Luka 8 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Asɛnka

1 Ogufo ho bɛ no asekyerɛ

9Na n’asuafo no bisaa no sɛ: Ɛbɛ yi ase ne dɛn?

10Kanea adwuma(Marko 4.21-25)

16 Yesu abusuafo(Mateo 12.46-50; Marko 3.31-35)

19Na ne na ne ne nuanom baa ne nkyɛn, na nkyereso no nti wɔantumi ammɛn no.

20Na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Wo na ne wo nuanom gyina mfikyiri pɛ sɛ wohu wo.

21Na obua see wɔn sɛ: Me na ne me nuanom ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wodi so.

Ahum asebrɛ(Mateo 8.18; 8.23-27; Marko 4.35-41)

22Na ɛbae sɛ da bi ɔne n’asuafo no kɔtenaa ɔkorow mu, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma yentwa nkɔ ɔtare no agya noho. Na wɔhare kɔe.

23Na wɔrekɔ no, ɔdae. Na mframa kɛse bi bɔɔ huu baa ɔtare no so, na nsu bu faa wɔn so, na wɔwɔ amanehunu mu.

24Na wɔbaa ne nkyɛn benyan no sɛ: Owura, owura, yɛreyera! Na ɔsɔre teɛteɛɛ mframa ne nsu a ɛworo so no; na egyae yɛɛ dinn.

25Na osee wɔn sɛ: Mo gyidi wɔ he? Na wosuroe, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wosisee wɔn ho sɛ: Onipa bɛn ara ni na ɔhyɛ mframa ne nsu na etie no yi?

Ahonhommɔne tu(Mateo 8.28-34; Marko 5.1-20)

26Na wokoduu Gerasafo asase a ɛwɔ Galilea ntentenso so.

27Na osii fam no, ɔbarima bi a ahonhommɔne wɔ no mu dedaadaw a ofi kurow no mu behyiaa no, ɔnhyɛ atade na ɔnte ɔdan biara mu, na mmom abodan mu na ɔte wɔ asiei.

28Na ohuu Yesu no, ɔteɛɛm dennen hwee ase n’anim, na ɔde nne kɛse kae sɛ: Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Mesrɛ wo sɛ nhaw me!

29Efisɛ waka akyerɛ honhom fi no sɛ omfi onipa no mu; (na daa na ɛkyere no, na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn ne mpokyerɛ guu no wɛn no, na ɔtetew nea wɔde akyekyere no no mu, na honhommɔne no pam no kɔɔ anwea pradada so).

30Na Yesu bisaa no sɛ: Wo din de dɛn? Na ose: Ɛdɔm, efisɛ ahonhommɔne pii akɔ no mu.

31Na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnnhyɛ wɔn mmma wɔnnkɔ bun no mu.

32Na mprakokuw kɛse bi wɔ hɔ a wɔredidi wɔ bepɔw no so; na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔn kwan na wɔnkɔ wɔn mu. Na ɔmaa wɔn kwan.

33Na ahonhommɔne no fii onipa no mu kɔɔ mprako no mu, na ekuw no bɔɔ kirididi sian ɔbotan kuronkuron no koguu ɔtare no mu, na wɔmemee.

34Na wɔn a wɔhwɛ wɔn so no huu nea asi no, woguanee, na wɔkɔkae kurow no mu ne nkuraase.

35Na wofii adi bɛhwɛɛ nea asi; na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wobehuu onipa a ahonhommɔne fii no mu no sɛ ɔte Yesu nan ase fura ntama a n’adwenem atew; na wosuroe.

36Na wɔn nso a wohui no kae sɛnea ɛyɛe na nea ɔwɔ ahonhommɔne no ho sanee no.

37Na Gerasafo asase a atwa ahyia no so nkurɔfo nyinaa srɛɛ no sɛ omfi wɔn nkyɛn nkɔ, efisɛ ehu kɛse aka wɔn. Na osii ɔkorow mu san kɔe.

38Na ɔbarima no a ahonhommɔne fii no mu no srɛɛ no sɛ ɔbɛtena ne nkyɛn. Nanso Yesu gyaa no kwan sɛ:

39San kɔ wo fi, na kɔka ade kɛse a Onyankopɔn ayɛ ama wo yi kyerɛ! Na ɔkɔe kɔkaa ade kɛse a Yesu ayɛ ama no no kurow no mu nyinaa.

Yairo babea(Mateo 9.18-26; Marko 5.21-43)

40Na Yesu san bae no, nkurɔfokuw no gyee no; efisɛ wɔn nyinaa retwɛn no.

41Na hwɛ, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a ɔyɛ hyiadan mu panyin bae, na ɔbɛhwee Yesu nan ase srɛɛ no sɛ ɔmmra ne fi;

42na ɔwɔ ɔbabea koro a wadi bɛyɛ sɛ mfirihyia dumien, na ɔda hɔ rewu. Na ɔrekɔ no, na nkurɔfo akuwakuw no kyere no so.

Ɔbea bi ayaresa

43Na ɔbea bi a mogya tu no mfirihyia dumien na obiara antumi ansa no yare

44befii n’akyi bɛkaa n’atade ano a wɔanwene no, na amonom hɔ ara ne mogya no twae.

45Na Yesu kae sɛ: Hena na ɔkaa me? Na wɔn nyinaa resan no, Petro ne wɔn a wɔka ne ho no kae sɛ: Owura, nkurɔfo akuwakuw no akyere wo so, na wɔremia wo.

46Na Yesu se: Obi aka me, na mahu sɛ ahoɔden bi afi me mu kɔ.

47Na ɔbea no hui sɛ ada adi no, ɔde ahopopo bae bɛhwee n’anim, na ɔkaa dekode nti a ɔkɔkaa no ne sɛnea ne ho sanee amonom hɔ ara no kyerɛɛ no ɔman no nyinaa anim.

48Yairo babea wunyan

49Na ɔrekasa no, obi fi hyiadan mu panyin no fi bɛkae sɛ: Wo babea no awu, nhaw ɔkyerɛkyerɛfo no!

50Na Yesu tee no, obuaa no sɛ: Nsuro, gye di ara, na obenya nkwa.

51Na ɔbaa ofie hɔ no, wamma obiara ankɔ mu, gye Petro, Yohane, Yakob ne abofra no n’agya ne ne na.

52Luka 7.13 Na wɔn nyinaa resu, na wɔregyam no. Na ose: Munnsu! Na onwui ɛ, na wada.

53Na wɔserew no, efisɛ na wonim sɛ wawu.

54Na osoo ne nsa frɛe sɛ: Abofra, nyan!

55Na ne honhom san bae bio, na ɔsɔree ntɛmntɛm; na ɔhyɛe sɛ wɔmma no biribi nni.

56Luka 5.14; Mar 7.36 Na ɛyɛɛ n’awofo ahodwiriw; na ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka nea aba yi nnkyerɛ obiara.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help