1 2 Be 13 Na Nebat ba ɔhene Yeroboam afe a ɛto so dunwɔtwe mu na Abigya bedii Yuda so hene.
2Mfirihyia abiɛsa na odii hene Yerusalem. Na ne na din ne Maaka a ɔyɛ Absalom babea.
3Na ɔyɛɛ bɔne a n’agya yɛe no ara bi, na ne koma anni mu AWURADE ne Nyankopɔn ho.
41 Ah 11.36 Nanso Dawid nti AWURADE ne Nyankopɔn maa no kanea Yerusalem, sɛ ɔbɛma ne ba so asi n’akyi, na wama Yerusalem agyina,
52 Sa 11.27; 12.9 efisɛ Dawid yɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, na wamman amfi biribiara a ɔhyɛɛ no ho, ne nkwa nna nyinaa, gye Hetini Uria asɛm no nko mu.
61 Ah 14.30 Na akodi daa Rehoboam ne Yeroboam ntam ne nkwa nna nyinaa.
7Na Abigya ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, so wɔankyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu? Na dɔmdi daa Abigya ne Yeroboam ntam.
8Na Abigya wui; na wosiee no Dawid kurow mu; na ne ba Asa bedii n’ade.
Ɔhene Asa di Yuda so hene(2 Berɛsosɛm 15.16—16.6)9Na Israel hene Yeroboam afe a ɛto so aduonu so no Asa bedii Yuda so hene.
101 Ah 15.2 Na odii hene mfirihyia aduanan biako Yerusalem. Na ne na din ne Maaka a ɔyɛ Absalom babea.
112 Be 14.2-5; 15.16-18 Na Asa yɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so sɛ n’agya Dawid.
121 Ah 14.24; 22.46 Na otutuu nguaman no fii asase no so, na oyiyii ahoni a n’agyanom yɛe no nyinaa.
13Na ne na Maaka nso, otuu no fii ɔhemmeadi so, efisɛ ɔyɛɛ ohoni bi maa Asera; na Asa twaa ne honi no kɔhyewee Kidron subon mu.
141 Ah 22.43 Na sorɔnsorɔmmea no de, wanyi, nanso Asa koma dii mu AWURADE ho ne nna nyinaa.
15Na ɔde n’agya akronkronne ne n’ankasa akronkronne baa AWURADE fi: Dwetɛ ne sika ne nnwinne.
16 2 Be 16.1-6, 11-14 Na dɔmdi daa Asa ne Israel hene Basa ntam wɔn nna nyinaa.
17Na Israel hene Basa foro baa Yuda so, na ɔbɛkyekyee Rama, sɛ ɔremma obi nni Yuda hene Asa nkyɛn ahyemfiri.
182 Ah 12.18; 16.8 Ɛnna Asa faa dwetɛ ne sika a ɛkae AWURADE fi akorade ne ɔhene fi akorade mu de hyɛɛ ne nkoa nsa, na ɔhene Asa de somaa wɔn kɔɔ Hesion ba Tabrimon ba Siria hene Ben-hadad a ɔte Damasko nkyɛn sɛ:
19Ma apam nna me ne wo ntam, ne m’agya ne w’agya ntam, hwɛ, merebrɛ wo dwetɛ ne sika ayɛyɛde, na kɔ kobubu wo ne Israel hene Basa apam no mu, na omfi me so nkɔ.
202 Ah 15.29 Na Ben-hadad tiee ɔhene Asa, na ɔsomaa asafohene a ɔwɔ no hyɛɛ Israel nkurow, na ɔbɔɔ Iyon ne Dan ne Abel-bet-maaka ne Kinerot nyinaa ne Naftali asase nyinaa.
21Na Basa tee no, ogyaee Rama kyekye, na ɔkɔtenaa Tirsa.
22Ɛnna ɔhene Asa ma wɔpaee Yuda nyinaa, wɔanyi obiara amfi mu, na wɔkɔsoaa Rama abo ne nnua a Basa de kyekyee no, na ɔhene Asa de kyekyee Geba-benyamin ne Mispa.
232 Be 14.6 Na Asa ho nsɛm nyinaa nkae ne ne mmaninne nyinaa ne nea ɔyɛe nyinaa ne nkurow a ɔkyekyee, so wɔankyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu? Nanso ne nkwakorabere mu no, ɔyaree ne nan.
241 Ah 22.41 Na Asa wui, na wosiee no n’agyanom amusie, wɔ n’agya Dawid kurow mu. Na ne ba Yosafat bedii n’ade.
Ɔhene Nadab di Israel so hene25 1 Ah 14.20 Na Yeroboam ba Nadab bedii Israel so hene, Yuda hene Asa afe a ɛto so abien so. Na odii Israel so hene mfe abien.
261 Ah 12.30 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔnantew n’agya kwammɔne no so, na ɔde ɔman Israel kɔɔ bɔne mu.
27 1 Ah 16.9 Na Ahigya ba Baasa a ofi Isakar fi tew no so atua; na Baasa bɔɔ no ade kum no, wɔ Filistifo kurow Gibeton mu; bere a Nadab ne Israel nyinaa retua Gibeton no.
28Na Baasa kum no, Yuda hene Asa afe a ɛto so abiɛsa so, na odii n’ade.
291 Ah 14.10-11 Na obedii hene no, okunkum Yeroboam fi nnipa nyinaa, wannyaw obiara a ɔhome amma Yeroboam, sɛnea AWURADE nam n’akoa: Odiyifo Siloni Ahigya so kae no,
30Yeroboam bɔne a ɔyɛe, ne nea ɔmaa Israel yɛe ne abohuru a ɔde huruu AWURADE Israel Nyankopɔn bo no nti na ɛbaa saa.
31Na Nadab ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, so wɔankyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu?
321 Ah 15.16 Na akodi daa Asa ne Israel hene Baasa ntam wɔn nna nyinaa.
Ɔhene Baasa di Israel so hene33 1 Ah 15.28 Yuda hene Asa afe a ɛto so abiɛsa so na Ahigya ba Baasa bedii Israel nyinaa so hene Tirsa, mfe aduonu anan.
341 Ah 15.26 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔyɛɛ bɔne a Yeroboam yɛe no ara bi ɔmaa Israel yɛɛ bɔne.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.