1M’ayeyi Nyankopɔn, mmua w’ano.
2Na abɔnefo ne nkontompofo abue wɔn ano ahyɛ me,
wɔde atoro tɛkrɛma akeka me ho nsɛm,
3na wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia,
na wɔne me di ako kwa.
4Wɔtan me de hyɛ me dɔ ananmu,
na me de, mpae ara na mebɔ.
5 Nnw 35.12 Na wɔde bɔne hyɛ me papa ananmu,
na wokyi me de hyɛ me dɔ ananmu.
6Fa ɔbɔnefo si no so,
na ma Satan nnyina ne nifa.
7Wobu no atɛn a, ma onni fɔ,
na ma ne mpaebɔ nnan no bɔne.
8 Aso 1.20 Ma ne nna nsua,
na ne hwɛ adwuma no, ma obi mfa,
9ne mma nyɛ nyisaa,
na ne yere nnan okunafo,
10na ne mma nkyinkyin nsrɛsrɛ ade,
na womfi wɔn amamfo so nkɔhwehwɛ aduan.
11Ma ɔpempensifo nsa nka nea ɔwɔ nyinaa,
na ananafo mfow n’adwuma so ade.
12Mma obiara nnyɛ no adɔe,
na obiara nnnom ne nyisaa.
13Ma wɔntɔre n’ase,
ma wɔn din ngu awo ntoatoaso a edi so yi mu.
14 Eks 20.5 Wɔnkae n’agyanom amumɔyɛ AWURADE anim,
na ne na bɔne nso, wɔmmpopa.
15 Mmb 10.7 Ɛntena AWURADE anim daa,
na ontwa wɔn ho nkae mfi asase so.
16Esiane sɛ wankae sɛ ɔbɛyɛ adɔe,
na ɔtaa onipa mmɔboroni ne ohiani
ne nea ne koma abubu, sɛ obekum wɔn.
17Sɛ ɔdɔɔ nnuabɔ nti, aba no so,
sɛ wampɛ nhyira nti, ɛne no ntam pan.
18 Num 5.22 Ɔhyɛɛ nnome sɛ n’atade,
na ɛkɔɔ ne yam sɛ nsu, ne ne nnompe mu sɛ ngo.
19Ma ɛnyɛ no sɛ ntama a ofura
ne abɔso a ɔde kyekyere ne ho daa.
20Eyi ne me ho asɛmpɛfo akatua a efi AWURADE nsam,
ne wɔn a wɔka me kra ho asɛmmɔne no de.
21Na wo, AWURADE, wo din nti di ma me,
na w’adɔe no ye, yi me!
22Na meyɛ mmɔboroni ne hiani,
na me koma apira wɔ me mu.
23Mekɔ sɛ sunsuma a ɛrekɔtɔ,
wɔawosow me akyene sɛ mmɛbɛw.
24Abuada nti me nkotodwe popo,
na me honam afɔn, na srade apa mu.
25 Nnw 22.7 Na me de, madan ahohora mama wɔn,
wɔhwɛ me a, wɔwosow wɔn ti.
26Boa me, AWURADE, me Nyankopɔn,
gye me sɛnea w’adɔe te,
27na wonhu sɛ wo nsa ni,
sɛ wo, AWURADE, na woyɛe.
28 Mat 5.11 Wɔn de, wɔdome, na wo de, wuhyira;
wɔsɔre, na wɔn ani wu,
na w’akoa de, n’ani gye.
29 Nnw 35.26 Me ho asɛmpɛfo bɛhyɛ aniwu,
na wɔafura wɔn ahohora sɛ ntama.
30Mede m’ano mɛkamfo AWURADE pii,
mɛto ayeyi dwom mama no nnipa bebree mu,
31sɛ ogyina ohiani nifa,
na ɔregye no afi wɔn a wobu ne kra atɛn nsam.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.