Numeri 20 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Meriba nsu no

1 asu, efisɛ Israelfo ne AWURADE hamee na ɔyɛɛ ne ho kronkron wɔn mu.

14 Gye 32.3; Ate 11.17; Deut 23.7 Na Mose somaa abɔfo fi Kades kɔɔ Edom hene nkyɛn sɛ: Sɛ wo nua Israel se ni: Wo ara wunim ɔhaw a ɛtoo yɛn nyinaa,

15sɛ yɛn agyanom sian kɔɔ Misraim, na yɛtenaa Misraim nna bebree, na Misraimfo yɛɛ yɛn ne yɛn agyanom bɔne;

16Eks 23.20 na yesu frɛɛ AWURADE, na ɔtee yɛn nne, na ɔsomaa ɔbɔfo beyii yɛn fii Misraim; na hwɛ, yɛwɔ Kades, kurow a ɛwɔ wo hye so mu.

17Deut 21.22 Ma yɛmfa w'asase so; yɛremfa mfuw ne nturo mu, nanso yɛrennom mmura mu nsu bi; yɛbɛnantew ɔhene tempɔn so akɔ, yɛremman nifa anaa benkum de bɛkɔ akosi sɛ yebetwam w'asase so.

18Na Edom ka kyerɛɛ no sɛ: Mmɛfa me ha, na mamfa nkrante mamfi adi mammehyia wo.

19Na Israelfo no ka kyerɛɛ no sɛ: ɔtempɔn so na yɛrebɛfa, na sɛ yɛn ne yɛn mmoa nom wo nsu bi a, yebetua ka; ɛnyɛ asɛm bi, na me nan nko na ma memfa mintwam.

20Na ose: Mommetwam! Na Edom de dɔm pii ne nsa a emu yɛ den fii adi behyiaa wɔn.

21Na Edom kamee Israel kwan a ɔde betwam n'asase so. Enti Israel man fii ne ho.

22Na Israelfo asafo mu no nyinaa tu fii Kades, na wɔbaa Hor bepɔw ho.

23Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron Hor bepɔw ho, Edom asase hye so sɛ:

24Aka kakraa bi na Aaron atiw ne mpanyimfo, na ɔrenkɔ asase a mede merema Israelfo no so, efisɛ moyɛɛ asoɔden maa m'anom asɛm, Meriba asu ho.

25Fa Aaron ne ne ba Eleasar, na wo ne wɔn mforo Hor bepɔw,

26Lew 21.10 na yi Aaron ntade no fa hyɛ ne ba Eleasar, onwu wɔ hɔ na ontiw ne mpanyimfo wɔ hɔ.

27Na Mose yɛɛ sɛnea AWURADE hyɛɛ no no, na wɔforoo Hor bepɔw, asafo no nyinaa anim.

28Num 33.38; Deut 10.6 Na Mose yiyii Aaron ntade no de hyɛɛ ne ba Eleasar, na Aaron wui ɛhɔ wɔ bepɔw no atifi. Na Mose ne Eleasar fii bepɔw no so sianee.

29Na asafo no nyinaa hui sɛ Aaron awu no, na Israel fi nyinaa suu no adaduasa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help