Numeri 32 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Yordan asuogya mmusuakuw(Deuteronomium 3.12-22)

1 Deut 3.12-22 Na Ruben mma ne Gad mma wɔ mmoa pii a ɛdɔɔso pa ara, na wohuu Yaser ne Gilead asase, na hwɛ, ɛhɔ yɛ baabi a eye ma mmoa.

2Na Gad mma ne Ruben mma no ba bɛka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne asafo no mu mmapɔmma no sɛ:

3Atarot ne Dibon ne Yaser ne Nimra ne Hesbon ne Eleale ne Sebam ne Nebo ne Beon,

4asase a AWURADE abrɛ no ase Israel asafo anim no, yɛ asase a eye ma mmoayɛn; na wo nkoa wɔ mmoa.

5Na wɔkae sɛ: Sɛ yɛn anim aba onyam wɔ w'anim a, ma wɔmfa asase yi mma wo nkoa na yenni so, na mfa yɛn ntwa Yordan.

6Na Mose ka kyerɛɛ Gad mma ne Ruben mma no sɛ: So mo nuanom nkɔ, na mo de, montena ha?

7Na ɛdɛn na mutu Israelfo koma sɛnea ɛbɛyɛ na wɔrentwa nnkɔ asase a AWURADE de ama wɔn no so.

8Deut 13 Saa na mo agyanom yɛe bere a mesomaa wɔn fi Kades-barnea sɛ wɔnkɔhwɛ asase no,

9na wɔforo koduu Eskol subon no mu, na wohuu asase no, na wobetuu Israelfo no koma, na wɔankɔ asase a AWURADE de ama wɔn no so;

10na AWURADE bo fuwii da no, na ɔkaa ntam sɛ:

11Num 14.22-38; 26.65 Mmarima a wofi Misraim bae a wɔadi mfe aduonu de rekɔ no renhu asase a mekaa ɛho ntam mekyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no, efisɛ wɔanwie m'akyidi!

12Gye Kenisini Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua, efisɛ wɔn na wɔadi AWURADE akyi nokware mu.

13Na AWURADE bo fuw Israel, na ɔma wokyinkyinii sare so mfirihyia aduanan kosii sɛ awo ntoatoaso a wɔyɛɛ AWURADE anim bɔne no nyinaa wiee ɔsa.

14Na hwɛ, moasɔre agyina mo agyanom ananmu, mmarima nnebɔneyɛfo asefo, sɛ mode AWURADE abufuhyew no bi reka ho de aba Israel so ara.

15Sɛ mosan fi AWURADE akyi a, obegyaw ɔman no bio sare so, na moasɛe ɔman mu yi nyinaa.

16Ɛnna wotwiw bɛn no kae sɛ: Yebegyigye nguammuw wɔ ha ama yɛn mmoa, na yɛakyekye nkurow nso ama yɛn mma;

17na yɛn de, yɛamia aso akode mu adi Israelfo anim akosi sɛ yɛde wɔn bedu wɔn tenabea ansa; na yɛn mma ntenatena nkurow a ɛyɛ den no mu asase no sotefo no nti.

18Yɛrensan mma yɛn afi de bɛkɔ akosi sɛ: Israelfo nyinaa benya wɔn agyapade mmiako mmiako adi so.

19Na yɛne wɔn remfa agyapade wɔ Yordan agya ne akyiri, efisɛ yɛn agyapade abefi Yordan agya ha wɔ apuei fam ama yɛn.

20Yos 1.13-15 Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ mobɛyɛ eyi na moamia wɔ AWURADE anim akɔko,

21na mo mu wɔn a wɔamia nyinaa betwa Yordan adi AWURADE anim akosi sɛ ɔbɛpam n'atamfo afi n'anim,

22na wɔabrɛ asase no ase AWURADE anim ansa na moasan a, ɛnne na moayɛ mo asɛde, AWURADE ne Israel ho, na asase yi nyɛ mo agyapade, AWURADE anim.

23Na sɛ moanyɛ saa a, hwɛ, na moayɛ AWURADE bɔne, na munhu yiye sɛ mo bɔne beyi mo ama.

24Monkyekyere nkurow mma mo mma na munnyigye ban mma mo nguan, na nea afi mo anom no, monyɛ.

25Na Gad mma ne Ruben mma no ka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo nkoa bɛyɛ sɛnea me wura ahyɛ no:

26Yɛn mma ne yɛn yerenom ne yɛn nguan ne yɛn anantwi nyinaa ntena Gilead nkurow mu hɔ;

27na wo nkoa mu wɔn a wɔamia rekɔ ɔsa nyinaa betwam adi AWURADE anim akɔko, sɛnea me wura kae no.

28Ɛnna Mose hyɛɛ wɔn ho mmara maa ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israelfo mmusuakuw mu mpanyimfi so atitiriw no.

29Yos 4.12 Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ Gad mma ne Ruben mma ne mo twa Yordan, wɔn a wɔamia di AWURADE anim rekɔ ɔsa nyinaa, na wonya brɛ asase no ase mo anim a, ɛnne momfa Gilead asase mma wɔn na wonni so;

30na sɛ wɔammia ne mo antwa a, ɛnne Kanaan asase so na wɔmma wonnya tenabea wɔ mo mu.

31Na Gad mma ne Ruben mma buae sɛ: Nea AWURADE aka akyerɛ wo nkoa no, saa ara na yɛbɛyɛ

32Yɛn de, yebemia adi AWURADE anim atwam akɔ Kanaan asase so, na yɛn agyapade a yɛanya Yordan agya ha no atena yɛn hɔ.

33 Yos 13.8-31 Ɛnna Mose de Amorifo hene Sihon ahenni ne Basan hene Og ahenni, asase no ne n'ahye mu nkurow, asase no so nkurow a atwa ahyia nyinaa maa Gad mma ne Ruben mma ne Yosef ba Manase abusuakuw fa.

34Na Gad mma no kyekyeree Dibon ne Atarot ne Aroer,

35ne Atrot-sofan ne Yaser ne Yogbeha,

36ne Bet-nimra ne Bet-haran, nkurow a wɔatoto ho afasu ne nguammuw.

37Na Ruben mma no kyekyee Hesbon ne Eleale ne Kiriataim,

38ne Nebo ne Baal-meon a din no sakrasakrae, ne Sibma, na wɔtotoo nkurow a wɔkyekyeree no din.

39Na Manase ba Makir mma siim kɔɔ Gilead kɔfae, na wɔpam Amorifo a wɔwɔ hɔ no.

40Na Mose de Gilead maa Manase ba Makir, na ɔtenaa mu.

41Deut 3.14 Na Manase ba Yair siim kɔfaa wɔn atenae no, na ɔfrɛɛ no Yair atenae.

42Na Noba siim kɔfaa Kenat ne ɛho nkurowa, na ɔde ne din Noba too so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help