2 Makabee 1 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Wɔde krataa kɔma Yudafoɔ a wɔwɔ Misraim

1Yudafoɔ a wɔwɔ Yerusalem ne wɔn a wɔwɔ Yudea asase soɔ,

Twerɛ kɔma wɔn nuanom Yudafoɔ a wɔwɔ Misraim,

Yɛkyea mo, na asomdwoeɛ mapa nka mo.

2Onyankopɔn nnom mo nnepa, na ɔnkae n’apam a ɔne Abraham, Isak, Yakob ne ne nkoa nokwafoɔ no yɛeɛ no.

3Ɔmma mo nyinaa akoma a mode bɛsom no, na mode akoma a ɛyɛ den ne honhom a ɛwɔ ɔpɛ ayɛ n’apɛdeɛ.

4Ɔmmue mo akomam mma ne mmara ne n’ahyɛdeɛ, na ɔmfa asomdwoeɛ mmra.

5Ɔntie mo mpaebɔ na ɔnka mo ne no mmom, na mma ɔnnyae mo wɔ amanehunu berɛ mu.

6Seesei ara yɛrebɔ mpaeɛ ma mo wɔ ha.

7Demetrius ahennie berɛ so, afe ɔha aduosia ne nkron mu, yɛn Yudafoɔ twerɛ brɛɛ mo wɔ ɛberɛ a amanehunu denden baa yɛn so wɔ mfeɛ a ɛdi Yason ne ne mfɛfoɔ tee atua wɔ asase kronkron ne ahennie no soɔ,

8ɔhyee ɛpono no na ɔkaa mogya a ɛdi bem gui. Yɛbɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Awurade na ɔtiee yɛn, na yɛbɔɔ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ, na yɛsosɔɔ nkanea na yɛhyehyɛɛ paanoo no.

9Afei hwɛ sɛ monhwɛ sɛ mobɛdi asese afahyɛ wɔ bosome Kislew mu wɔ afe ɔha aduɔwɔtwe nwɔtwe no mu.

Krataa a wɔde kɔmaa Aristobulus

10Nnipa a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea, mmarahyɛ badwafoɔ ne Yuda,

Twerɛ kɔma Aristobulus, a ɔfiri asɔfoɔ a wɔasra wɔn mu no, Ɔhene Ptoleme kyerɛkyerɛni, de rekɔma Yudafoɔ a wɔwɔ Misraim no,

Yɛkyea mo na yɛma mo apɔmuden.

11Onyankopɔn agye yɛn afiri mmusuo kɛseɛ mu yi, yɛda no ase pa ara sɛ ɔbaa yɛn afa de tiaa ɔhene no,

12ɛfiri sɛ ɔpamoo wɔn a wɔko tiaa kuro kronkron no.

131 Mak 6.1-4; 2 Mak 9.1-10 Ɛberɛ a ɔkannifoɔ no de akofoɔ a wɔayɛ sɛdeɛ wɔntumi nsi wɔn kwan no duruu Persia no, bosombaa Nanea asɔfoɔ nam nnaadaa kwan so twitwaa wɔn mu asinasini wɔ Nanea abosonnan mu hɔ.

14Ɔboapa yɛɛ sɛdeɛ wɔreware no no, Antiokus ne ne Nnamfonom baa beaeɛ hɔ, sɛ wɔrekɔfa n’agyapadeɛ dodoɔ no ara sɛ tiadeɛ.

15Ɛberɛ a na Nanea abosonnan mu asɔfoɔ abuebue agyapadeɛ no soɔ na Antiokus ne mmarima kakra bi ahyɛne fasuo no mu wɔ kronkronbea hɔ no, wɔtoo abosonnan no mu ɛberɛ a ɔhyɛnee mu no.

16Wɔbuee nsumaeɛm pono bi wɔ nsamsoɔ ani, wɔtotoo aboɔ bobɔɔ ɔkannifoɔ no ne ne mmarima no; wɔtwitwaa wɔn mu na wɔtwitwaa wɔn ti na wɔtoo wɔn guu nkurɔfoɔ no so wɔ adihɔ.

17Nhyira nka yɛn Nyankopɔn wɔ akwan nyinaa mu, ɔno a ɔde atemmuo aba wɔn a wɔayɛ amumuyɛ nneyɛɛ no so.

Ogya hye Nehemia afɔdeɛ

18Ɛsiane sɛ, ɛfiri bosome Kislew da a ɛtɔ so aduonu nnum yɛbɛhyɛ asɔredan ho teɛ ho fa no, yɛdwene hunuu hia a ɛhia sɛ yɛbɛyi mo asotire, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo nso mobɛdi asese afahyɛ ne ogya afahyɛ a wɔde ama wɔ ɛberɛ a Nehemia a ɔsii asɔredan ne afɔrebukyia no, bɔɔ afɔdeɛ.

19Ɛfiri sɛ ɛberɛ a na wɔafa yɛn nananom dommum rekɔ Persia no, ɛberɛ no mu nyamesuro asɔfoɔ no faa afɔrebukyia gya no bi na wɔde siee abura bi a nsuo nni mu no mu wɔ kokoam, na wɔyɛɛ ahwɛyie sɛ beaeɛ no, obiara nnim hɔ.

20Nanso mfeɛ bebree twaam, ɛberɛ a ɛsɔɔ Onyankopɔn ani, na Persia hene yii Nehemia, na Nehemia somaa asɔfoɔ no asefoɔ a wɔde ogya no asie no sɛ wɔnkɔfa mmra. Na ɛberɛ a wɔbɛka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔanhunu ogya na mmom nsuo pikaa no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmfa mmɔ mu na wɔmfa mmra.

21Ɛberɛ a wɔde nnoɔma a wɔde bɛbɔ afɔdeɛ no kyerɛeɛ no, Nehemia hyɛɛ sɛ wɔmfa nsuo no mpete nnyina no so ne nnoɔma a wɔde agu soɔ no so.

22Na ɛberɛ a wɔwiee yei no na ɛberɛ kakra twaam no, na owia a na wɔakata anim no pueeɛ no, ogya kɛseɛ pu bae, na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwanwa.

23Na ɛberɛ a afɔdeɛ no gu so rehyeɛ no, asɔfoɔ no bɔɔ mpaeɛ, asɔfoɔ no ne obiara. Yonatan dii kan, na nkaeɛ no gyee so, sɛdeɛ Nehemia yɛeɛ no.

24Sei na na mpaeɛ no reka:

O Awurade, Awurade Nyankopɔn, abɔdeɛ nyinaa Bɔfo, woyɛ ahunabɔbirim ne ɔhoɔdenfoɔ, pɛpɛɛpɛni ne mmɔborɔhunufoɔ, wo nko ara ne ɔhene a wo yam yɛ,

25wo nko ara ne ɔdɛɛfoɔ, na wo nko ara ne deɛ ɔtene, otumfoɔ ne mmerɛ santen. Wogyee Israel firii mmusuo mu; woyii nananom na wotee wɔn ho.

26Gye saa afɔdeɛ yi wɔ wo man Israel nti, na kora wo kyɛfa na ma no nyɛ kronkron.

27Ka yɛn nkurɔfoɔ a wɔabɔ apete no boa ano, na wɔn a wɔyɛ nkoa wɔ Amanaman mufoɔ mu no, ma wɔn fawohodie, hwɛ wɔn a wɔapo wɔn na wɔbu wɔn animtia no, na ma Amanaman no nhu sɛ wone yɛn Nyankopɔn.

28Twe wɔn a wɔhyɛ nkurɔfoɔ soɔ no na wɔde ahantan yɛ dwɛɛ no aso.

29Fa wo nkurɔfoɔ sisi wo kronkronbea hɔ, sɛdeɛ Mose hyɛɛ bɔ no.

30Ɛnna afei asɔfoɔ no too dwom.

31Na afɔrebɔ nnoɔma no hye wiee no, Nehemia hyɛɛ sɛ wɔnhwie nsuo nkaeɛ no ngu aboɔ akɛseɛ no so.

32Wɔyɛɛ yei no, ogya dɛre kɔɔ soro; nanso ɛberɛ a kanea a ɛfiri afɔrebukyia no soɔ no hyerɛneeɛ no, ɛdumii.

33Ɛberɛ a asɛm yi bɛdaa adie no, na wɔkɔka kyerɛɛ Persia hene no sɛ, beaeɛ a nnommum asɔfoɔ no de ogya kɔsieeɛ no, nsuo no apue na Nehemia ne wɔn a wɔka ne ho no de ahye afɔrebɔ nnoɔma no,

34ɔhene no hwehwɛɛ asɛm no mu, na ɔgyee beaeɛ hɔ ho ban na ɔyɛɛ hɔ kronkronbea.

35Na wɔn a wɔsɔɔ ɔhene ani no, ɔmaa wɔn akyɛdeɛ a ɛkyɛnsoɔ bebree.

36Na Nehemia ne wɔn a wɔka ne ho no frɛɛ yei sɛ “Neftar”, a ne nkyerɛaseɛ ne ahoteɛ, nanso nnipa dodoɔ no ara frɛɛ no nafta.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help