1Na ɔmaa n’ani so hunuu adefoɔ a wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ regu ɛtoɔ adaka no mu.
2Na ɔhunuu ɔbaa kunafoɔ hiani bi nso a ɔde mpɛsewa mmienu bɛguu mu.
3Asɔrefie sɛeɛ ho nkɔmhyɛ(Mateo 24.1-21; Marko 13.1-19)
5Na ebinom reka asɔrefie no ho asɛm sɛdeɛ wɔde abo fɛfɛ ne adekyɛdeɛ ahyehyɛ no no, ɔkaa sɛ:
6Nsɛm a ɛdi ɔsɛeɛ yi anim
7Na wɔbisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, da bɛn na yeinom bɛba, na yeinom rebɛba a, ɛho nsɛnkyerɛnneɛ ne sɛn?
8Na ɔse: Monhwɛ na wɔannaadaa mo, na nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na, Ɛberɛ no abɛn. Na enti monnni wɔn akyi!
9Na sɛ mote ɔko ne basabasayɛ a, mommma no mmɔ mo hu; na ɛtwa sɛ yeinom ba kane; nanso awieeɛ no deɛ, na ɛnnurui.
Akodie ne asasewosoɔ10Ɛnna ɔsee wɔn sɛ: Ɔman bɛsɔre ɔman so ne ahennie ahennie so.
11Na asasewosoɔ kɛseɛ bɛba mmeammea, na ɛkɔm ne yaredɔm bɛba; na ahudeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ bɛfiri soro aba.
Ɔtaa12 Ɔgyeɛ
14 Atamfoɔ bɛtwa Yerusalem ho ahyia
20 Na sɛ mohunu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnneɛ monhunu sɛ ne sɛeɛ abɛn.
21Ɛnna momma wɔn a wɔwɔ Yudea nnwane nkɔ mmepɔ soɔ, na wɔn a wɔwɔ Yerusalem mfiri mu nkɔ, na wɔn a wɔwɔ nkuraa no, mommma wɔnnkɔ mu,
22Kuro no sɛeɛ
23 Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔma nufoɔ nna no mu no nnue! Na ahohia kɛseɛ bɛba asase no so, na abufuo bɛda ɔman yi so.
24Onipa ba no ba(Mateo 24.29-30; Marko 13.24-26)
25 Na nsɛnkyerɛnneɛ bɛba owia ne ɔsrane ne nsoromma mu, na amanaman ho bɛyera wɔn asase so, ɛpo ne asorɔkyeɛ a ɛrehuro no nti;
26na ehu ne nnoɔma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ bera; ɛfiri sɛ wɔbɛwoso ɔsoro ahoɔden.
27Borɔdɔma no ho adesua(Mateo 24.32-35; Marko 13.28-31)
29Na ɔbuu wɔn bɛ sɛ: Monhwɛ borɔdɔma ne nnua nyinaa!
30Sɛ ɛnya fefɛ na mohwɛ a, mo ankasa mohunu sɛ ahuhuro berɛ anya abɛn.
31Saa ara na mo nso, sɛ mohunu sɛ yeinom reba a, monhunu sɛ Nyankopɔn ahennie abɛn.
32Nokorɛ mese mo sɛ, awoɔ ntoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.
33Kɔkɔbɔ
34
37Nso da biara no, na ɔkyerɛkyerɛ asɔrefie hɔ awia, na anadwo na wafiri hɔ akɔtena bepɔ a wɔfrɛ no Ngo Bepɔ no so.
38Na ɔman no nyinaa tua anɔpa ba ne nkyɛn asɔrefie hɔ bɛtie no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
