiiɛ, wɔn na wɔsamm soɔ na wɔsisii n’apono, ne mpratwom ne n’adaban.
4Wɔn nkyɛn mu na Hakkos ba Uria ba Meremot miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu nso na Mesesabel ba Berekia ba Mesulam miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu na Baana ba Sadok miamiaa mu.
5Wɔn nkyɛn mu na Tekoafoɔ miamiaa mu, na wɔn aberempɔn amfa wɔn kɔn amɛhyɛ wɔn wura adwuma no mu.
6Na ɛpono dada no, Pasea ba Yoida ne Besodeia ba Mesulam miamiaa mu. Wɔn na wɔsamm soɔ, na wɔsii n’apono ne ne mpratwom ne n’adaban.
7Wɔn nkyɛn mu na Gibeonni Melatia ne Meronotni Yadon, Gibeon ne Mispa mmarima a wɔhyɛ asuogya amrado no aseɛ no miamiaa mu.
8Deɛ ɛtoa wɔn so na Harhaia ba Usiel a ɔfiri sika adwumfoɔ mu no miamiaa mu. Deɛ ɛtoa ne so na Hanania, nnufrafoɔ ba no miamiaa mu, na wɔmaa Yerusalem yɛɛ den de kɔsii ɔfasuo tɛtrɛtɛ no so.
9Wɔn nkyɛn mu na Hur ba Refaia, Yerusalem fa so safohene, miamiaa mu.
10Deɛ ɛtoa wɔn so mu na Harumaf ba Yedaia miamiaa ne fie ntentensoɔ deɛ no mu. Deɛ ɛtoa ne so mu na Hasabneia ba Hatus miamiaa mu.
11Esini bi nso na Harim ba Malkia ne Pahat-Moab ba Hasub miamiaa mu, ne afononoo abantenten no nso.
12Deɛ ɛtoa ne so na Halohes ba Salum, Yerusalem fa so safohene, miamiaa mu, ɔno ne ne mmammaa.
13Bonhwa Pono no, Hanum ne Sanoafoɔ miamiaa mu, wɔn na wɔtoeɛ na wɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban, na wɔtoo ɔfasuo no basafa ahanum de kɔsii Sumina Pono ano.
14Sumina pono no deɛ, Rekab ba Malkia, Bet-hakerem ɔmansin no so safohene, na ɔmiamiaa mu, ɔno na ɔtoeɛ, na ɔkataa soɔ, na ɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban.
15 Yoh 9.7 Na Nsutire Pono no, Kol-hose ba Salum Mispa abupɛn no so safohene, na ɔmiamiaa mu, ɔno na ɔtoeɛ na ɔkataa soɔ na ɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban. Ɔtoo nsuka ho fasuo nso, ɔhene turo no ho de kɔsii ntwedeɛ a ɛsiane firi Dawid kuro mu no ho.
16Ɔno so na Asbuk ba Nehemia, Betsur ɔmansin fa so safohene, bɛtoa miamiaa mu de kɔsii Dawid adamena ntentensoɔ ne ɔtareɛ a wɔyɛeɛ no ho ara de kɔsii nnɔmmanin fie.
17Ɔno so na Lewifoɔ no, Bani ba Rehum bɛtoa miamiaa mu. Deɛ ɛtoa ne so na Hasabia, Keila abupɛn fa so safohene, miamiaa mu maa ne mansini.
18Ɔno so na wɔn nuanom Henadad ba Bawai, Keila ɔmansin fa so safohene, bɛtoaa so miamiaa mu.
19Deɛ ɛtoa ne so na Yesua ba Eser, Mispa safohene, miamiaa esini a ɛka ho no mu, kokoam amiadeɛ dan ntwedeɛ no ntentensoɔ.
20Neh 3.1 Ɔno so na Sabai ba Baruk bɛtoa bɔɔ mmɔden miamiaa esini a ɛka ho no mu firi ntweaso no ho de kɔsii Ɔsɔfo panin Eliasib fie pono ano.
21Esra 8.33 Ɔno so na Hakos ba Uria ba Meremot bɛtoa miamiaa esini a ɛtɔ so mmienu no mu de firi Eliasib fie pono ano kɔsii Eliasib fie awieeɛ nohoa.
22Ɔno so na asɔfoɔ no, Yordan nsunoafoɔ no, bɛtoaa so miamiaa mu.
23Wɔn so na Benyamin ne Hasub bɛtoaeɛ wɔn fie ntentensoɔ. Wɔn so na Anania ba Maaseia ba Asaria bɛtoaeɛ wɔ ne fie ho.
24Ɔno so na Henadad ba Binui bɛtoaeɛ miamiaa esini a ɛka ho no mu de, firi Asaria fie no ho kɔsii kokoa no mu ne ntweaso no ho.
25Yer 32.2; 33.1 Usai ba Palal dii ntweaso no ne abantenten a ɛtene firi atifi ahemfie nneduafoɔ abannwa ho no ntentensoɔ. Ɔno so na Paros ba Pedaia diiɛ.
26Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel de kɔsii Nsuo Pono no ntentensoɔ apueeɛ, ne abantenten a ɛfiri adie no fam.
27Ɔno so na Tekoafoɔ no bɛtoaeɛ miamiaa esini a ɛtɔ so mmienu mu abantenten kɛseɛ a ɛfiri adie no ntentensoɔ kɔsii Ofel fasuo no ho.
28 2 Ah 11.16 Ɛfiri Apɔnkɔ Pono ano na asɔfoɔ no miamiaa deɛ ɛwɔ wɔn afie ntentensoɔ mu.
29Wɔn so na Imer ba Sadok bɛtoaɛ ne fie ntentensoɔ. Ɔno so na Sekania ba Semaia, Apueeɛ Pono ano hwɛfoɔ no, bɛtoaeɛ.
30Ɔno so na Selemia ba Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf ba a ɔtɔ so nsia no, bɛtoaeɛ miamiaa esini a ɛtɔ so mmienu no mu. Ɔno so na Berekia ba Mesulam bɛtoaeɛ ne pia ntentensoɔ.
31Ɔno so na Malkia, sika dwumfoɔ ba no, bɛtoaeɛ kɔsii nsɔfokwaa ne adwadifoɔ no fie, Badwa Pono no ntentensoɔ kɔsii ntweaso abansoro dan no ho.
32Na ntweaso abansoro dan no ne Nnwan Pono no ntam no, sika adwumfoɔ ne adwadifoɔ na wɔmiamiaa mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.