1Sɛ AWURADE se ni:
Munni atemmu so, na monyɛ adetrenee,
na me nkwagye reyɛ aba,
na wɔrebeyi me trenee adi.
2 Yes 58.13 Nhyira ne ɔdasani a ɔyɛ eyi,
ne onipa ba a okura mu no,
nea odi homeda a ongu ho fi
na ɔhwɛ ne nsa na anyɛ bɔne biara no.
3 Yes 14.1; Deut 23.1 Na ɔnanani a ɔde ne ho abɛbata AWURADE ho no, mma ɔnnka sɛ:
Otu na AWURADE betu me afi ne man mu;
na mma ayitotoni nso nnka sɛ:
Hwɛ, me de, meyɛ duwui.
4Na sɛ AWURADE ka ni:
Ayitotofo a wodi me homeda
na wɔpaw ade a ɛsɔ m’ani
na wokura m’apam mu no,
5mɛma wɔn me fi ne m’afasu mu
afa ne din a eye sen mmabanin ne mmabea;
daa din a wɔrentwa nkyene
na mede mɛma mo.
6Na ananafo a wɔabɛbata AWURADE ho
sɛ wɔresom no na wɔadɔ AWURADE din
na wɔbɛyɛ no nkoa no,
obiara a odi homeda a ongu ho fi
ne wɔn a wokura n’apam mu no,
7 Mar 11.17 mede wɔn mɛba me bepɔw kronkron no so,
na mama wɔn ani agye me mpaebɔ fi,
wɔn hyew afɔre ne wɔn kum afɔre
bɛsɔ m’ani, m’afɔremuka so;
na me fi no, wɔbɛfrɛ no mpaebɔ fi
ama aman nyinaa.
8 Yoh 10.16 AWURADE Nyankopɔn
a ɔboa Israel mpanyimfo ano no asɛm ni:
Mɛkɔ so maboa nnipa ano
mapae ɛno so maka wɔn a wɔaboa wɔn ano no ho.
Ɔman no sohwɛfo asotwe9Wuram mmoadoma a moyɛ keka nyinaa,
mmoadoma a moyɛ keka wɔ kwae mu nyinaa mommra mmedidi hamham.
10 Yes 52.8; Hes 3.17; 33.2-9 N’awɛmfo yɛ anifuraefo,
wɔn nyinaa nnim de;
wɔn nyinaa yɛ akraman mum,
wontumi mmobom;
wɔyɛ nnamukasafo deda hɔ, wɔtɔ nko.
11 Yer 6.13 Na akraman no yɛ adifudepɛfo sɛ,
wonnim ɔmee. Wɔyɛ nguanhwɛfo a wonni nhumu,
wɔn nyinaa adannan wɔn ani akyerɛkyerɛ wɔn akwan so,
obiara hwehwɛ ne mfaso,
wɔn ankasa mfaso, obiako ne obiara.
12 Mmb 23.35 Wɔka sɛ: Mommra, mekɔfa nsa aba,
na yɛawe mpahyewa,
na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ,
ɛbɛso aboro so pii.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
