Numeri 17 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Aaron poma fefɛw

1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2Kasa kyerɛ Israelfo no, na gyigye wɔn hɔ wɔn mpanyimfi so mpoma mmiako mmiako, mmapɔmma no nyinaa hɔ mpoma dumien, sɛ wɔn mpanyimfi te no, na kyerɛkyerɛw wɔn din hyehyɛ wɔn mpoma no so;

3Aaron din na kyerɛw hyɛ Lewi poma so; efisɛ poma biara yɛ mpanyimfi biara so otitiriw no de.

4Eks 25.22 Na gyaw gu ahyiae ntamadan no mu, Adanse no anim, nea me ne mo hyia hɔ no.

5Deut 16.5, 7 Na ɔbarima a meyi no no poma bɛfefɛw, na mama me ho anwiinwii a Israelfo nwiinwii hyɛ mo no agyae.

6Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfo no; na wɔn mmapɔmma no nyinaa momaa no mpoma mmiako mmiako; mpoma dumien, sɛ wɔn mpanyimfi te no; na Aaron poma wɔ wɔn mpoma no mu.

7Na Mose gyaw mpoma no guu AWURADE anim, adanse ntamadan no mu.

8Na ade kyee a Mose kɔɔ adanse ntamadan no mu no, na hwɛ, Aaron poma a ɛyɛ Lewi fi de no afefɛw ayɛ frɔmfrɔm agu nhwiren na asow amandola aba abere.

9Na Mose tasee mpoma no nyinaa de fi AWURADE anim fii adi brɛɛ Israelfo no nyinaa, na wɔhwɛe, na wɔn mu biara faa ne poma.

10 Heb 9.4 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Aaron poma no san bra Adanse no anim na wɔmfa nsie, na ɛnyɛ sɛnkyerɛnne mma asoɔdenfo no, na woatwa wɔn anwiinwii a wonwiinwii hyɛ me no to, na wɔanwuwu.

11Na Mose yɛɛ sa. Sɛnea AWURADE hyɛɛ no no, saa ara na ɔyɛe.

12Na Israelfo no ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, yɛrewuwu, yɛresɛe, yɛn nyinaa resɛe!

13Num 16.40 Obiara a ɔbɛn AWURADE tenabea no wu: so yɛn nyinaa nwie sa?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help