Yeremia 7 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Aniani nyamesom

1Asɛm a efi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn se:

2Kogyina AWURADE fi ponkɛse mu, na kɔpae asɛm yi mu ka wɔ hɔ sɛ: Muntie AWURADE asɛm, mo Yudafo a mofa aponkɛse yi mu bɛsɔre AWURADE nyinaa.

3 na wɔagu anyame foforo ahwiesa, de yi me abufuw.

19So me na woyi me abufuw? AWURADE asɛm ni, so ɛnyɛ wɔn ho aniwu na wɔhyɛ?

20Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, wobehwie m’abufuw ne m’aboɔhyew agu ɛha yi, nnipa ne mmoa, wura mu nnua ne asase so aba so, na adɛw a ɛrennum.

21 Nnw 50.8-15 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Momfa mo hyew afɔre nka mo kum afɔre ho, na munni nam.

22Mika 6.6-8; 1 Sa 15.22 Efisɛ da a miyii mo agyanom fii Misraim asase so no, manka wɔn ɔhyew afɔre ne okum afɔre ho asɛm, na manhyɛ wɔn ɛho mmara bi;

23Eks 19.5 na mmom asɛm yi ho mmara na mehyɛɛ wɔn sɛ: Muntie me, na mɛyɛ mo Onyankopɔn, na mo nso moayɛ me ɔman; na monnantew me kwan a mahyɛ mo ho mmara nyinaa so, na awie mo yiye.

24Yer 11.18; Yes 65.2 Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔfaa wɔn ankasa kwan so, dii wɔn koma bɔne denyɛ akyi, na wɔsan wɔn akyi, na wɔankɔ anim.

25Efi da a mo agyanom fii Misraim asase so de besi nnɛ da yi, masoma me nkoa nyinaa, adiyifo no, aba mo nkyɛn; daa na mitua ahema mesoma wɔn,

26Yer 16.12 nanso wɔantie me, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wosen wɔn kɔn yɛɛ bɔne sen wɔn agyanom.

27Na woka nsɛm yi nyinaa kyerɛ wɔn a, wɔrentie wo, na wofrɛ wɔn a, wɔrennye wo so.

28Yer 5.1 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Eyi ne ɔman a wontie AWURADE wɔn Nyankopɔn na wontie nteɛso no; nokware asa, na atu afi wɔn anom.

29Yi wo ti nwi gu,

na twa mpampa pataa so agyaadwo,

na AWURADE apa

nnɛ mma a ne bo afuw wɔn no asum wɔn agu.

30 Yer 32.34 Na Yuda mma ayɛ m’ani so bɔne, sɛ AWURADE se ni, wɔde wɔn akyide asisi ofi a wɔde me din ato no mu, de agu ho fi;

312 Ah 23.10; Lew 18.21 na wɔasisi sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Hinom ba bon mu no, de hyew wɔn mmabanin ne wɔn mmabea ogya mu; nso menhyɛɛ wɔn sa, na ɛmaa me komam da.

32Yer 19.6 Enti sɛ AWURADE se ni, hwɛ, nna bi reba, a wɔremfrɛ no Tofet anaa Hinom ba bon bio, na mmom okum bon, na wobesie nnipa Tofet hɔ, siebea a wonnya nti.

33Yer 19.7; 9.22 Na ɔman yi afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asase so mmoa, na wɔrennya obi mpam wɔn.

34Yer 16.9 Na megu Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmorɔn so ahosɛpɛw nne ne anigye nne, ayeforokunu nne ne ayeforo nne, efisɛ asase no bɛdan amamfo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help