1 Hes 16 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2Onipa ba, mmea baanu, ɛna biako mma, wɔ hɔ,
3na wɔbobɔɔ aguaman Misraim, wɔn mmabaabere mu na wɔbobɔɔ aguaman no; ɛhɔ na womiaa wɔn nufu, na ɛhɔ na wɔkekaa wɔn mmabaabere mu mpokua.
4Na wɔn din ne: Ɔpanyin no, Ohola, ase ne: Ne ntamadan, ne ne nua Oholiba, ase ne: Me ntamadan wɔ ne mu; na wɔyeyɛɛ me de, na wɔwoo mmabanin ne mmabea. Na wɔn din no: Samaria ne Ohola, na Yerusalem ne Oholiba.
5Na m’akyi Ohola bɔɔ aguaman na n’ani beree n’adɔfo, Asiriafo a wɔbae bɛbɛn no no ho.
6Wɔhyehyɛ bibitama ntade, amradofo ne mmakoma, mmerante a wɔn ho yɛ fɛ nko ara, wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so.
7Na ɔde n’aguamammɔ kɔɔ wɔn so, Asiriafo a wɔapaw wɔn no nyinaa, na ɔde wɔn a ne kɔn dɔ wɔn nyinaa, wɔn abosom nyinaa guu ne ho fi.
8Nanso n’aguamammɔ a ɔde fi Misraim no, wannyae, efisɛ wɔne no dae ne mmabaabere mu, na wɔkekaa ne mmabaabere mu mpokua, na wohwiee wɔn aguamammɔ guu no so.
9Ɛno nti mayi no mahyɛ n’adɔfo no nsa, Asiriafo a n’ani beree wɔn no nsa.
10Hes 23.29 Wɔn na woyii n’adagyaw so, wɔfaa ne mmabanin ne ne mmabea, na ɔno ankasa nso, wɔde nkrante kum no, na ɔyɛɛ ɔnakwa maa mmea, na wɔyɛɛ no n’atemmude.
11 Hes 16.51 Na ne nua Oholiba hui, nanso ɔmaa n’ani beree bere bɔne sen ɔno, na ɔmaa n’aguamammɔ sen ne nua no de.
12N’ani beree Asiriafo, amradofo ne mmakoma a wɔbae bɛbɛn no no, wɔhyehyɛ ntade a eye, wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, mmerante a wɔn ho yɛ fɛ ara nko.
13Na mihuu sɛ wagu ne ho fi; wɔn baanu nam ɔkwan koro so.
14Na ɔmaa n’aguamammɔ kɔɔ so; na ohuu mmarima a wɔakurukyerɛw wɔn ɔfasu ho, Kaldeafo mfonini a wɔde adukɔkɔɔ akurukyerɛw,
15wɔde abɔso abobɔ wɔn asen, de abotiri atenten abobɔ wɔn ti, sɛ Babelfo a wɔn awo asase ne Kaldea no te no.
16Ɛnna ɔde n’aniwa hwɛe no, n’ani beree wɔn, na ɔsomaa abɔfo kɔɔ wɔn nkyɛn Kaldea.
17Na Babelfo baa ne nkyɛn ne no bɛdae ɔdɔ so, na wɔde aguamammɔ guu ne ho fi; na ɔde wɔn guu ne ho fi no, ɔtetew ne kra fii wɔn ho.
18Na oyii n’aguamammɔ adi na oyii n’adagyaw so no, ɛnna me kra tew ne ho fii ne ho, sɛnea me kra tew ne ho fii ne nua no ho no.
19Na ɔmaa n’aguamammɔ no dɔɔso ara de kaee ne mmabaabere mu nna a ɔbɔɔ aguaman, Misraim asase so no.
20Na n’ani beree wɔn mpenafo a wɔn barima te sɛ mfurum de, na wɔn ahoboa te sɛ apɔnkɔ de no.
21Na wo kɔn dɔɔ wo mmabaabere mu aniwude, bere a wo mpokua nti Misraimfo miamiaa wo nufu no.
22Ɛno nti, Oholiba, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merehwanyan w’adɔfo mahyɛ wo, wɔn a wo kra atew ne ho afi wɔn ho no, na mahyia wɔn afi mmaa nyinaa aba wo so.
23Babelfo ne Kaldeafo nyinaa, Pekodfo, Soafo ne Koafo ne Asiriafo a wɔka wɔn ho nyinaa, mmerante a wɔn ho yɛ fɛ, amradofo ne mmakoma nyinaa, nnɔnkunini ne wɔn a wɔwɔ din, apɔnkɔsotefo ara nko,
24Luka 19.43 na wɔde akode ne nteaseɛnam ne nkyimii ne aman asafo bɛba wo so; ahokatade ne ɔkyɛm ne dade kyɛw na wɔde bɛka wo ahyɛ mu ahyia; na mede atemmu mesi wɔn anim, na wɔabu wo atɛn wɔn atemmu so.
25Na mede me ninkuntwe mɛsa wo, na wɔne wo adi no anibere so, wobetwitwa wo hwene ne w’aso, na wo mu nkae bɛtotɔ nkrante ano; wɔn na wɔbɛfa wo mmabanin ne wo mmabea akɔ, na wɔde ogya ahyew w’ade a ɛbɛka akyiri,
26na wɔbɛworɔw wo ho ntade, na wɔatase wo nnwinne afɛfɛ no.
27Na mɛma w’aniwude to atwa afi wo ho, ne w’aguamammɔ a efi Misraim asase so no, na woamma w’ani so ankyerɛ wɔn, na woankae Misraim bio.
28Na sɛɛ na AWURADE Nyankopɔn se: Hwɛ, mede wo mehyɛ wɔn a wotan wɔn no nsa ne wɔn a wo kra atew ne ho afi wɔn ho no nsa,
29na wɔne wo adi no ɔtan so, na wɔafa nea wobrɛ nyae no, na wɔagyaw wo, adagyaw mu ne kwaterekwa, na wɔayi w’aguamammɔ adagyaw so, ne w’aniwude ne w’aguamammɔde nyinaa so.
30Wɔbɛyɛ wo eyi, w’aguamammɔ a wode dii amanaman no akyi no nti, sɛ wode wɔn abosonhuhuw agu wo ho fi.
31Hes 23.33 Wo nuabea no kwan so na wonam, enti mede ne kuruwa mɛhyɛ wo nsa.
32Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:
Wo nuabea kuruwa
a emu dɔ na emu trɛw no na wobɛnom,
dodow a ebetumi adi no
bɛdan asereserede ne fɛwdi;
33 Yes 51.17; Yer 25.15, 18 Asabow ne awerɛhow,
ahodwiriw ne ahoyeraw kuruwa,
wo nuabea Samaria kuruwa no
bɛyɛ wo ma.
34Na wobɛnom, na wubefifew mu,
na wobɛwe ne fɛre,
na wubesunsuane wo nufu mu,
na me na maka,
AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
35Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ wo werɛ afi me, na woatow me akyene w’akyi nti, wo nso soa w’aniwude ne w’aguamammɔde no.
36Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, so wubebu Ohola ne Oholiba atɛn? Ɛnne kyerɛ wɔn wɔn akyide,
37Yer 7.31 sɛ wɔasɛe aware, na mogya wɔ wɔn nsam; na wɔn abosonhuhuw na wɔde asɛe aware, na wɔn mma a wɔwo maa me no nso, wɔama wɔafa ogya mu ama wɔn ma wɔadi.
38Bio eyi na wɔayɛ me, wɔagu me kronkronbea ho fi da no ara, na me home nna nso, wɔahura ho;
39na wokunkum wɔn mma ma wɔn abosonhuhuw a, wɔba me kronkronbea da no ara behura ho, na hwɛ, saa na wɔayɛ me fi no mu.
40Na mpo wɔsoma kohyiaa mmarima a wofi akyirikyiri bae, na wɔsomaa abɔfo kɔɔ wɔn nkyɛn, na hwɛ, wɔbae; wɔn na wuguaree wo ho maa wɔn de adubiri kekaa w’aniwa na wode ahyehyɛde hyehyɛɛ wo ho,
41na wotenaa nnae a anim yɛ duru so, na ɔpon a wɔatow si w’anim, na wode m’aduhuam ne me ngo sisii so.
42Na asafo yuu a wɔn ho atɔ wɔn gyegyeegye wɔ mu, na wɔde asabofo fi sare so bɛkaa mmarima a wofi nnipa dodow no mu no ho, na wɔde nkapo hyehyɛɛ wɔn nsa, na wɔde abotiri afɛfɛ bobɔɔ wɔn.
43Ɛnna mekae nea awaresɛe agurow no no ho sɛ: Afei wɔde n’aguamammɔ no ara bɛbɔ aguaman,
44na wɔkɔɔ ne nkyɛn sɛnea wɔkɔ ɔbea aguaman nkyɛn, saa na wɔkɔɔ Ohola ne Oholiba, mmea ahohorafo no nkyɛn.
45Lew 20.10 Na mmarima atreneefo na wɔde awaresɛefo atemmu ne mogyakagufo atemmu bebu wɔn atɛn, efisɛ wɔyɛ awaresɛefo, na mogya wɔ wɔn nsam.
46Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛma asafo bi atu aba wɔn so, na mayi wɔn mama ahoguan ne ɔfom,
47na asafo no asiw wɔn abo, na wɔde wɔn nkrante awowɔ wɔn; wobekunkum wɔn mmabanin ne wɔn mmabea, na wɔde ogya ahyew wɔn afi.
48Na metwa aniwudeyɛ mafi asase no so, na wɔde abɔ mmea nyinaa kɔkɔ, na wɔanyɛ sɛ mo ahohorade yi.
49Na wɔde mo ahohorade begu mo so, na moasoa mo abosonhuhuw no bɔne, na moahu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.