Hesekiel 24 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ɔsɛn a ehuru no. Yerusalem awiei

1 2 Ah 25.1; Yer 52.4 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn afe a ɛto so akron, ɔsram a ɛto so du no, da a ɛto so du no sɛ:

2Onipa ba, kyerɛw da yi din, da yi ara. Babel hene atua Yerusalem da yi ara.

3Na bu asowui fi no bɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:

Fa ɔsɛn no si so, fa si so,

na hwie nsu nso gu mu.

4Fa ne nankum nso gu mu,

nankum a eye nyinaa, ɔsrɛ ne basa,

nnompe a eye nyinaa na fa hyɛ mu ma;

5fa nguan mu wɔn a woye no,

na fa nnyina hyehyɛ nnompe no ase

ma enhuru yiye,

na ne nnompe nso mmen mu.

6 Hes 24.9 Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:

Due, mogya kurow!

Ɔsɛn a emu agye nkannare

a ne nkannare mfii no mu.

Yiyi mu ade, nankum, nankum;

wɔnntwe so ntonto.

7Na ne mogya wɔ no mu;

waka agu ɔbotan firefire so,

wanhwie angu fam,

na wɔde dɔte akata so.

8Nea ɛbɛyɛ na ahwanyan anibere na ama aweredi aba

nti na memaa ne mogya guu ɔbotan pataa so

na wɔankata so yi.

9 Nah 3.1 Ne saa nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:

Due, mogyahwiegu kurow!

10Ma nnyina nnɔɔso, ma ogya no nnɛw,

na nam no nhono, nu mu ma empiw

na nnompe no nhyew.

11Na fa no hunu si nsramma no so,

nea ɛbɛyɛ na ne kɔbere adɔ na emu adɔ kɔɔ,

na emu fi no anan na ne nkannare asa.

12Ɔkwa ara na mabrɛ me ho,

nanso ne nkannare dodow no mfi;

ogya mu na wɔmfa ne nkannare nkɔ.

13 Hes 5.13 Wo fi mu wɔ abusude;

sɛ matwiw wo ho na efi nti,

wo ho rentew mfi wo fi no mu bio,

de bɛkɔ akosi sɛ mɛma m’abufuhyew adwo wo ho.

14Me, AWURADE, na maka; ɛbɛba na mɛyɛ. Merennyae na merenkyɛe so na merennu me ho; sɛ w’akwan te ne sɛ wo nneyɛe te no, saa na wobebu wo atɛn, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

Obiara nnyam no

15Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

16Hes 24.18 Onipa ba, hwɛ, merebɛbɔ wo de ayi w’aniwa ade a ɛpɛ no afi wo ho; na ntwa adwo, nsu, na mma wo nusu nnsen.

17Gu ahome komm, nni owufo ho nkɔmmɔ, fa w’abotiri bɔ wo ti, na fa wo mpaboa hyɛ w’anan, na nkata w’ano, na nni nnipa aduan.

18Na mekasa mekyerɛɛ ɔman no anɔpa, na me yere wui anwummere, na anɔpa no meyɛe sɛnea wɔhyɛɛ me no.

19Na nkurɔfo no ka kyerɛɛ me sɛ: So worenkyerɛ yɛn dekode a eyinom a woreyɛ yi kyerɛ wɔ yɛn ho anaa?

20Na meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

21Kasa kyerɛ Israel fi sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merehura me kronkronbea ho, mo ahoɔden ahokyerɛ no, mo aniwa ade a ɛpɛ ne mo kra ade a ɛdɔ ho no; na mo mmabanin ne mo mmabea a mugyawee no bɛtotɔ nkrante ano.

22Na mobɛyɛ sɛnea mayɛ yi, morenkata mo ano na morenni nnipa aduan,

23na mo ahyehyɛde bɛbobɔ mo ti, na mo mpaboa ahyehyɛ mo anan; morentwa adwo na morensu, na mobɛsɔn agu, mo amumɔyɛ mu, na moasisi apini akyerɛkyerɛ mo ho.

24Hes 24.27; 12.11 Na Hesekiel ayɛ mo sɛnkyerɛnne; sɛnea wayɛ yi nyinaa, mobɛyɛ bere a ɛbɛbam no, na moahu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn.

25Na wo, onipa ba, ɛda no ara a megye wɔn nsam wɔn ahoɔden, wɔn ahyehyɛde ho ahosɛpɛw, wɔn anigye ade, ne wɔn kra ade a ɛpɛ no, wɔn mmabanin ne wɔn mmabea no,

26Hes 33.21 da no ara na nea wafi mu afi bi bɛba wo nkyɛn abɛma w’aso ate.

27Ɛda no ara na wo ne nea wafi mu afi no ano bebue, na wobɛkasa na worentɔ mum bio, na wobɛyɛ wɔn sɛnkyerɛnne na wɔahu sɛ mene AWURADE.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help