Nnwom 27 - Twer? Kronkron(ASWDC)

AWURADE ne me hann ne me nkwagyeɛDawid deɛ.

1 Dwom 56.4; Yes 12.2 AWURADE ne me hann ne me nkwagyeɛ,

hwan na mensuro no?

AWURADE ne me nkwa ahoɔden,

hwan anim na me ho mpopoɔ?

2 Hiob 19.22 Nnipa bɔne a wɔhyɛ me so

na wɔtane me,

sɛ wɔretoa me abɛsunsuane me a,

wɔawatiwatiri na wɔahwehwe ase.

3 Dwom 3.6 Sɛ dɔm kyere me so nsraban a,

m’akoma rentu;

sɛ wɔtu me so sa a,

ɛno mu mpo na me ho tɔ me.

4 Dwom 23.6; 26.6-8; 42.4; 63.2; 84.3-4 Adeɛ baako na masrɛ AWURADE,

ɛno na mɛhwehwɛ akyire kwan;

sɛ me nna a medie nyinaa

mɛtena AWURADE fie,

na mahwɛ AWURADE animteɛ,

na madwene me tirim wɔ n’asɔrefie.

5 Dwom 31.20; 40.2 Na ɔkora me ne sese mu

wɔ hia da,

ɔde me hunta ne ntomadan ahuntaeɛ,

ɔma me so gyina ɔbotan so.

6Na afei ɔbɛma me tiri so,

m’atamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no so,

na mabɔ ne ntomadan mu

ayeyie afɔdeɛ,

na mato AWURADE sankuo dwom.

7AWURADE, tie me sufrɛ;

hu me mmɔbɔ, na gye me so.

8 Deut 4.29 Woaka sɛ: Monhwehwɛ m’anim, nti,

m’akoma se wo sɛ:

AWURADE, w’anim na merehwehwɛ.

9Nyi w’anim nhunta me,

mfa abufuo mpamo w’akoa.

Me boafoɔ ne wo,

nto me ntwene, na nnya me,

me nkwagyeɛ Nyankopɔn.

10 Yes 49.15 Na m’agya ne me na agya me,

na AWURADE deɛ, ɔgye me.

11 Dwom 25.4; 86.11; 139.24 AWURADE, kyerɛ me wo kwan,

na fa me fa ɔtempɔn tamaa so,

m’atɛfoɔ nti.

12Nnane me mma sɛdeɛ m’atamfoɔ pɛ,

na adansekurumfoɔ asɔre atia me,

ne wɔn a wɔpu aniɛdensɛm.

13 Dwom 142.5; Yes 38.11 Megye medi sɛ mɛhunu AWURADE ayamyɛ,

ateasefoɔ asase so.

14 Dwom 31.24 Ma w’ani nna AWURADE so,

hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru,

Aane, ma w’ani nna AWURADE so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help