1Na AWURADE somaa Natan kɔɔ Dawid nkyɛn. Na ɔbaa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Mmarima baanu tenaa kurow bi mu, obiako yɛ ɔdefo na obiako yɛ ohiani.
2Ɔdefo no wɔ nguan ne anantwi bebree pa,
3na ohiani no de, onni hwee sɛ oguammere ketewa biako, a ɔtɔɔ no; na ɔyɛn no na ɔne no ne ne mma bɔɔ mu nyinii. Odi ne buprɛko bi, na ɔnom ne kuruwa ano, na ɔda ne koko mu, na ɔyɛɛ no sɛ ɔbabea.
4Na da koro bi a ɔhɔho bi baa ɔdefo no nkyɛn no, wampɛ sɛ ɔde ne nguan ne n’anantwi no bi yɛ ɔkwantenni a wabɛsoɛ no no hɔho, na ɔkɔfaa ohiani no guan no siesie maa ɔbarima a ɔbaa ne nkyɛn no.
5Ɛnna Dawid bo hurui pii hyɛɛ ɔbarima no, na ɔka kyerɛɛ Natan sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, ɔbarima a ɔyɛɛ eyi no sɛ owu.
6Eks 22.1 Na oguan no, ɔnhyɛ ananmu mpɛn anan, sɛ wadi saa asɛm yi na wanhu mmɔbɔ.
7 1 Ah 20.40 Ɛnna Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ. Wone ɔbarima no! Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni. Me na mesraa wo ngo na mede wo misii Israel so hene, na miyii wo Saul nsam;
8na mede wo wura fi memaa wo, na mede wo wura yerenom nso miguu wo kokom, na mede Israel ne Yuda fi memaa wo; na sɛ esua a, anka mede sɛɛ ne sɛɛ mɛka wo ho.
92 Sa 11; 1 Ah 15.5 Ɛdɛn nti na woabu AWURADE asɛm animtiaa ayɛ n’anim bɔne yi? Wode nkrante akum Hetini Uria, na woafa ne yere ayɛ wo yere, na ɔno de, wode Amonfo nkrante adi no awu.
102 Sa 13.28-29; 18.14; 2 Ah 25.7 Na afei nkrante remfi wo fi kosi daa, esiane sɛ woabu me animtiaa na woafa Hetini Uria yere aware no.
112 Sa 16.22; Hiob 31.9-10 Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mɛma bɔne aba wo so ne wo fi so, na magye wo yerenom w’anim mede mama wo yɔnko, na ɔne wo yerenom adeda petee mu awia ketee.
12Na wo de woyɛɛ no ahintawee mu, na me de, medi asɛm yi Israel nyinaa anim awia ketee.
13 2 Sa 24.10; Nnw 51.1 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Natan sɛ: Mayɛ AWURADE bɔne. Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE nso ama wo bɔne atwam, worenwu.
142 Sa 11.27 Nanso sɛ wode asɛm a woadi yi ama AWURADE atamfo anya kwan aka abususɛm atia no nti, ɛyɛ dɛn ara ɔba a wɔwoo no maa wo bewu.
15Na Natan kɔɔ ne fi.
Dawid ba no wuNa AWURADE de owuyare bɔɔ ɔba a Uria yere no wo maa Dawid no.
16Na Dawid paa Onyankopɔn kyɛw maa abofra no; na Dawid bua dae na ɔkɔɔ mu kɔdaa fam anadwo no.
17Na ne fi mpanyimfo kogyinaa no so sɛ wɔbɛma no so afi fam; nanso wampene na ɔne wɔn nso annidi.
18Na da a ɛto so ason no, akokoaa no wui. Na Dawid nkoa suroe sɛ wɔbɛka akyerɛ no sɛ akokoaa no awu na wɔkae sɛ: Hwɛ, akokoaa no da so te ase no po, yɛne no kasae, na wantie yɛn. Na yɛbɛyɛ dɛn aka akyerɛ no sɛ akokoaa no awu na ɔrenyɛ bɔne bi?
19Na Dawid hui sɛ ne nkoa reyɛ huhuhuhu no, Dawid hui sɛ akokoaa no awu; na Dawid ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: So akokoaa no awu anaa? Na wose: Wawu.
20Ɛnna Dawid sɔre fii fam, na oguare srae, na ɔsakraa n’atade na ɔkɔɔ AWURADE fi kɔsɔree. Na ɔbaa ne fi, na obisa ma wɔde aduan besii n’anim, na odii.
21Na ne nkoa no ka kyerɛɛ no sɛ: Asɛm bɛn na woadi yi? Akokoaa no da so te ase no, wubua dae na wusui; na akokoaa no wui mmom no woasɔre adidi.
22Na ose. Akokoaa no da so te ase no, mibua medae, na misui na mise: Hena na onim sɛ ebia AWURADE bɛdom me na akokoaa no anya nkwa;
23na afei wanya awu; ɛdɛn nti na minni abuada? So metumi masan no aba bio? Me na mɛkɔ ne nkyɛn, na ɔno de, ɔrensan mma me nkyɛn.
Solomon awo24Na Dawid kyekyee ne yere Batseba werɛ; na ɔkɔɔ ne nkyɛn ne no kɔdae; na ɔwoo babarima, na ɔtoo no din Solomon, na AWURADE dɔ no.
25Na ɔsomaa odiyifo Natan ma ɔkɔtoo no din Yedidia ase ne: AWURADE dɔfo, AWURADE nti.
Dawid ko fa Raba Nnommum(1 Berɛsosɛm 20.1-3)26 1 Be 20.1-3 Na Yoab ne Amonfo a wɔwɔ Raba koe na ogyee ahenkurow no.
27Na Yoab somaa abɔfo baa Dawid nkyɛn sɛ: Me ne Raba ako, nso magye nsu ano kurow no.
28Na afei boaboa ɔman a aka no ano bɛbɔ kurow no ho nsra na gye, na me, mannye kurow no, na wɔamfa me din anto.
29Na Dawid boaboaa ɔman no nyinaa ano kɔɔ Raba ne no kɔkoe na ogyei.
30Na oyii wɔn hene abotiri fii ne ti; ne duru si sika dwetikɛse, na aboɔden abo wɔ mu, na wɔde bɔɔ Dawid ti, na ɔde kurow no mu asade bebree pa fi bae.
31Na ɔde ɔman a wɔwɔ mu no fi bae, na ɔma wɔde sradaa ne fatudade ne dade mmonnua yɛɛ adwuma na wɔyɛɛ ntayaa fononoo ho adwuma dennen. Na sɛɛ na ɔde yɛɛ Amonfo nkurow nyinaa. Ɛnna Dawid ne ne man nyinaa san baa Yerusalem.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.