1 Yer 40.8; 2 Ah 25.25 Na ɔsram a ɛto so ason no, Elisama ba Netania ba Ismael a ofi ɔhene asefo ne ɔhene atitiriw mu no ne mmarima du a wɔka ne ho baa Ahikam ba Gedalia nkyɛn Mispa, na wɔbɔɔ mu didii Mispa hɔ.
2Yer 40.5 Ɛnna Netania ba Ismael ne mmarima du a wɔka ne ho no sɔre de nkrante bobɔɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no asi asase no so panyin no kum no.
3Na Yudafo a wɔne ɔno Gedalia te Mispa no nyinaa ne Kaldeafo a wohuu wɔn hɔ a wɔyɛ akofo no nso, Ismael kunkum wɔn.
4Na Gedalia kum akyi nnanu a obiara ntee no,
5Lew 19.28 mmarima bi fi Sekem ne Silo ne Samaria bae, wosi aduɔwɔtwe, wɔayiyi wɔn bogyesɛ asunsuane wɔn ntade mu abobɔ wɔn ho akam, na wokura aduan afɔre ne aduhuam sɛ wɔde reba AWURADE fi.
6Na Netania ba Ismael fi Mispa kohyiaa wɔn; ɔrekɔ no, na ɔresu. Na oduu wɔn nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommra Ahikam ba Gedalia nkyɛn.
7Na woduu kurow no mu no, Netania ba Ismael ne mmarima a wɔka ne ho no kunkum wɔn guu abura bi mu.
8Nanso wɔn mu mmarima du ka kyerɛɛ Ismael sɛ: Nkum yɛn, na yɛwɔ akorade wɔ wuram, awi ne atoko ne ngo ne ɛwo. Ɛnna ogyaee, na wankum wɔn ampae wɔn nuanom no so.
9 1 Ah 15.16, 22 Nso abura a Ismael totow mmarima a okunkum wɔn kaa Gedalia ho no afunu guu mu no ne nea Israel hene Basa nti ɔhene Asa tui no, ɛno na Netania ba Ismael de atɔfo no hyɛɛ no ma.
10Ɛnna Ismael faa ɔman no nkae a wɔwɔ Mispa no nyinaa nnommum, ɔhene mmabea ne nkurɔfo a wɔkae Mispa a ankɔbeahene Nebusaradan de wɔn hyɛɛ Ahikam ba Gedalia nsa no nyinaa, Netania ba Ismael faa wɔn nnommum kɔe, sɛ ɔrekotwam akɔ Amonfo nkyɛn.
Yudafo pɛ sɛ anka wɔkɔ Misraim11 Yer 40.8, 13-16 Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa tee bɔne a Netania ba Ismael ayɛ no,
122 Sa 2.13 wɔfaa mmarima no nyinaa kɔe, sɛ wɔne Netania ba Ismael rekɔko; na wɔkɔtoo no asukɛse a ɛwɔ Gibeon no ho.
13Na nkurɔfo a wɔka Ismael ho no nyinaa huu Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔka ne ho no nyinaa no, wɔn ani gyei,
14na ɔman a Ismael faa wɔn nnommum fii Mispa no dannan wɔn ho san wɔn akyi baa Karea ba Yohanan nkyɛn.
15Na Netania ba Ismael ne mmarima baawɔtwe fii mu fii Yohanan anim, na osiim kɔɔ Amonfo nkyɛn.
16Ɛnna Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔka ne ho no nyinaa faa ɔman no nkae a ɔde wɔn san fii Netania ba Ismael a okum Ahikam ba Gedalia no nkyɛn Mispa no, wɔfaa mmarima akofo ne mmea ne mmofra ne mpiafo a ɔde wɔn san fii Gibeon no,
172 Sa 19.37; Yer 43.7 na wosiim kɔtenaa Kimham asoɛe a ɛwɔ Betlehem nkyɛn mu, sɛ wɔde rehwe so akɔ Misraim
18afi Kaldeafo no anim, efisɛ wosuro wɔn anim, sɛ Netania ba Ismael akum Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no asi asase no so panyin no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.