Adiyisɛm 20 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Mfe apem no

1 Adi 9.1; 2 Pe 2.4; Yuda 6 Na mihuu ɔbɔfo bi a ofi soro resian a okura ebun no ano safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi.

2Adi 12.9 Na ɔkyeree ɔtweaseɛ, ɔwɔ dedaw a ɔne bonsam no, kyekyeree no mfirihyia apem,

32 Te 2.9-10 na ɔtow no kyenee bun no mu, na ɔtoo mu, na ɔsɔɔ ano, na wankɔdaadaa amanaman bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa; nanso ɛno akyi no, etwa sɛ wogyaa no kakra.

4 Dan 7.9; 7.22; 7.27; Luka 22.30; 1 Ko 6.2 Na mihuu nhengua bi, na wɔn a wɔtete so no, wɔde atemmu maa wɔn. Na mihuu wɔn a Yesu adanse ne Nyankopɔn asɛm nti wotwitwaa wɔn ti no akra ne wɔn a wɔankotow aboa no anaa ne honi na wɔannye agyirae no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa so no. Na wonyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirihyia apem.

51 Ko 15.23; 1 Te 4.16 (Na awufo nkae no de, wɔannya nkwa bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa). Eyi ne owusɔre a edi kan ne no.

6Adi 5.10 Nhyira ne kronkron ne nea onya kyɛfa ɔsɔre a edi kan no mu. Saa nkurofo no so na owuprenu no nni tumi, na mmom wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo, na wɔne no bedi ahene mfirihyia apem.

Satan ahofadi ne ne sɛe

7Na sɛ mfirihyia apem no wie du a, wɔbɛsan Satan afi n’afiase,

8Hes 38.2; 38.9; 38.15 na obefi adi akɔdaadaa amanaman a wɔwɔ asase afanan mu, Gog ne Magog, akɔboaboa wɔn ano akɔ ɔsa, wɔn na wɔn ano dɔɔso sɛ mpoano anwea.

9Hes 38.22; 39.6; Sak 12.9 Na wɔforo kogyinaa asase tɛtrɛtɛ no so, na wotwaa ahotefo no ne kurow a wɔdɔ no no ho nsraban hyiae. Na ogya fi soro guu fam bɛhyew wɔn.

10Adi 19.20; 14.10-11 Na ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtow no kyenee ogya ne sufre tare no mu, nea aboa no ne atoro diyifo no wɔ, na wɔbɛyɛ wɔn ayayade awia ne anadwo daa daa.

Wɔbu awufo atɛn

11 Mat 25.31-46; 2 Pe 3.7; 3.10; 3.12 Na mihuu ahengua fitaa kokuroo ne nea ɔte so a asase ne ɔsoro guan n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.

12Dan 7.10; Adi 3.5; Flp 4.3; Rom 2.6 Na mihuu awufo, nketewa ne akɛse, sɛ wogyinagyina ahengua no anim; na wobuebuee nhoma mu. Na wobuee nhoma foforo bi a ɛyɛ nkwa nhoma no mu; na wɔnam nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no so bubuu awufo atɛn sɛnea wɔn nnwuma te.

13Yoh 5.28-29 Na ɛpo yii n’awufo a ɛwɔ mu no mae, na Owu ne Asamando yii awufo a ɛwɔ mu no nso mae, na wobuu wɔn mu biara atɛn sɛnea wɔn nnwuma te.

141 Ko 15.26; 15.55 Na wɔtow owu ne Asamando kyenee ogya tare no mu. Eyi ne owuprenu no.

15Adi 19.20; Mat 25.41 Na obiara a wɔanhu no sɛ wɔakyerɛw ne din nkwa nhoma no mu no, wɔtow no kyenee ogya tare no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help