Gyenesis 25 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Abraham ne Ketura mma(1 Berɛsosɛm 1.32-33)

1 Esau ne Yakob awoɔ

19Na yeinom ne Abraham ba Isak awoɔ ntoatoasoɔ: Abraham woo Isak.

20Na Isak dii mfirinhyia aduanan no, ɔwaree Rebeka, Aramni Betuel ba a ɔfiri Mesopotamia no ne Aramni Laban nua.

21Na Isak srɛɛ AWURADE maa ne yere, ɛfiri sɛ na ɔyɛ obonini. Na AWURADE tiee n’adesrɛ no, na ne yere Rebeka nyinsɛnee.

22Na nkɔkoaa no pempem wɔn ho wɔ ne yam. Na ɔse: Sɛ ɛte saa a, na mete ase reyɛ deɛn? Na ɔkɔbisaa AWURADE.

23

26Na ɛno akyiri no, ne nua no firi bae, na ne nsa kura Esau nantin, enti wɔtoo no din Yakob. Na wɔwoo wɔn no, na Isak adi mfeɛ aduosia.

Esau tɔn ne panin

27Na mmɔfra no nyinii. Na Esau nim ahayɔ yie, na ɔyɛ ɔhamuni, na Yakob deɛ na ɔyɛ onipa a ɔmpɛ kasa a daa ɔte ntomadan mu.

28Na Isak dɔ Esau, ɛfiri sɛ na ne hanam yɛ no dɛ; na Rebeka deɛ, ɔdɔ Yakob.

29Yakob noaa aduane bi, na Esau firi wiram baeɛ no, na wabrɛ.

30Na Esau ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Ma me adeɛ kɔkɔɔ yi bi menni ɛ, na mabrɛ. (Enti wɔde too no din Edom)

31Na Yakob kaa sɛ: Tɔn wo panin ma me nnɛ.

32Na Esau kaa sɛ: Hwɛ, wuo na merebɛwuo yi, na ɔpanin yi bɛyɛ me deɛn?

33Gye 27.36; Heb 12.16 Na Yakob kaa sɛ: Ka ntam kyerɛ me nnɛ. Na ɔkaa ntam kyerɛɛ no tɔn ne panin maa Yakob.

34Ɛnna Yakob maa Esau paanoo ne asedua a wanoa; na ɔdii, na ɔdidi nomee, na ɔsɔre kɔe. Na sɛdeɛ Esau ammu ne panin ne no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help