Yona 1 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Yona frɛ ne n’asoɔden

1 2 Ah 14.25 Na AWURADE asɛm baa Amitai ba Yona nkyɛn sɛ:

2Sɔre kɔ Ninewe kuro kɛseɛ no mu, na pae mu ma wɔnhu sɛ wɔn bɔne aforo aba m’anim.

3Dwom 139.7, 9-10 Ɛnna Yona sɔree sɛ ɔredwane akɔ Tarsis afiri AWURADE anim, na ɔsiane kɔɔ Yopa, na ɔkɔhunuu ɛhyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis; na ɔtuaa ka kɔɔ mu sɛ ɔredwane AWURADE anim ne wɔn akɔ Tarsis.

4Na AWURADE maa mframa a ano yɛ den bɛbɔe wɔ ɛpo no so, na ahum kɛseɛ tui wɔ ɛpo no so, na ɛhyɛn no yɛɛ sɛdeɛ ɛrebɛbɔ.

Yona frɛ ne n’asoɔden

5Na ɛhyɛn no mufoɔ no suroe, na wɔteateaa mu frɛfrɛɛ wɔn anyame, na wɔtotoo ɛhyɛn no mu adwadeɛ guguu po mu na ayɛ hare ama wɔn; nso Yona deɛ, na wasiane kɔ ɛhyɛn no yam akɔda hatee.

6Ɛnna ɛhyɛn mu panin no kɔɔ Yona nkyɛn, na ɔbisaa no sɛ: Worepɛ akyerɛ sɛn nti a wada hatee saa yi? Sɔre su frɛ wo nyame, sɛ ebia ɔbɛdwene yɛn ho na yɛantotɔ wɔ ha.

7 Mmb 16.33 Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Mommra mma yɛntwe ntonto mfa nhunu deɛ ne nti saa amaneɛ yi aba yɛn soɔ yi. Na wɔtwee ntonto no, ntonto no bɔɔ Yona.

8Ɛnna wɔsrɛɛ Yona sɛ: Kyerɛ yɛn deɛ ne nti saa amaneɛ yi aba yɛn soɔ yi? W’adwuma ne sɛn, na ɛhe na wofiri baeɛ? Wofiri ɔman bɛn mu, wo nkyi ne he?

9Gye 1.9-10 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Meyɛ Hebrini, na mesɔre AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɛpo ne asase pɛsɛɛ no.

10Ɛnna nnipa no suroo pii pa ara, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Na na nnipa no nim sɛ AWURADE anim na ɔredwane afire, ɛfiri sɛ na waka akyerɛ wɔn.

11Na wɔbisaa no sɛ: Ɛdeɛn na yɛnyɛ woɔ, na ɛpo no ano nnwo mma yɛn? Ɛfiri sɛ, na ɛpo no gu so ara rehuru.

12Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa me na monto me ntwene ɛpo no mu, na ɛpo no bɛdwo ama mo; na menim sɛ me nti na ahum kɛseɛ yi aba mo soɔ yi.

Yona asotwe

13Nanso nnipa no bɔɔ mmɔden biara sɛ wɔresane aba asase pɛsɛɛ so, na wɔantumi, ɛfiri sɛ na ɛpo no gu so rehuru hyia wɔn ara.

14Ɛnna wɔsu frɛɛ AWURADE sɛ: O AWURADE, onipa yi kra nti mma yɛntotɔ, na mfa mogya a yɛdi ho bem ngu yɛn so, na wo, AWURADE, na woyɛ sɛdeɛ wopɛ.

15Ɛnna wɔmaa Yona so too no twenee ɛpo no mu, na ɛpo no gyaee ne bagyabagyayɛ no.

16Na nnipa no suroo AWURADE pii pa ara, na wɔbobɔɔ afɔdeɛ maa AWURADE, na wɔhyehyɛɛ no bɔ.

17 Mat 12.40; 16.4 Nso na AWURADE asiesie apataa kɛseɛ bi sɛ ɔmmene Yona. Na Yona dii apataa no yam nnansa awia ne anadwo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help