Eksodɔs 37 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Apam adaka no yɛ(Eksodɔs 25.10-22)

1 Eks 25.10-22 Na Besalel de ɔkanto yɛɛ adaka no, ne tenten bɛyɛ basafa biako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn abien ne fa, na ne sorokɔ bɛyɛ anammɔn abien ne fa.

2Na ɔde sika amapa duraa emu ne ɛho, na ɔyɛɛ sika hankare twaa ho hyiae.

3Na oguu ɛho sika nkaa anan de tuatuaa ne nan anan ho, nkaa abien wɔ ɔfa ha, na nkaa abien wɔ ɔfa ha.

4Na ɔde ɔkanto sinsen mpoma, na ɔde sika duraduraa ho.

5Na ɔde mpoma no wurawuraa nkaa no mu, adaka no nkyɛn mu, na wɔde asoa adaka no.

6Na ɔde sika amapa yɛɛ mpata agua no, ne tenten bɛyɛ basafa biako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ anammɔn abien ne fa.

7Na ɔde sika a wɔaboro yɛɛ kerubim abien ma efii mpata agua no ti abien no mu.

8Ɔyɛɛ kerub biako wɔ ti ha, na ɔyɛɛ kerub biako nso wɔ ti ha; mpata agua no mu na ɔmaa kerubim no fii ne ti abien no so.

9Na kerubim no trɛtrɛw wɔn ntaban mu ɔsoro de wɔn ntaban no kataa mpata agua no so, na wɔn ani kyerɛkyerɛ wɔn ho; na kerubim no ani kyerɛkyerɛ mpata agua no so.

Wɔyɛ ɔpon no(Eksodɔs 25.23-30)

10 Eks 25.23-29 Na ɔde ɔkanto yɛɛ ɔpon no, ne tenten basafa baako, ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn biako ne fa, na ne sorokɔ bɛyɛ anammɔn abien ne fa.

11Na ɔde sika amapa duraa ho, na ɔyɛɛ ɛho sika hankare hyiae.

12Na ɔyɛɛ ɛho mfomfamho a ne trɛw te sɛ nsam hyiae, na ɔyɛɛ mfomfamho no ho sika hankare hyiae.

13Na oguu ɛho sika nkaa anan, na ɔde nkaa no sisii ntwea anan a ɛwɔ ne nan anan ho no so.

14Mfomfamho no ase pa ara na nkaa a ɛyɛ mpoma a wɔde bɛsoa ɔpon no wurabea no wɔ.

15Na ɔde ɔkanto sinsen mpoma no, na ɔde sika duraduraa ho, na wɔde asoa ɔpon no.

16Na ɔde sika amapa yɛɛ ɔpon no so nneɛma, ne nsanka ne ne nsankawa ne ne nkuruwa ne ne nkora a wɔde behwie.

17 Eks 25.31-39 Na ɔde sika amapa yɛɛ kaneadua no, sika a wɔaboro na ɔde yɛɛ kaneadua no, ne nan ne ne dua; ɛho kuruwa, ne kukuduuduu ne ne nhwiren fi ɛno ara mu.

18Na nsa asia tuatua ho, kaneadua no nsa abiɛsa tuatua ɔfa ha, na kaneadua no nsa abiɛsa tuatua ɔfa ha.

19Nkuruwa abiɛsa a ɛte sɛ ɔsonkoran de wɔ nsa biako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren, na nkuruwa abiɛsa a ɛte sɛ ɔsonkoran de wɔ nsa biako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren; saa ara na ɛte nsa asia a etuatua kaneadua no ho no ho.

20Na kaneadua no ho nkuruwa a ɛte sɛ ɔsonkoran de si anan, ne kukuduuduu ne ne nhwiren;

21na kukuduuduu no wowɔ nsa abien abien a etuatua ho no ase, nsa asia a etuatua ho no ase.

22Ne kukuduuduu ne ne nsa tua ho ara, ne nyinaa yɛ sika amapa a wɔaboro no biako.

23Na ɔde sika amapa yɛɛ ɛso akanea ason no ne ɛho adabaw ne ɛho nso nkukuwa.

24Sika amapa dwetikɛse biako na ɔde yɛɛ ɛne ɛho nneɛma no nyinaa.

25 Eks 30.1-5 Na ɔde ɔkanto yɛɛ aduhuamhyew afɔremuka, ne tenten yɛ anammɔn biako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ nso bɛyɛ anammɔn biako ne fa, ɛyɛ ahinanan, ne sorokɔ yɛ basafa baako; ne mmɛn nso tuatua ho ara.

26Na ɔde sika amapa duraa ho, ɛso ne ɛho hyiae, ne ne mmɛn no; na ɔyɛɛ ho sika hankare hyiae.

27Na ɔyɛɛ ɛho sika nkaa abien, ne hankare no ase, ne nkyɛn mu abien no so, sɛ ɛnyɛ mpoma no wurabea na wɔde asoa.

28Na ɔde ɔkanto sinsen mpoma, na ɔde sika duraduraa ho.

29 Eks 30.25, 35 Na ɔyɛɛ ɔsra ngo kronkron ne ɔhyew aduhuam gyenennyenen no, sɛnea adufrafo fra no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help