Nnwom 44 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Kan ne nnɛWɔde ma dwonkyerɛfo. Kora mma nnwenho dwom

1

9Nanso woatow yɛn agu, na woabɔ yɛn ahohora,

na wo ne yɛn dɔm ankɔ.

10Woma yɛdan yɛn akyi kyerɛɛ yɛn ahoguanfo,

na wɔn a wɔtan yɛn fow yɛn.

11Wode yɛn mae sɛ nguan a wodi,

na woabɔ yɛn ahwete amanaman mu.

12Woantɔn wo nkurɔfo annye hwee,

woamfa wɔn annye aboɔden.

13 Nnw 79.4; 1 Ah 9.7 Wode yɛn asi hɔ ama wɔn a wɔtete yɛn ho nsopa,

ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no fɛwdi ne ahiiyi.

14Wode yɛn ayɛ akasabebui, amanaman mu,

woma aman bobɔ wɔn ti nko wɔ yɛn ho.

15Daa nyinaa m’ahohora da m’anim,

na aniwu akata me so,

16nea ɔbɔ me ahohora na ɔsopa me no nne

ne ɔtamfo ne weredifo nti.

17Eyi nyinaa aba yɛn so,

nanso yɛn werɛ mfii wo,

na yentwaa w’apam ho nkontompo ɛ.

18Yɛn koma nsan n’akyi ɛ,

na yɛn anammɔn nteree wo kwan ho ɛ.

19Nanso woabubu yɛn pasaa, nea sakraman wɔ,

na wode sum kabii akata yɛn so.

20Sɛ yɛn werɛ afi yɛn Nyankopɔn din

anaasɛ yɛatrɛw yɛn nsam akyerɛ onyame foforo a,

21 Nnw 7.9 ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔbɛhwehwɛ?

Na ɔno na onim komam ahintasɛm.

22 Rom 8.36 Na wo nti na wokum yɛn daa nyinaa,

wobu yɛn sɛ nguan a wokokum wɔn.

23 Nnw 35.23 AWURADE, nyan ɛ, adɛn nti na woda?

Sɔre ɛ, ntow yɛn nkyene koraa.

24 Nnw 10.1 Adɛn nti na wuyi w’ani hintaw,

na wo werɛ fi yɛn amane ne yɛn so hyɛ no?

25Na wɔabrɛ yɛn kra ase akɔ mfutuma mu,

yɛn yafunu butuw fam.

26Sɔre bɛboa yɛn ɛ,

na gye yɛn, w’adɔe nti!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help