Hosea 3 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nyankopɔn ntoboaseɛ

1 Hos 1.2 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ bio na kɔdɔ ɔbaa dwamammɔni a ɔyɛ ɔwaresɛefoɔ, sɛ AWURADE dɔ Israel mma na wɔn deɛ, wɔdane kɔ anyame foforɔ nkyɛn na wɔdɔ bobe aba taterɛ no.

2Na mede nnwetɛbena dunum ne atokoɔ homer baako ne atokoɔ letek baako a ɛyɛ homer fa metɔɔ no.

3Na meka kyerɛɛ no sɛ: Tena ha ma me nna pii, mmɔ adwaman na nyɛ ɔbarima bi deɛ, na me nso me ne wo atena saa.

42 Be 15.3 Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wɔnni hene na wɔnni bapɔmma, na wɔnni afɔdeɛ na wɔnni ɔbosom dum, na wɔnni asɔfotadeɛ ne abusua ahoni.

5Yer 30.9, 21, 22; Hes 34.23-24 Akyire yi no Israel mma bɛsane abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n’adɔeɛ ho, nna a ɛdi akyire no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help