Hagai 1 - KYER?W KRONKRON(RATB)

AWURADE Asɔrefi no si

1 Esra 4.24; 5.1-2 Ɔhene Dario afe a ɛto so abien no ɔsram a ɛto so asia no da a edi kan no, Awurade asɛm nam odiyifo Hagai so baa Yuda amrado Serubabel a ɔyɛ Sealtiel ba ne ɔsɔfopanyin Yosua a ɔyɛ Yehosadak ba nkyɛn sɛ:

2Sɛ asafo Awurade se ni: Ɔman yi ka sɛ: Ɛnyɛ bere a wɔde besi Awurade fi no ni.

3Na Awurade asɛm nam odiyifo Hagai so bae sɛ:

42 Sa 7.2 So mo de, ɛbere adu ama mo sɛ motete mo adan a wɔaduradura mu mu, na ofi yi de, ɛnna hɔ ntuw?

5Na afei sɛ asafo Awurade se ni: Monhwɛ sɛnea nneɛma si rekɔ wɔ mo abrabɔ mu no yiye.

6Hag 2.16; Deut 28.38 Mudua pii, na ketewaa bi na efi mu ba; mudidi, nanso mommee, monom nsa, nanso ɛnso mo; mufurafura ntama, nanso mo ho nyɛ mo hyew, na ɔpaani apaade gu fotow a wɔafiti ɛto mu.

7Sɛ asafo Awurade se ni: Afei monhwɛ mo akwan yiye,

8na momforo bepɔw nkɔfa nnua mmra mfa mmesi dan no, na ɛbɛyɛ me fɛ, na mayi m’anuonyam makyerɛ, Awurade na ose.

9Mohwɛɛ ade pii kwan, na hwɛ, ayɛ ketewaa; na mode baa ofie, na mihuw petee. Adɛn nti? Asafo Awurade asɛm ni; me fi a ɛda ntuw nti a, na mo de, moasiesie mo afi mu.

101 Ah 17.1 Ne saa nti na ɔsoro akame obosu, na asase akame ne nnɔbae,

11Hag 2.17; Amos 4.9 na mefrɛɛ ɔyow mebaa asase ne mmepɔw so, ne awi ne nsamono so, ne ngo ne ade a asase de ba so, ne nnipa so ne afieboa so, ne nsa ano brɛ adwuma nyinaa so.

12Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yehosadak ba ɔsɔfopanyin Yosua ne ɔman no nkae no nyinaa tiee Awurade wɔn Nyankopɔn ne odiyifo Hagai nsɛm, sɛnea Awurade wɔn Nyankopɔn somaa no no, na ɔman no suroe Awurade anim.

13Mal 2.7 Ɛnna Hagai, Awurade bɔfo no, bɔɔ Awurade kaseɛ kyerɛɛ ɔman no sɛ: Midi mo akyi, Awurade asɛm ni.

14Na Awurade nyan Sealtiel ba Serubabel, Yuda amrado no, honhom, ne Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfopanyin no honhom, ne ɔman no nkae nyinaa ahonhom, na wɔbae bɛyɛɛ adwuma, asafo Awurade, wɔn Nyankopɔn fi,

15ɔsram a ɛto so asia no, da a ɛto so aduonu anan no so, ɔhene Dario afe a ɛto so abien no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help