1 Makabee 4 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Wɔtu sa wɔ Emaus

1Afei Gorgias faa asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu mpem nnum ne apɔnkɔsotefoɔ apem a wɔayiyi wɔn, na saa ɔfa yi tuu anammɔn anadwo

2sɛ wɔrekɔsɛe Yudafoɔ nsraban no na wɔato ahyɛ wɔn so mpofirim. Mmarima a na wɔfiri abankɛseɛ no mu na na wɔyɛ n’akwankyerɛfoɔ.

3Nanso Yuda tee asɛm yi no, ɔno ne n’akofoɔ kɔ kɔto hyɛɛ ɔhene asraafoɔ no so wɔ Emaus

4ɛberɛ a na ɔfa no nni nsraban no mu hɔ.

5Ɛberɛ a anadwo no Gorgias hyɛnee Yuda nsraban no mu no, na wanhunu obiara wɔ hɔ, ɛno nti ɔhwehwɛɛ wɔn wɔ mmepɔ so, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: Saa mmarima yi redwane afiri yɛn anim.

6Adeɛ kyeeɛ no, Yuda ne mmarima mpem mmiɛnsa puee wɔ asasetam no so, nanso na wɔnni akodeɛ ne nkrantɛ sɛdeɛ wɔpɛe no.

7Na wɔhunuu Amanaman mufoɔ no nsraban a, wɔde apɔnkɔsotefoɔ a wɔatete wɔn wɔ ɔko mu na wɔn ho yɛ den sɛ wɔrebɔ kuro no ho ban.

8Nanso Yuda ka kyerɛɛ wɔn a wɔka ne ho no sɛ: Monnsuro wɔn dodoɔ anaasɛ monnsuro wɔn, ɛberɛ a wɔreba.

9Monkae sɛdeɛ wɔgyee yɛn nananom wɔ Mmɛwa Po no ho, ɛberɛ a Farao ne n’asraafoɔ tii wɔn no.

10Afei deɛ, momma yɛnsu mfrɛ Ɔsoro, sɛ ebia ɔbɛdom yɛn na wakae ɔne yɛn nananom apam no, na ɛnnɛ da yi wadwerɛ saa asraafoɔ yi wɔ yɛn anim.

11Ɛno ansa na Amanaman mufoɔ no nyinaa bɛhunu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyi na ɔgye Israel nkwa.

12Ɛberɛ a ananafoɔ no hwɛeɛ na wɔhunuu wɔn sɛ wɔreba wɔn soɔ no,

13wɔfirii wɔn nsraban no mu kɔɔ ɔko. Afei mmarima a wɔka Yuda ho no hyɛnee wɔn totorobɛnto

14na wɔde ɔko no hyehyɛɛ so. Amanaman mufoɔ no totɔeɛ, na wɔdwane kɔɔ asasetam no so,

15na wɔn a na wɔbɔ kyidɔm no nyinaa totɔɔ afena ano. Na wɔtii wɔn ara kɔɔ Gasara, de kɔɔ Idumea asasetam no so, de kɔɔ Asoto ne Yamnia; na wɔn mu nnipa mpem mmiɛnsa totɔe.

16Ɛnna Yuda ne n’asraafoɔ no sane firi ti a wɔreti wɔn no baeɛ,

17na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnyɛ anibereɛ wɔ asadeɛ mu, ɛfiri sɛ ɔko bi da yɛn anim;

18Gorgias ne n’asraafoɔ wɔ mmepɔ so a wɔbɛn yɛn. Nanso seesei deɛ monsɔre ntia yɛn atamfoɔ no, na montu wɔn so sa, na ɛno akyiri no, mode nnamyɛ afa asadeɛ no.

19Ɛberɛ a na Yuda de ne kasa no reba awieeɛ ara pɛ na asraafokuo bi pue firii mmepɔ no so sɛ wɔreba.

20Wɔhunuu sɛ wɔamma wɔn asraafoɔ no adwane no, na Yudafoɔ rehye nsraban no, ɛfiri sɛ wisie a na wɔhu no kyerɛ deɛ na asie.

21Ɛberɛ a wɔhunuu yei no, ehu kɛseɛ bɔɔ wɔn, na wɔhunuu Yuda asraafoɔ sɛ wɔaboa wɔn ano wɔ asasetam so rekɔ sa no,

22wɔn nyinaa dwane kɔɔ Filistifoɔ asase so.

23Afei Yuda san bɛfomm nsraban no, na wɔfaa sika ne dwetɛ, a ɛdɔɔso pa ara ne ntoma a ɛyɛ bibiri ne beredum, ne ahodeɛ a ɛdɔɔso.

24Wɔresan aba no, wɔtoo nnwom ne ayeyie dwom maa Ɔsoro — “Na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.”

25Saa nti Israel nyaa ɔgyeɛ kɛseɛ saa da no.

Lisias satuo a ɛdi kan(2 Makabee 11.1-12)

26Ananafoɔ no mu binom a wɔdwaneeɛ no kɔkae deɛ ɛsiiɛ nyinaa kyerɛɛ Lisias.

27Ɛberɛ a ɔteeɛ no, ne ho dwirii no, na n’abasam tui, ɛfiri sɛ deɛ na ɔpɛ sɛ ɛto Israel no anto wɔn, ɛnna nso anyɛ sɛdeɛ na ɔhene ahyɛ no.

28Nanso afe da no, ɔboaboaa asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu a wɔayi wɔn ɔpenum sɛ ɔrekɔ di wɔn so.

29Wɔbɛduruu Idumea na wɔkyeree nsra wɔ Bet-sur, na Yuda ne mmarima ɔpedu hyiaa wɔn.

30

35Ɛberɛ a Lisias hunuu sɛ wɔakunkum n’asraafoɔ no na ɔhuu nnamyɛ a ɛrekanyan Yuda nkurɔfoɔ no, n’ahosiesie a wɔayɛ sɛ wɔbɛtena ase anaasɛ wɔbɛwuo wɔ animuonyam mu no, ɔsan kɔɔ Antiokia kɔfaa asraafoɔ apaafoɔ sɛ wɔde asraafoɔ a wɔdɔɔso bɛhyɛne Yudea bio.

Asɔrefie no ho dwira ne tu a wɔtu si hɔ(2 Makabee 10.1-8)

36Ɛnna Yuda ne ne nuanom kaa sɛ: Hwɛ, yɛn atamfoɔ atotɔ; momma yɛnkɔdwira kronkronbea hɔ na yɛmfa nsi hɔ bio.

37Ɛno nti asraafoɔ no nyinaa hyiaeɛ na wɔkɔɔ Bepɔ Sion so.

38Ɛhɔ na wɔhunuu kronkronbea no amamfo, ne afɔrebukyia a wɔagu ho fi, ne apono a wɔahyeɛ. Abannwa no so na wɔhunuu nwira a afifiri sɛdeɛ ɛteɛ wɔ dɔtɔ mu, anaasɛ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmepɔ no mu baako soɔ. Wɔsan nso hunuu asɔfoɔ mpia mu a asɛeɛ.

39Ɛnna afei wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ mu na wɔtwaa adwo suu kɛseɛ; wɔde nso petee wɔn ho

40na wɔde wɔn anim butubutuu fam. Na ɛberɛ a wɔhyɛnee totorobɛnto a ɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ adeɛ no, wɔteaam frɛɛ Ɔsoro.

41Ɛnna Yuda yiyii mmarima bi sɛ wɔne nnipa a wɔwɔ abankɛseɛ no nkɔko kɔsi sɛ ɔbɛdwira kronkronbea hɔ awie.

42Ɔyiyii asɔfoɔ a wɔn ho nni asɛm na wɔde wɔn ho asi hɔ ama mmara no,

43na wɔdwiraa kronkronbea hɔ, na ɔyiyii aboɔ a ɛho agu fi no firii hɔ kɔɔ beaeɛ a ɛhɔ nteɛ.

44Wɔdwennwenee deɛ wɔbɛyɛ afa ɔhyeɛ afɔrebukyia a wɔagu ho fi no ho.

45Na wɔdwenee ho sii sɛ ɛyɛ sɛ wɔdwiri gu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛmmɛyɛ daa aniwudeɛ mma wɔn sɛdeɛ Amanaman mufoɔ guu ho fi no. Ɛno nti wɔdwirii afɔrebukyia no gui,

46na wɔkoraa aboɔ no wɔ beaeɛ a ɛyɛ wɔ asɔrefie bepɔ no so kɔsii berɛ a odiyifoɔ bi bɛba abɛkyerɛ deɛ wɔmfa nyɛ.

47 bosome nkron, a ɛne Kislew, ne da a ɛtɔ so aduonu nnum, ahemadakye no,

53wɔsɔree bɔɔ afɔdeɛ sɛdeɛ mmara no kyerɛ, aduhwamhyeɛ bukyia foforɔ a na wɔasie no so.

54Saa berɛ ne da no ara a Amanaman mufoɔ guu ho fi no, wɔde nnwom, mmɛnta, sankuo ne nnawuro na ɛbuee ano.

55Nnipa no nyinaa de wɔn anim butubutuu fam na wɔsɔree Ɔsoro na wɔhyiraa no, ɔno a wamma no asi wɔn yie no.

56Ɛno nti, wɔde nnawɔtwe na ɛhyɛɛ fa wɔ afɔrebukyia no anobue no, na wɔde ahurisie bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ; wɔbɔɔ yiedie ne aseda ho afɔdeɛ.

57Wɔde sika abotire ne ɛkyɛm nkumaa siesiee asɔrefie no anim; na wɔsii apono no ne asɔfoɔ mpiadan no bio, na wɔde apono sisiiɛ.

58Na anigyeɛ kɛseɛ na ɔman no nyaeɛ, na wɔyii ahohora a Amanaman mufoɔ no de baeɛ no firii hɔ.

59Afei Yuda ne ne nuanom ne Israel asafo no nyinaa bɔɔ wɔn tirim sɛ, afe biara, ɛberɛ a nna a wɔde buee afɔrebukyia no ano bɛduru no, wɔde anigyeɛ ne ahosɛpɛ bɛhyɛ ho fa nnawɔtwe, ɛfiri bosome Kislew da a ɛtɔ so aduonu nnum no.

60Saa berɛ no, wɔtoo Bepɔ Sion ho fasuo a ɛwareɛ ne abantenten a ɛyɛ den faa ho hyiaeɛ, sɛ wɔde resi Amanaman mufoɔ no kwan na wɔammɛtiatia wɔn so sɛdeɛ wɔayɛ pɛn no.

61Yuda de abansifoɔ baa hɔ sɛ wɔmmɔ ho ban; ɔsan nso bɔɔ Bet-sur ho ban, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔman no bɛnya abandenden a ɛne Idumea di nhwɛanim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help