Yesaia 19 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Misraim ho atemmusɛm

1 Yer 46; Hes 29; 30 Misraim ho atemmusɛm.

Hwɛ, AWURADE te mununkum harehare so

reba Misraim,

na Misraim abosonhuhuw ho bɛpopo n’anim,

na Misraim koma anan wɔ ne mu.

2Na mɛhwanyan Misraim mahyɛ Misraim,

na wɔne wɔn ho wɔn ho akoko,

onua ne onua, adamfo ne adamfo,

kurow ne kurow, ahenni ne ahenni.

3Na Misraim honhom bɛsa wɔ ne mu,

na n’agyinatu nso, mahwete

na wɔakɔ akobisa abosonhuhuw ne kaberɛkyerefo

ne asamanfrɛfo ne asumanfo.

4Na mede Misraimfo

mɛhyɛ owura tirimmɔdenfo nsa,

na ɔhene a ɔyɛ den adi wɔn so:

AWURADE, asafo AWURADE, na ose.

5Na asubɔnten Nil mu nsu bɛyow,

na asu no bɛmem na asa ayɛ kesee,

6na nsubɔnten no bɛbɔn,

na Misraim nsuka no atwe asa

nnemmire ne sakran benyinnyam.

7Nil kɔn so ne Nil ano wura a efuw

ne ade a wɔadua Nil ho nyinaa bɛhyew

apete asɛe pasaa;

8na apofofo no begu ahome,

na wɔn a wɔto Nil mu nnarewa adi nkɔmmɔ,

na nsu no ani asawugufo ahodwow;

9na siwabiri mfuturu srɛnfo

ne nweranwemfo ani bewu.

10Asase no adum bebubu

na apaadifo nyinaa werɛ ahow.

11Soan mmapɔmma yɛ nkwasea ara nko,

na Farao afotufo mu anyansafo afotu adan nkwaseasɛm.

Ɛdɛn na muse Farao sɛ:

Anyansafo ba ne me,

tete ahene no ba?

12Ɛhe na afei w’anyansafo no wɔ?

Na wonyi nkyerɛ wo, na wonhu

agyina a asafo AWURADE atu, Misraim so.

13Soan mmapɔmma adan nkwasea,

na Memfis mmapɔmma nso ayera,

na wɔn a wɔyɛ mmusuakuw no mu tweabo

adaadaa Misraim.

14 Yes 29.10; 1 Ah 22.22 AWURADE ahwie

anisobiri honhom agu no mu,

na wɔama Misraim agyigya, ne nneyɛe nyinaa mu,

sɛnea ɔsabofo yantam ne fe mu no.

15 Yes 9.14 Na biribiara nni hɔ a eti anaa dua, mpopa anaa mmɛw,

betumi ayɛ ama Misraim.

Misraim, Asaria ne Israel yɛ biako

16Ɛda no, Misraim bɛyɛ sɛ mmea, na wobesuro na wɔn ho apopo, asafo AWURADE nsa wosow a ɔbɛwosow wɔ wɔn so no nti.

17Na Yuda asase ho bɛyɛ Misraim hu, obiara bɔ ne din a, wɔn ho bɛpopo, asafo AWURADE agyina a watu, Misraim ho no nti.

18 Yes 65.16; Yer 12.16 Ɛda no, Misraim asase so ahenkurow anum bɛkasa Kanaan kasa, na wɔaka AWURADE ntam; na wɔbɛfrɛ biako sɛ: Ɔsɛe kurow.

19Ɛda no na wɔde afɔremuka besi Misraim asase mfinimfini ama AWURADE, na ɔbodum besi ne hye ho ama AWURADE,

20na ayɛ sɛnkyerɛnne ne adanse ama asafo AWURADE, Misraim asase so, na sɛ wosu frɛ AWURADE, ahawfo anim a, wasoma ogyefo ne ɔsɛnnifo aba wɔn nkyɛn abegye wɔn.

21Na AWURADE beyi ne ho adi ama Misraim ahu no, na Misraimfo behu AWURADE ɛda no, na wɔde afɔre ne ayɛyɛde asom no, na wɔahyɛ AWURADE bɔ na wɔama.

22Na AWURADE bɛbobɔ Misraim, ɔbɛbobɔ wɔn, na wasa wɔn yare; na wɔbɛsan aba AWURADE nkyɛn, na watie wɔn asa wɔn yare.

23Ɛda no, ɔtempɔn bɛda afi Misraim akɔ Asiria, na Asiriafo aba Misraim, na Misraimfo akɔ Asiria, na Misraimfo ne Asiriafo abom asom.

24Ɛda no, Israel bɛto Misraim ne Asaria so abiɛsa ayɛ nhyira, asase mfinimfini,

25Rom 15.10 esiane sɛ asafo AWURADE ahyira wɔn sɛ: Nhyira nka me man Misraim ne me nsa ano adwuma Asaria ne m’agyapade Israel.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help