Nnwom 57 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Onyankopɔn mu ahotosoWɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid abebu dwom. Wɔnto no “Nsɛe!” nne so. Ɔtoe ɔbodan no mu bere a oguan Saul no

1

Onyankopɔn bɛsoma ne dom ne ne nokware.

4Me kra da agyata mu,

meda wɔn a wɔhome gyaframa mu.

Nnipa mma, wɔn se yɛ mpeaw ne agyan,

na wɔn tɛkrɛma yɛ nkrante nnamnnam.

5Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro,

ma w’anuonyam so asase nyinaa so.

6

7Me koma atim, Onyankopɔn, me koma atim,

mɛto dwom na mayi ayɛ.

8 Nnw 16.9 M’anuonyam, nyan, bɛnta sanku ne sankuten, nyan,

me nso menyan adekyeehema.

9AWURADE, mɛda wo ase aman mu,

mɛto wo ayeyi dwom aman mu,

10 Nnw 36.5 na w’adɔe so kodu soro,

na wo nokware kodu wim tɔnn.

11Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro,

ma w’anuonyam so asase nyinaa so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help