1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
2Lew 11.44-45; Mat 5.48; 1 Pe 1.15-16 Kasa kyerɛ Israelfo asafo no nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ: Monyɛ kronkron, efisɛ me, AWURADE mo Nyankopɔn, meyɛ kronkron.
3Eks 20.8, 12 Mo nyinaa nsuro mo nanom ne mo agyanom, na munni me home nna no: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.
4Eks 20.3; 34.17 Monnan mo ho nnnkɔ abosonhuhuw no nkyɛn, na monnnyɛ ahoni a wɔagu sɛ anyame mmfa: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.
5 Lew 22.18-20 Na sɛ mobɔ asomdwoe afɔre ma AWURADE a, mommɔ no sɛnea ɛbɛma moasɔ ani:
6Lew 7.15-18 Da a mukum no ara na wonni, ne n'adekyee, na nea ɛbɛka akodu da a ɛto so abiɛsa no, wɔmfa ogya nhyew.
7Na sɛ wodi no da a ɛto so abiɛsa a, ɛyɛ akyide, ɛnsɔ ani;
8na nea odi no bɛsoa ne mmusu, efisɛ AWURADE akronkronne ho na wahura, na wobetwa saa ɔkra no afi ne man mu akyene.
9 Lew 23.22; Deut 24.19; Rut 2.2, 15-16 Na sɛ mutwa mo asase so nnɔbae a, nwie wo nhanoa de twa, na nni w'afumde no mu mpɛpɛw;
10na wo bobe turo nso, nni mu mpɛpɛw, na wo turo mu aba a egugu fam no, ntase; gyaw ma ohiani ne ɔhɔho: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.
11 Eks 20.15-16; 1 Te 4.6 Mommmɔ korɔn na munnni kusum, na obi nntwa ne yɔnko nkontompo.
12Eks 20.7; Mat 5.33 Na monnka me din ho ntam atoro mu, na woanhura wo Nyankopɔn din ho: Mene AWURADE.
13 Deut 24.14-15; Yer 22.13; Yak 5.4 Nni wo yɔnko amim na mfow no. Mma wo paani akatua nnka wo nkyɛn mma ade nnkye.
14Deut 27.18 Nnome ɔsotifo na mfa hintidua nto onifuraefo anim, na suro Onyankopɔn: Mene AWURADE.
15 Eks 23.6; Deut 16.19-20 Munntwa atemmu mu nkontompo: nhwɛ ɔbrɛfo anim na nyɛ nea ɛbɛsɔ otumfo ani; trenee mu na bu wo yɔnko atɛn.
16Nkyin wo nkurɔfo mu nni nseku; nsɔre nhyɛ wo yɔnko mogya: Mene AWURADE.
17 Nnw 141.5; Mat 18.15 Ntan wo nua wo koma mu; ɔka na ka wo yɔnko anim, na woansoa ne ho bɔne.
18Mat 22.39; 5.43-48; Luka 10.25-37; Rom 13.9; Gal 5.14; Yak 2.8; Yoh 13.34 Nni were na nnya wo nkurɔfo mma ho menasepɔw, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho: Mene AWURADE.
19 Deut 22.9-11 Munni m'ahyɛde so. Mma w'afieboa nnni afrafra mmforo wɔn ho; w'afuw nso, mfa ade mfrafra nnua mu, na mma ntama horow abien nsaasaa nnka wo ho.
20Sɛ ɔbarima bi ne ɔbea da na ɔde ne ho ka no, na ɔbea no yɛ afenaa a wɔde no ama obi aware, na ogye na wonnya nnyee no anaasɛ wonnya mfaa ne ho nkyɛɛ no a, wɔmpɛɛpɛɛmu ntwe wɔn aso, na wonnkum wɔn, efisɛ onnya nnee ne ho ɛ.
21Na ɔbarima no mfa n'asodi ho afɔre mmrɛ AWURADE, ahyiae ntamadan no ano, asodi ho afɔre dwennini na ɔmfa mmra.
22Lew 5.17-18 Na ɔsɔfo no mfa asodi ho afɔre dwennini no mpata mma no, AWURADE anim, bɔne a wayɛ no nti, na wɔde ne bɔne a wayɛ no akyɛ no.
23Na sɛ mudu asase no so na motɛw dua biara a wodi a, mummu n'aba no sɛ momonotode; mfe abiɛsa na ɛnyɛ mo momonotode, wonnni;
24na afe a ɛto so anan no, ɛso aba nyinaa nyɛ kronkron mma AWURADE ayeyi;
25na afe a ɛto so anum no, munni n'aba, na ne nnɔbae nkɔ so nnɔɔso mma mo: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.
26 Lew 3.17 Mommfa mogya nnka biribi ho nnni. Munnni adebisasɛm na munngoru abayigoru.
27Lew 21.5; Deut 14.1 Monnkonton mo nwi ano, na nsɛe wo bogyesɛ ano.
28Monnsesa mo ho nkamaa mmma awufo, na munnkurukyerɛw mo ho nkyerɛwee bi: Mene AWURADE.
29Nhura wo babea ho mma ɔmmmɔ aguaman, na asase no ammɔ aguaman, na mmusu anyɛ asase no so ma.
30Munni me home nna na munsuro me kronkronbea no: Mene AWURADE.
31 Lew 20.6; Deut 18.10-11; 1 Sa 28.7 Monnnan mo ho nnkɔ ɔdebisafo nkyɛn, na monnhwehwɛ asumanfo akyi kwan mmfa nngu mo ho fi wɔ wɔn ho: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.
32Fa obu ma ɔpanyin, yiw, na di akwakora ni, na suro wo Nyankopɔn: Mene AWURADE.
33Eks 22.21 Na sɛ ɔhɔho bi bɛsoɛ mo asase so a, monnhyɛ no so.
34Ɔhɔho a wabɛtena mo mu nyɛ mo sɛ mo kuromani bi, na dɔ no sɛ wo ho, efisɛ moyɛɛ Misraim asase so ahɔho: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.
35 Deut 25.13-16; Mmb 11.1 Munntwa atemmu mu nkontompo, adesusuw, adekari ne adehyɛ mu;
36nsɛnia tee, abrammo tee, olonka tee ne susutoa tee na munkura: Mene AWURADE mo Nyankopɔn a miyii mo fii Misraim asase so no.
37Lew 18.30 Na munni m'ahyɛde nyinaa ne m'atemmude nyinaa so nyɛ: Mene AWURADE.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.