1 Eks 4.22; Mat 2.15 Israel yɛ aberanteɛ no, na medɔ no,
na Misraim na mefrɛɛ me ba firiiɛ.
2Berɛ dodoɔ a mefrɛɛ wɔn no,
dodoɔ no ara na wɔfirii m’anim kɔeɛ;
wɔkɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahodoɔ,
na wɔhyee aduhwam maa ahoni.
3Nso me na megyegyee Efraim taataa;
meturuu wɔn m’abasa so,
na wɔanhunu sɛ masa wɔn yadeɛ.
4Nnipa nhoma na mede metwee wɔn,
ne ɔdɔ ntampehoma nso,
na meyɛɛ wɔn sɛ deɛ
ɔmema kɔnnua soɔ wɔ wɔn nnyepi so,
na meyɛɛ no brɛɛ memaa no didii.
5Ɔbɛsane n’akyiri akɔ Misraim asase so bio,
na Asiria na ɔyɛ ne hene,
ɛfiri sɛ wɔampene sɛ wɔsane wɔn akyire ba me nkyɛn.
6Na wɔn agyinatuo ahodoɔ no nti
afena bɛkyinkyini ne nkuro mu,
na ɛbɛsɛe n’apono akyiri adaban awie.
7Me so atuateɛ nko ara na me man de asi wɔn anim,
na wɔfrɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ soro a,
wɔn mu biara mmua me mpo.
8 Deut 29.23; Yer 31.20 Anka mɛyi wo mama sɛn, O Efraim,
na magyaa wo mu sɛn, O Israel!
Adɛn nti na mɛyi wo mama sɛ Adma,
na mayɛ wo sɛ Seboim?
M’akoma adane wɔ me mu, aane!
mmɔborɔhunu agye me yam nyinaa.
9 Kwa 3.31-36 Merenni m’abufuhyeɛ no so,
merensane memmɛsɛe Efraim;
na Onyankopɔn ne me, na ɛnyɛ onipa,
wo mu kronkronni ne me,
na meremma abohuro so.
10 Yes 31.4-5; Yer 25.30; Hos 1.10 Wɔbɛdi AWURADE
a ɔbɛbobom sɛ gyata akyi,
ampa ara ɔbɛbobom,
na mma de ahopopoɔ afiri po akyiri aba.
11Wɔde ahopere bɛfiri Misraim aba sɛ nnomaa,
na wɔafiri Asiria asase so aba sɛ mmuruburo,
na mede wɔn madua wɔn afie mu, AWURADE asɛm nie.
12Efraim de atorɔ
na Israel fie de nsisie atwa me ho ahyia,
nanso Yuda deɛ ɔbɔ Onyankopɔn,
Ɔkronkronni ne Nokwafoɔ no ho kɔntɔnkrɔn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
