1Me nkwa yɛ me kra nwini,
megyaa m’apinisi mu wɔ me mu,
mɛkasa m’awerɛhow mu.
2Mese Onyankopɔn sɛ: Mmu me fɔ,
ma minhu dekode a enti wo ne me ham yi.
3So eye ma wo sɛ wohyɛ obi so,
sɛ wopa wo nsa ano adwuma
na wopene abɔnefo agyina so?
4 1 Sa 16.7 So wowɔ honam aniwa
anaasɛ wuhu ade sɛ ɔdesani hu no?
5So wo nna te sɛ ɔdesani nna
anaa wo mfe te sɛ onipa nna anaa?
6Sɛ wohwehwɛ me mfomso akyi kwan
na wudi me bɔne akyi?
7Nanso wunim sɛ menyɛ ɔbɔnefo,
na obi nni hɔ a obegye wo nsam.
8 Nnw 139.14 Wo nsa na ɛnwenee me na ɛyɛɛ me,
me nipa mu nyinaa prɛko,
ɛnna woamene me yi.
9 Hiob 33.6; Gye 2.7; 3.19 Kae sɛ wonwenee me sɛ anwemmo,
na wobɛma madan mfutuma bio?
10So woanhwie me angu sɛ nufusu
na woma mipiwii sɛ nufusu a akyenkyen sebɔw?
11Wode were ne nam na ɛhyɛɛ me,
na wode nnompe ne ntini wurawuraa me mu.
12Nkwa ne adɔe na wode ayɛ me,
na wo hwɛ nso wɛn me honhom.
13Na eyinom na wode siee wo komam,
mahu sɛ eyi na wode atia me.
14Sɛ meyɛ bɔne a, wobɛhwɛ me,
na woremmu me bem me mfomso ho.
15Sɛ midi abɔnefosɛm a, minnue;
na sɛ meteɛ nso a, meremma me ti so;
efisɛ ahohora ahyɛ me ma, na mehwɛ m’amanehunu.
16 Yes 38.13 Na sɛ mema me ho so a, wubetiw me sɛ gyata,
na woasan ne me adi anwonwasɛm.
17Na wode w’adansefo afoforo ara abegyina m’anim,
na woama w’abufuw adɔɔso wɔ me so,
na dɔm a ɛto dɔm abegu me so.
18 Hiob 3.3, 11; Yer 20.14 Adɛn nti na wuyii me fii ɔyafunu mu?
Sɛ anka minya migyaa mu na aniwa bi anhu me ɛ!
19Sɛ minya meyɛe sɛ ade a enni hɔ ɛ!
Mifii ɔyafunu mu no, wokogyaa me ɔda mu ɛ!
20So me nna nyɛ kakraa bi?
Ma onnyaa me, onyi n’ani mfi me so,
na me ho nsan me kakra,
21 Hiob 7.10 ansa na makɔ nea merensan memma,
na makɔ sum ne sunsuma asase so,
22sum kabii a ɛte sɛ ɔdasum tumm asase,
sunsuma ne sakasaka asase a ɛso hann te sɛ ɔdasum tumm no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
