1Monyi AWURADE ayɛ!
Mo AWURADE nkoa, monyi ayɛ,
monyi AWURADE din ayɛ.
2Nhyira nka AWURADE din
mfiri nnɛ nkɔsi daa.
3Ɛfiri owiapueeɛ kɔpem n’atɔeɛ,
AWURADE din sɛ ayeyie.
4Wɔama AWURADE so amanaman nyinaa so,
n’animuonyam tra ɔsoro.
5 Eks 15.11; Yes 57.15 Hwan na ɔte sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn
a ne tenabea wɔ soro,
6 Luk 1.48 na ɔbrɛ ne ho ase hwɛ fam,
ɔsoro ne asase soɔ?
7 Gye 41.40-41; 1 Sa 2.8 Ɔma mmɔborɔni so firi mfuturo mu,
na ɔma ohiani so firi sumina so,
8sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma nkyɛn,
ne man mu mmapɔmma.
9 Gye 21.2; 1 Sa 1.20; 2.21; Luk 1.57-58 Ɔma ɔbaabonini nya efie tena mu,
na ɔyɛ ɔbaatan a n’ani gyeɛ.
Monyi AWURADE ayɛ!
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
