Yosua 18 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Wɔkyekyɛ asase a aka no mu

1 Ate 21.19; 1 Sa 1.3; 4.4 Na Israelfo asafo no nyinaa behyiae Silo, na wosii ahyiae ntamadan no wɔ hɔ, na wɔbrɛɛ asase no ase wɔn anim.

2Na aka Israelfo mu mmusuakuw ason a wɔnkyɛɛ agyapade mmaa wɔn.

3Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfo sɛ: Da bɛn na mobɛtwentwɛn mo nan ase akosi ansa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no?

4Muntu abusuakuw biara mu nnipa baasa, na mensoma wɔn mma wɔnsɔre nkokyin asase no so, na wɔnkyerɛw ho asɛm, sɛ ɛbɛyɛ na ɛbɛyɛ wɔn agyapade, na wɔmmra me nkyɛn.

5Na monkyekyɛ mu nkyekyem ason. Yuda nnyina ne hye so nifa fam, na Yosef fi nnyina wɔn hye so benkum fam.

6Na monkyerɛw asase no nkyekyem ason no ho asɛm, na momfa mmrɛ me ha, na mentwe ntonto memma mo, AWURADE yɛn Nyankopɔn anim ha.

7Yos 13.14-33 Na Lewifo de wɔrenya mo mu kyɛfa bi, efisɛ AWURADE asɔfodi no ne wɔn agyapade; na Gad ne Ruben ne Manase abusuakuw fa no anya wɔn agyapade, Yordan agya apuei a AWURADE akoa Mose de maa wɔn no.

8Ɛnna mmarima no sɔre kɔe; na Yosua hyɛɛ wɔn a wɔrekɔ akɔkyerɛw asase no ho asɛm no sɛ: Monkɔ nkokyin asase no so na monkyerɛw ho asɛm, na monsan mmra me nkyɛn, na mentwe ntonto memma mo, AWURADE anim ha wɔ Silo.

9Na mmarima no siim kɔe kɔfaa asase no so, na wɔkyerɛw no sɛnea nkurow no tetee nkyekyem ason de hyɛɛ nhoma bi so, na wɔsan baa Yosua nkyɛn Silo nsra mu.

10Na Yosua twee ntonto maa wɔn, AWURADE anim wɔ Silo, na Yosua kyɛɛ asase no mu wɔ hɔ maa Israelfo sɛ wɔn nkyekyem te.

11Na Benyaminfo abusuakuw ntonto bae sɛ wɔn mmusua te; na wɔn ntonto no hye fi Yuda mma ne Yosef mma ntam.

12Yos 7.2 Na wɔn benkum fam hye fi Yordan; na ɔhye no foro fa Yeriko nkyɛn mu benkum fam, na ɛforo kɔ bepɔw no so kɔ atɔe, na ano kodu Bet-awen sare so.

13Gye 12.8; 28.19 Na ɔhye no fi hɔ sen fa nifa fam kɔ Lus, wɔ Lus a ɛne Betel nkyɛn mu, na ɔhye no sian kɔ Atarot-adar, bepɔw a ɛda anafo Bet-horon nifa fam no so.

14Yos 15.6-9 Na ɔhye no hima na ɛkɔntɔn kɔ atɔe fam fa bepɔw a ɛda Bet-horon anim nifa fam no, na ano kodu Kiriat-baal a ɛne Kiriat-yearim, Yudafo kurow bi. Atɔe fam de ne no.

15Na nifa fam de fi Kiriat-yearim kurotia, na ɔhye no fi kɔ atɔe, na efi kɔ Neftoa asuti ho.

16Na ɔhye no sian kɔ bepɔw a ɛda Hinom ba bon anim a ɛwɔ Refaim bon mu benkum fam no ano noho, na esian Hinom bon no kɔ Yebusifo nifa fam nkyɛn mu, na esian kɔ En-rogel ho.

17Na ehima kɔ benkum fam, na efi kɔ En-semes, na efi kɔ Gelilot a ɛda Adumim aforoee no ntentenso, na esian kɔ Ruben ba Bohan bo no ho.

18Na etwam fa benkum fam nkyɛn mu Araba ntentenso, na esian kɔ Araba.

19Na ɔhye no twam kɔ Bet-hogla benkum fam nkyɛn mu, na ano kodu Nkyene-Po benkum fam dɔnnɔn no ho, Yordan nifa fam awiei. Eyi ne nifa fam hye.

20Na Yordan ne n’apuei fam hye. Eyi ne Benyaminfo agyapade sɛ n’ahye te hyia sɛ wɔn mmusua te.

21Na Benyaminfo abusuakuw, sɛ wɔn mmusua te no, nkurow ni: Yeriko, Bet-hogla ne Emek-kesis,

22Bet-araba, Semaraim ne Betel,

23Awim, Para ne Ofra,

24Kefar-amonai, Ofni ne Geba: Nkurow dumien ne ɛho nkuraa.

25Gibeon, Rama ne Beerot,

26Mispe, Kefira ne Mosa,

27ne Rekem ne Yirpeel ne Tarala,

28Yos 15.63; Ate 1.21 ne Sela, Haelef ne Yebus a ɛne Yerusalem, Gibeat, Kiriat: Nkurow dunan ne ɛho nkuraa. Eyi ne Benyaminfo no agyapade sɛ wɔn mmusua te.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help