1Ɛnna Suhini Bildad gyee so sɛ:
2Enkosi bere bɛn na wobɛka eyinom,
na w’anom nsɛm bɛyɛ sɛ mframa dennen?
3 Hiob 34.10 So Onyankopɔn bɛkyea atemmu,
anaasɛ Otumfo bɛkyea trenee?
4 Hiob 1.18-19 Sɛ wo mma ayɛ no bɔne a,
wagyaa wɔn de wɔn ahyɛ wɔn mmarato nsam.
5Sɛ wo ara wohwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan,
na wokotɔ srɛ Otumfo no,
6 Nnw 35.23 sɛ wo ho tew na woteɛ a,
ampa ara, ɔbɛkanyan ne ho ama wo,
na wama wo trenee tenabea adi yiye.
7 Hiob 42.10 Na sɛ mpo wo mfiase ade yɛ ketewa a,
w’awiei bɛso kokuroo.
8Na bisa awo ntoatoaso ɛ,
na ma wo koma mmra nea wɔn agyanom abɔre ahu no so.
9 Nnw 102.12 Na yɛn de, nnɛra nko na yefi hɔnom,
na yennim hwee, efisɛ yɛn nna yɛ sunsuma, asase so.
10So ɛnyɛ wɔn na wɔbɛkyerɛ wo na wɔaka akyerɛ wo,
na wɔayiyi nsɛm afi wɔn komam?
11So nkyɛkyerɛ fifi nea ɔwora nni,
na mmɛw ama ne ho so nea nsu nni anaa?
12Ɛda so wɔ ne frɔmfrɔmyɛ mu a wontwae no,
edi wura nyinaa kan kisa.
13 Hiob 11.20; 18.14; Mmb 10.28 Saa ara na wɔn a wɔn werɛ fi Nyankopɔn nyinaa akwan te,
na ɔbɔnefo anidaso bɛyera,
14efisɛ wotwa n’ahotoso,
na n’anidaso yɛ ananse ntontan.
15Otweri ne dan, nso ɛrennyina,
okura mu, nso ɛrentena hɔ.
16Ɔyɛ frɔmfrɔm owia ano,
na n’abaa yiyi kata ne turo so,
17ne ntini mantammantam abokuw ho,
ɔhyɛn abo ntam.
18Sɛ wɔsɛe no fi ne tenabea
ɛpa no ka sɛ: Minhuu wo da.
19Hwɛ, sɛ ne kwan ho ahosɛpɛw te ne no,
na mfutuma no mu na afoforo fifi.
20Hwɛ, Onyankopɔn mpo nea odi mu,
na abɔnefo nso, onso wɔn nsa.
21 Nnw 126.2 Ɔde ɔserew bɛhyɛ w’anom ma,
na wama ahurusi nne afa w’anofafa mu.
22W’atamfo befura aniwu,
na abɔnefo ntamadan rennyina hɔ bio.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
